< ԱՌԱՋԻՆ ԹԵՍԱՂՈՆԻԿԵՑԻՍ 3 >

1 Ուստի, չկարենալով ա՛լ աւելի դիմանալ, յօժարեցանք առանձին մնալ Աթէնք,
Akyiri yi a yehuu sɛ yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛtena Atene.
2 եւ ղրկեցինք Տիմոթէո՛սը - մեր եղբայրը, Աստուծոյ սպասարկուն ու մեր գործակիցը Քրիստոսի աւետարանին մէջ -, ամրացնելու ձեզ եւ յորդորելու ձեր հաւատքին մէջ.
Enti yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa nhyɛ mo gyidi den,
3 որպէսզի այս տառապանքներուն մէջ ձեզմէ ո՛չ մէկը խախտի, որովհետեւ դուք ձեզմէ գիտէք թէ մենք սահմանուած ենք ատոնց համար:
sɛnea ɛbɛyɛ a ɔtaa no nti mo mu biara remmɔ hu. Mo ara munim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn.
4 Քանի որ երբ մենք ձեր քով էինք, կանխաւ կ՚ըսէինք ձեզի թէ տառապանքներ պիտի կրենք, ինչպէս եղաւ ալ ու դուք գիտէք:
Bere a na yɛne mo wɔ hɔ no, yedii kan ka kyerɛɛ mo se wɔbɛtaa yɛn; na sɛnea munim no na aba mu saa pɛpɛɛpɛ no.
5 Հետեւաբար ես ալ, չկարենալով աւելի դիմանալ, մարդ ղրկեցի՝ գիտնալու ձեր հաւատքը, թէ արդեօք Փորձիչը փորձա՛ծ է ձեզ, ու մեր աշխատանքը ընդունայն եղա՛ծ է:
Eyi nti esiane sɛ na asɛm no hyɛ me so nti, mesomaa Timoteo se ɔmmɛhwɛ sɛnea mo gyidi te. Mewɔ anidaso sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma a yɛadi no nyinaa anyɛ ɔkwa.
6 Բայց հիմա Տիմոթէոս ձեզմէ եկաւ մեզի եւ ձեր հաւատքին ու սիրոյն աւետիսը տուաւ մեզի, եւ ըսաւ թէ ամէն ատեն լաւ յիշատակ ունիք մեզմէ՝ տենչալով տեսնել մեզ, ինչպէս մենք ալ՝ ձեզ:
Afei, Timoteo afi mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidi ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn se, daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ muhu yɛn, sɛnea yɛn nso yɛpɛ sɛ yehu mo no ara pɛ.
7 Հետեւաբար, եղբայրնե՛ր, ձեր մասին մխիթարուեցանք մեր բոլոր տառապանքներուն ու հարկադրանքներուն մէջ՝ ձեր հաւատքով.
Enti yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran,
8 որովհետեւ հիմա մենք կ՚ապրինք՝ եթէ դուք հաստատուն կենաք Տէրոջմով:
efisɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yetumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu.
9 Քանի որ ի՞նչպէս կրնանք շնորհակալ ըլլալ Աստուծմէ՝ ձեզի համար, այն ամբողջ ուրախութեան համար՝ որ ձեր պատճառով կ՚ուրախացնէ մեզ մեր Աստուծոյն առջեւ.
Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo nti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛw yɛn wɔ nʼanim.
10 գիշեր ու ցերեկ չափազանց կ՚աղերսենք, որպէսզի տեսնենք ձեր երեսը եւ լրացնենք ինչ որ կը պակսի ձեր հաւատքին:
Daa awia ne anadwo, yefi yɛn koma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo nea ehia mo wɔ mo gyidi mu.
11 Նոյնինքն Աստուած՝ մեր Հայրը, ու մեր Տէրը՝ Յիսուս Քրիստոս, թող ուղղեն մեր ճամբան դէպի ձեզ:
Ɔno ara yɛn Nyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie ɔkwan na yɛmmra mo nkyɛn.
12 Տէրը թող աճեցնէ եւ առատացնէ ձեր սէրը իրարու հանդէպ ու բոլորին հանդէպ, ինչպէս մենք ունինք ձեզի հանդէպ,
Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho ne afoforo mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no.
13 որպէսզի ամրացնէ ձեր սիրտերը՝ սրբութեան մէջ անմեղադրելի ըլլալու Աստուծոյ եւ մեր Հօր առջեւ, մեր Տէրոջ՝ Յիսուս Քրիստոսի գալուստին ատենը՝ իր բոլոր սուրբերուն հետ:
Mebɔ mpae sɛ Awurade ne ne nkurɔfo nyinaa ba a, ɔbɛma mo koma mu ayɛ kronkron a nkekae biara nni mu wɔ Agya Nyankopɔn anim.

< ԱՌԱՋԻՆ ԹԵՍԱՂՈՆԻԿԵՑԻՍ 3 >