< ԵՐԿՐՈՐԴ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 13 >

1 Այս երրորդ անգամն է որ կու գամ ձեզի. ամէն խօսք պիտի հաստատուի երկու կամ երեք վկաներու բերանով:
Nsra a ɛto so abiɛsa a merebɛsra mo ni. Kyerɛwsɛm no ka se, “Adanse a nnipa baanu anaa baasa bedi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.”
2 Նախապէս ըսի, ու երկրորդ անգամ կանխաւ կ՚ըսեմ (որպէս թէ ներկայ ըլլամ). թէպէտ հիմա բացակայ եմ, կը գրեմ առաջուան մեղանչողներուն եւ բոլոր միւսներուն, որ եթէ դարձեալ գամ՝ պիտի չխնայեմ.
Bere a mebaa mo nkyɛn nea ɛto so abien no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu mprempren a minni mo nkyɛn yi. Sɛ mesan ba bio a, meremfa mo anaa nnipa afoforo bi a wɔayɛ bɔne no ho nkyɛ wɔn,
3 որովհետեւ ապացոյց կը փնտռէք թէ Քրիստոս կը խօսի ինձմով: Ան տկար չէ ձեզի հանդէպ, հապա հզօր է ձեր մէջ.
efisɛ mopɛ sɛ muhu nsɛnkyerɛnne bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom ɔwɔ tumi wɔ mo mu.
4 քանի որ՝ թէպէտ խաչուեցաւ տկարութեամբ՝ կ՚ապրի Աստուծոյ զօրութեամբ. մե՛նք ալ տկար ենք անով, բայց պիտի ապրինք անոր հետ՝ Աստուծոյ զօրութեամբ, ձեզի սպասարկելու համար:
Ɛwɔ mu sɛ mmerɛwyɛ mu na wɔbɔɔ no asennua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛw de, nanso ayɔnkofa a yɛne no wɔ nti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu.
5 Փորձեցէ՛ք դուք ձեզ՝ թէ հաւատքին մէ՛ջն էք. քննեցէ՛ք դուք ձեզ: Չէ՞ք գիտեր դուք ձեզմէ՝ թէ Յիսուս Քրիստոս ձեր մէջն է, եթէ խոտելի չըլլաք:
Monsɔ mo ho nhwɛ, na mummu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidi mu ana. Munim yiye sɛ Kristo Yesu te mo mu ana? Sɛ ɔnte mo mu a na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no.
6 Բայց կը յուսամ թէ պիտի գիտնաք՝ թէ մենք խոտելի չենք:
Minim yiye sɛ mubehu sɛ yɛanni nkogu.
7 Կ՚աղօթեմ Աստուծոյ՝ որ դուք ո՛չ մէկ չարիք ընէք. ո՛չ թէ՝ որպէսզի մենք գնահատելի երեւինք, հապա՝ որպէսզի դուք ընէք ինչ որ պարկեշտ է, թէեւ մենք խոտելի թուինք:
Afei yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ morenyɛ biribiara a enye. Yɛmpɛ sɛ nnipa behu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Mpo sɛ wohu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkogu wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, efisɛ yɛpɛ sɛ mobɛyɛ nea eye de adi nkonim.
8 Որովհետեւ ճշմարտութեան դէմ ոչինչ կրնանք ընել, հապա՝ ճշմարտութեան համար:
Yɛrentumi nsɔre ntia nokware, na mmom nokware nko ara na ɛsɛ sɛ yegyina ma no.
9 Քանի որ կ՚ուրախանանք՝ երբ մենք տկար ենք, իսկ դուք՝ զօրաւոր էք. սա՛ կ՚ըղձանք նաեւ - ձեր կատարելութիւնը:
Sɛ yehu sɛ yɛyɛ mmerɛw na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti yɛn nso yɛrebɔ mpae sɛ mobɛyɛ pɛ.
10 Ուստի կը գրեմ ձեզի այս բաները՝ բացակայ ըլլալով, որպէսզի երբ ներկայ ըլլամ՝ սաստկութեամբ չվարուիմ այն իրաւասութեան համեմատ, որ Տէրը տուաւ ինծի՝ շինելու, եւ ո՛չ թէ քանդելու համար:
Ɛno nti na merekyerɛw saa krataa yi abrɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ na, sɛ meba a merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na munyin na mo mu antetew no so ne mo nni no anibere so.
11 Վերջապէս, եղբայրնե՛ր, ո՛ղջ եղէք: Կատարեա՛լ եղէք, լա՛ւ մխիթարուեցէք, միաբա՛ն եղէք, խաղաղութեա՛մբ ապրեցէք. եւ սիրոյ ու խաղաղութեան Աստուածը ձեզի հետ պիտի ըլլայ:
Enti anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie mʼafotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.
12 Բարեւեցէ՛ք զիրար սուրբ համբոյրով.
Momfa onuadɔ nkyiakyia mo ho mo ho.
13 բոլոր սուրբերը կը բարեւեն ձեզ:
Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa kyiakyia mo.
14 Տէր Յիսուս Քրիստոսի շնորհքը, Աստուծոյ սէրը եւ Սուրբ Հոգիին հաղորդութիւնը ձեր բոլորին հետ: Ամէն:
Yɛn Awurade Yesu Kristo dom ne Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.

< ԵՐԿՐՈՐԴ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 13 >