< ԵՐԿՐՈՐԴ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 12 >

1 Պարծենալ՝ ի՛րապէս օգտակար չէ ինծի. սակայն պիտի գամ Տէրոջ տեսիլքներուն եւ յայտնութիւններուն:
Ɛwɔ mu sɛ ahohoahoa so nni mfaso biara de, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso afei mɛka anisoadehu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no.
2 Կը ճանչնամ մարդ մը Քրիստոսով՝ աւելի քան տասնչորս տարի առաջ. (արդեօք մարմինո՞վ էր, չեմ գիտեր. արդեօք մարմինէն դո՞ւրս էր, չեմ գիտեր. Աստուա՛ծ գիտէ.) այդպիսի մէկը յափշտակուեցաւ մինչեւ երրորդ երկինքը:
Minim Okristoni bi a mfe dunan ni biribi hwim no de no kɔɔ ɔsoro. Minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim.
3 Եւ գիտեմ թէ այդպիսի մարդ մը, (արդեօք մարմինո՞վ էր թէ մարմինէն դուրս էր, չեմ գիտեր, Աստուա՛ծ գիտէ, )
Miti mu. Minim sɛ wohwim saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio, minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim.
4 յափշտակուեցաւ դրախտը ու լսեց անճառելի խօսքեր, որոնց մասին մարդու մը համար արտօնուած չէ խօսիլ:
Na hɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yiye, nsɛm a wɔmma kwan mma wɔnka.
5 Ես պիտի պարծենամ այդպիսի մէկով. սակայն պիտի չպարծենամ ես ինձմով, բայց միայն իմ տկարութիւններովս:
Enti mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho, gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛw no ho.
6 Որովհետեւ՝ նոյնիսկ եթէ ուզեմ պարծենալ՝ անմիտ պիտի չըլլամ, քանի որ պիտի ըսեմ ճշմարտութիւնը. բայց կը խնայեմ խօսքս՝ որ ո՛չ մէկը իմ վրաս աւելի համարում ունենայ, քան ինչ որ կը տեսնէ իմ վրաս կամ կը լսէ իմ մասիս:
Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, efisɛ nokware ara na meka. Nanso merenhoahoa me ho, efisɛ mempɛ sɛ obiara bu me otitiriw sen sɛnea wahu na wate afi me nkyɛn no.
7 Եւ որպէսզի չափէն աւելի չպանծամ յայտնութիւններուն գերազանցութեամբ, մարմինի փուշ մը տրուեցաւ ինծի, Սատանայի պատգամաւոր մը՝ կռփահարելու համար զիս, որպէսզի չպանծամ չափէն աւելի:
Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwonwaso yi nti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam bɔfo ma ɔde honam mu yaw a emu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase.
8 Ասոր համար երեք անգամ աղաչեցի Տէրոջ, որ հեռանայ ինձմէ:
Mebɔɔ eyi ho mpae mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma emfi me so nkɔ.
9 Բայց ըսաւ ինծի. «Իմ շնորհքս կը բաւէ քեզի, որովհետեւ իմ զօրութիւնս կ՚իրագործուի տկարութեան մէջ»: Ուրեմն մեծ հաճոյքով պիտի պարծենամ առաւելապէս իմ տկարութիւններո՛վս, որպէսզի Քրիստոսի զօրութիւնը հանգչի իմ վրաս:
Ne mmuae a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na bere a woayɛ mmerɛw no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛwyɛ hoahoa me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte Kristo bammɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka.
10 Ուստի կը յօժարիմ տկարութիւններու, արհամարհանքներու, հարկադրանքներու, հալածանքներու եւ տագնապներու՝ Քրիստոսի համար, որովհետեւ երբ տկար եմ՝ ա՛յն ատեն զօրաւոր եմ:
Esiane Kristo nti, mepene mmerɛwyɛ, ɔyaw, amanehunu, ɔtaa ne akwanside so. Efisɛ me mmerɛwyɛ mu no na meyɛ den.
11 Ես անմիտ եղայ պարծենալով. դո՛ւք հարկադրեցիք զիս. որովհետեւ ե՛ս պարտաւոր էի յանձնարարուած ըլլալ ձեզմէ, քանի որ ոչինչո՛վ ետ կը մնամ գերագոյն առաքեալներէն, թէպէտ ես ոչինչ եմ:
Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mugye me to mu. Na sɛ menyɛ hwee a, ɔkwan biara so no, mennyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsen “Asomafo” a mubu wɔn no.
12 Ի՛րապէս առաքեալի մը նշանները գործուեցան ձեր մէջ՝ ամբողջ համբերութեամբ, նշաններով, սքանչելիքներով եւ հրաշքներով:
Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafo.
