< ԱՌԱՋԻՆ ԹԵՍԱՂՈՆԻԿԵՑԻՍ 4 >

1 Ուրեմն, եղբայրնե՛ր, կը թախանձենք ձեզի ու կը յորդորենք ձեզ Տէր Յիսուսով, որպէսզի՝ ինչպէս ընդունեցիք մեզմէ թէ ի՛նչպէս պէտք է ընթանաք եւ հաճեցնէք Աստուած՝ ա՛լ աւելի ճոխանաք անոր մէջ,
Anuanom, asɛm a ɛtwa toɔ ne sɛ, mosuaa kwan pa a ɛsɛ sɛ mofa so tena ase a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. Na saa pɛpɛɛpɛ na morebɔ mo bra. Enti, yɛde yɛn Awurade Yesu din srɛ, hyɛ mo sɛ, monyɛ mma ɛmmoro deɛ moreyɛ seesei no so.
2 քանի որ գիտէք թէ ի՛նչ պատուէրներ տուինք ձեզի՝ Տէր Յիսուսով:
Monim nkyerɛkyerɛ a ɛnam Awurade Yesu tumi enti, yɛtumi kyerɛkyerɛɛ mo.
3 Որովհետեւ Աստուծոյ կամքը՝ ձեր սրբացումն է, որ ետ կենաք պոռնկութենէ,
Yei yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho firi adwamammɔ ho.
4 ու ձեզմէ իւրաքանչիւրը գիտնայ իր անօթին տիրանալ սրբութեամբ եւ պատիւով.
Ɛsɛ sɛ mosua sɛdeɛ mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronnyɛ ne animuonyam so.
5 ո՛չ թէ ցանկութեան կիրքով, ինչպէս հեթանոսները՝ որ չեն ճանչնար Աստուած:
Monntena ase akɔnnɔ anibereɛ so te sɛ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn.
6 Ո՛չ մէկը թող չափազանցէ այդ բանին՝՝ մէջ ու կեղեքէ իր եղբայրը, քանի որ Տէրը վրէժխնդիր է այդ բոլորին համար, ինչպէս մենք ալ նախապէս ըսինք ձեզի եւ վկայեցինք.
Onyankopɔn akyiwadeɛ no bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mo mu biara sisi ne yɔnko na ɔgye ne yere, ɛfiri sɛ, sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn bɛtwe nʼaso dendeenden sɛdeɛ yɛadi ɛkan abɔ mo kɔkɔ no.
7 որովհետեւ Աստուած կանչեց մեզ ո՛չ թէ անմաքրութեան, հապա՝ սրբութեան:
Onyankopɔn amfrɛ yɛn sɛ yɛmmɛbɔ adwaman, na mmom, ɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛntena ase ahoteɛ mu.
8 Ուստի ա՛ն որ կ՚անարգէ՝ կ՚անարգէ ո՛չ թէ մարդ մը, հապա Աստուած՝ որ իր Սուրբ Հոգին ալ տուաւ մեզի:
Ɛno enti, obiara a ɔbɛpo nkyerɛkyerɛ no ntia onipa, na mmom, ɔtia Onyankopɔn a ɔma mo Honhom Kronkron no.
9 Իսկ եղբայրսիրութեան մասին պէտք չունիք որ գրեմ ձեզի, որովհետեւ դուք արդէն Աստուծմէ սորված էք սիրել զիրար,
Ɛho nhia sɛ mɛtwerɛ mo afa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ modɔ mo nuanom asuafoɔ no ho. Onyankopɔn akyerɛ mo ankasa ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so dodɔ mo ho mo ho.
10 եւ արդարեւ ատիկա կ՚ընէք ամբողջ Մակեդոնիայի մէջ եղող բոլոր եղբայրներուն հանդէպ: Սակայն կ՚աղաչե՛նք ձեզի, եղբայրնե՛ր, որ ա՛լ աւելի ճոխանաք,
Na moada saa ɔdɔ no adi pɛpɛɛpɛ akyerɛ anuanom a wɔwɔ Makedonia no nyinaa. Nanso, anuanom, yɛsrɛ mo sɛ monkɔ so nnodɔ mo ho mo ho mma ɛmmoro saa.
11 ու պատի՛ւ համարէք հանդարտ կենալ, ձեր գործերով զբաղիլ եւ ձեր ձեռքերով աշխատիլ, (ինչպէս պատուիրեցինք ձեզի, )
Momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhoma sɛdeɛ yɛaka akyerɛ mo dada no.
12 որպէսզի դուրսիններուն հետ վարուիք վայելչութեամբ ու ո՛չ մէկ բանի՝՝ պէտք ունենաք:
Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafoɔ no afɛre mo na moremmisa deɛ ɛhia mo nso mfiri obiara nkyɛn.
13 Եղբայրնե՛ր, չենք ուզեր որ անգէտ ըլլաք ննջեցեալներուն մասին, որպէսզի չտրտմիք ինչպէս ուրիշները՝ որ յոյս չունին:
Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokorɛ a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, morenni ho awerɛhoɔ te sɛ wɔn a wɔnni anidasoɔ no.
14 Արդարեւ եթէ կը հաւատանք թէ Յիսուս մեռաւ եւ յարութիւն առաւ, նոյնպէս ալ հաւատանք թէ Աստուած պիտի բերէ Յիսուսով ննջողները՝ անոր հետ:
Yɛgye di sɛ Yesu wuiɛ, na ɔsɔree bio. Enti sɛ Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wɔnyaa ne mu gyidie ansa na wɔrewuo no bɛka ne ho aba.
15 Որովհետեւ սա՛ կը յայտարարենք ձեզի՝ Տէրոջ խօսքով, թէ մենք՝ մինչեւ Տէրոջ գալուստը ողջ մնացողներս՝ բնա՛ւ պիտի չկանխենք ննջեցեալները:
Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne sɛ, ɛda a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufoɔ no anim ɛkan.
16 Քանի որ նոյնինքն Տէրը պիտի իջնէ երկինքէն՝ ազդարարութեան հրամանով, հրեշտակապետին ձայնով եւ Աստուծոյ փողով, ու նախ Քրիստոսով մեռածնե՛րը յարութիւն պիտի առնեն:
Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano yɛ den, ɔbɔfoɔ panin nteamu ne Onyankopɔn totorobɛnto nnyegyeeɛ firi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kane,
17 Ապա մենք, ողջ մնացողներս, անոնց հետ պիտի յափշտակուինք ամպերով՝ Տէրը դիմաւորելու օդին մէջ, եւ այդպէս Տէրոջ հետ պիտի ըլլանք յաւիտեան:
na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase ɛberɛ no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ ewiem. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.
18 Հետեւաբար մխիթարեցէ՛ք զիրար այս խօսքերով:
Enti, momfa saa asɛm yi nkyekyere obiara werɛ.

< ԱՌԱՋԻՆ ԹԵՍԱՂՈՆԻԿԵՑԻՍ 4 >