< ԱՌԱՋԻՆ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 4 >

1 Մարդիկ թող սեպեն մեզ՝ որպէս Քրիստոսի սպասաւորներն ու Աստուծոյ խորհուրդներուն տնտեսները:
Ɛsɛ sɛ mubu yɛn sɛ Kristo asomfo a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a ɛyɛ nokware no ahyɛ yɛn nsa.
2 Իսկ տնտեսէ մը կը պահանջուի որ հաւատարիմ գտնուի:
Ade baako a wɔrehwehwɛ afi onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ obedi ne wura no nokware.
3 Բայց ինծի համար չնչին բան է որ դատուիմ ձեզմէ, կամ մարդոց դատաստանէն. նոյնիսկ ե՛ս չեմ դատեր զիս.
Sɛ mo anaa onipa bi bu me atɛn mprempren a, ɛmfa me ho. Mʼankasa nso mimmu me ho atɛn.
4 (որովհետեւ ես ոչինչո՛վ գիտակից եմ իմ մասիս. բայց ո՛չ թէ ասով կ՚արդարանամ.) հապա զիս դատողը՝ Տէ՛րն է:
Mʼadwene mu yɛ fann, nanso ɛno nkyerɛ sɛ midi bem fitaa. Awurade nko ara na obu me atɛn.
5 Հետեւաբար ատենէն առաջ մի՛ դատէք՝ մինչեւ որ Տէրը գայ. ի՛նք պիտի լուսաւորէ խաւարին գաղտնիքը ու երեւան պիտի հանէ սիրտերուն ծրագիրները, եւ ա՛յն ատեն իւրաքանչիւրը գովեստ պիտի ունենայ Աստուծմէ:
Enti ɛnsɛ sɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kosi sɛ bere a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wobebu atɛn a etwa to. Ɔbɛda nea ahintaw wɔ sum mu no adi na wada nea ahintaw wɔ nnipa koma mu no nso adi. Na onipa biara anya nʼayeyi afi Onyankopɔn hɔ.
6 Այս բաները, եղբայրնե՛ր, օրինակով մը կիրարկեցի՝՝ ինծի եւ Ապողոսի՝ ձեզի՛ համար, որ դուք մեզմով սորվիք գրուածէն աւելի բան մը չմտածել մարդոց մասին, որպէսզի ձեզմէ ո՛չ մէկը հպարտանայ մէկուն համար ուրիշի մը դէմ:
Anuanom, mo nti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛso, sɛnea ɛbɛma mo osuahu a ɛka se, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na obu ɔfoforo nso onipa teta.
7 Որովհետեւ ո՞վ է ան՝ որ տարբեր կ՚ընէ քեզ ուրիշներէն, եւ ի՞նչ ունիս՝ որ չես ստացած. ու եթէ ստացար, ինչո՞ւ կը պարծենաս՝ իբր թէ ստացած չըլլաս:
Hena na ɔka kyerɛɛ wo se wokorɔn sen afoforo? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn nti na wode hoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ akyɛde?
8 Արդէն յագեցած էք, արդէն հարուստ էք, առանց մեզի թագաւորեցիք. ու երանի՜ թէ թագաւորէիք, որպէսզի մենք ալ թագաւորէինք ձեզի հետ,
Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dedaw! Moyɛ adefo dedaw. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokware, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho.
9 քանի որ կը կարծեմ թէ Աստուած յետիններ ըրաւ մեզ՝ առաքեալներս, մահապարտներու պէս. որովհետեւ տեսարան եղանք աշխարհին, հրեշտակներուն ու մարդոց:
Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafo yi de, Onyankopɔn de yɛn atwa to sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ bagua mu sɛ nnipa ne wiase abɔfo nyinaa nhwɛ.
10 Մենք յիմարներ ենք Քրիստոսի համար, իսկ դուք՝ իմաստուններ Քրիստոսով: Մենք՝ տկար, բայց դուք՝ ուժեղ: Դուք՝ փառաւորուած, իսկ մենք՝ անպատուուած:
Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo, nanso moyɛ anyansafo wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛw, nanso moyɛ den. Wommu yɛn, nanso wobu mo.
11 Մինչեւ այս ժամը թէ՛ կ՚անօթենանք, թէ՛ կը ծարաւնանք, թէ՛ մերկ կը մնանք, թէ՛ կը կռփահարուինք, թէ՛ որոշ բնակավայր չունինք,
Ebesi saa bere yi mu ɔkɔm ne osukɔm de yɛn. Yefura ntamagow; wɔhwe yɛn; yedi atutena;
12 թէ՛ ալ կը տքնինք՝ մեր ձեռքերով գործելով: Երբ մեզ հեգնեն՝ կ՚օրհնենք. երբ հալածեն՝ կը հանդուրժենք.
yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yehyira; wɔhwe yɛn a yegyina ano.
13 երբ հայհոյեն՝ կ՚աղաչենք: Աշխարհի աղտեղութիւնը դարձանք, բոլորին աւելցուքը՝ մինչեւ հիմա:
Wɔyaw yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ wiase yi mu wura bi a yɛnka hwee de besi nnɛ.
14 Այս բաները կը գրեմ՝ ո՛չ թէ ձեզ ամչցնելու համար, հապա կը խրատեմ ձեզ՝ սիրելի զաւակներուս պէս:
Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ migu mo anim ase nti na mekyerɛw saa nhoma yi brɛɛ mo. Na mmom mepɛ sɛ mekyerɛ mo ɔkwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn.
15 Որովհետեւ՝ նոյնիսկ եթէ դուք տասը հազար վարժապետներ ունենաք Քրիստոսով, ո՛չ թէ շատ հայրեր ունիք. քանի որ Քրիստոս Յիսուսով ե՛ս ծնայ ձեզ՝ աւետարանին միջոցով:
Na sɛ mowɔ ahwɛfo mpem du mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya.
16 Ուրեմն կ՚աղաչե՛մ ձեզի, նմանեցէ՛ք ինծի:
Mesrɛ mo sɛ munsuasua me.
17 Ասոր համար ձեզի ղրկեցի Տիմոթէոսը, որ սիրելի զաւակս է, ու հաւատարիմ է Տէրոջմով. ան պիտի վերյիշեցնէ ձեզի իմ ճամբաներս՝ որ Քրիստոսի մէջ են, ինչպէս ամէնուրեք բոլոր եկեղեցիներուն մէջ կը սորվեցնեմ:
Ɛnam eyi so nti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔba a odi me nokware wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforo a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no mu.
18 Ոմանք հպարտացան, որպէս թէ ես պիտի չգամ ձեզի:
Mo mu bi ayɛ ahantan, susuw sɛ meremmɛsra mo.
19 Բայց շուտով պիտի գամ ձեզի, եթէ Տէրը կամենայ, եւ պիտի հասկնամ ո՛չ թէ հպարտացողներուն խօսքերը, հապա զօրութիւնը:
Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfo yi betumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no.
20 Որովհետեւ Աստուծոյ թագաւորութիւնը ո՛չ թէ խօսքով է, հապա զօրութեամբ:
Onyankopɔn Ahenni no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi.
21 Ի՞նչպէս կ՚ուզէք. գաւազանո՞վ գամ ձեզի, թէ սիրով եւ հեզութեան հոգիով:
Emu nea ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa koma a ɔdɔ wɔ mu na ebu ade na memfa mmra mo nkyɛn?

< ԱՌԱՋԻՆ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 4 >