13 Որովհետեւ ինչո՞վ ետ մնացիք միւս եկեղեցիներէն, բացի անով՝ որ ես բեռ չեղայ ձեզի: Ներեցէ՛ք ինծի այս անիրաւութիւնը:
Dwumadi no bi yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade. Dɛn na ɛma moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, efisɛ mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo, momfa saa mfomso no nkyɛ me.
14 Ահա՛ այս երրորդ անգամն է որ պատրաստ եմ գալու ձեզի. բայց բեռ պիտի չըլլամ ձեզի, որովհետեւ կը փնտռեմ ո՛չ թէ ձեր ունեցածը, հապա՝ ձե՛զ: Քանի որ զաւակները պարտաւոր չեն գանձ դիզել ծնողներուն համար, հապա ծնողնե՛րը՝ զաւակներուն համար:
Afei masiesie me ho sɛ merebɛsra mo nea ɛto so mpɛn abiɛsa, na merenyɛ adesoa mma mo. Mo na mo ho hia me na ɛnyɛ mo ahode. Na mpo mmofra nkora ade mma awofo, awofo mmom na wɔkora ade ma mmofra.
15 Ու ես մեծ հաճոյքով պիտի ծախսեմ եւ ծախսուիմ ալ ձեզի համար, թէեւ նուազ սիրուիմ ձեզմէ՝ մինչ շա՛տ աւելի կը սիրեմ ձեզ:
Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo nti, mɛhwere nea mewɔ ne mʼadagyew de aboa mo. Sɛ medɔ mo yiye a, mo dɔ a mowɔ ma me no so bɛtew ana?
16 Սակայն ա՛յդպէս թող ըլլայ, ես ձեզ չծանրաբեռնեցի. բայց թերեւս մէկը ըսէ թէ խորամանկ ըլլալով՝ նենգութեամբ բռնեցի ձեզ:
Mobɛte ase sɛ na menyɛ adesoa mma mo. Nanso obi bɛka se, meyɛ ɔdaadaafo a mede nnaadaa na eyii mo.
17 Միթէ ձեզ կեղեքեցի՞ ոեւէ մէկուն միջոցով՝ որ ղրկեցի ձեզի:
Ɔkwan bɛn so? Menam abɔfo a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo ana?
18 Աղաչեցի Տիտոսի, ու եղբայր մը ղրկեցի անոր հետ. միթէ Տիտոս կեղեքե՞ց ձեզ: Մենք նոյն հոգիով չընթացա՞նք, նոյն հետքերով չքալեցի՞նք:
Mesomaa Tito se ɔnkɔ, na mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo ana? So na ɔno ne me nyinaa mfi Honhom koro mu ntu anammɔn koro ana?
19 Դարձեալ՝ կը կարծէ՞ք թէ մենք մեզ կը ջատագովենք ձեր առջեւ: Մենք Քրիստոսո՛վ կը խօսինք՝ Աստուծո՛յ առջեւ. բայց ամէն բան կ՚ընենք, սիրելիներ, ձեր շինութեան համար:
So mususuw daa sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tetew yɛn ho wɔ mo anim ana? Yɛkasa sɛnea Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de hyɛ mo den.
20 Որովհետեւ կը վախնամ որ երբ գամ՝ գուցէ չգտնեմ ձեզ ուզածիս պէս, ու ես ալ՝ ձեզի համար՝ գտնուիմ ձեր չուզածին պէս. թերեւս ձեր մէջ ըլլան հակամարտութիւններ, նախանձներ, զայրոյթներ, հակառակութիւններ, բամբասանքներ, բանսարկութիւններ, յոխորտանքներ, խառնակութիւններ:
Misuro sɛ midu hɔ a sɛnea anka mepɛ sɛ mihu mo no, merenhu mo saa. Saa ara nso na sɛnea anka mopɛ sɛ muhu me no, morenhu me saa. Minim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibere, abufuw ne pɛsɛmenkominya, ɔyaw ne nseku, ahantan ne basabasayɛ no.
21 Թերեւս երբ դարձեալ գամ՝ իմ Աստուածս նուաստացնէ զիս ձեր քով, ու սգամ շատերուն համար՝ որ նախապէս մեղանչած են բայց ապաշխարած չեն իրենց գործած անմաքրութենէն, պոռնկութենէն ու ցոփութենէն:
Misuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn begu mʼanim ase wɔ mo anim na mesu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dedaw na wonnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne aguamammɔ ho no.

< ԵՐԿՐՈՐԴ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 12 >