< ԱՌԱՋԻՆ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 11 >

1 Ինծի՛ նմանեցէք, ինչպէս ես ալ՝ Քրիստոսի:
Monsua me sɛdeɛ mesua Kristo no.
2 Կը գովեմ ձեզ, եղբայրնե՛ր, որ ամէն բանի մէջ կը յիշէք զիս ու կը պահէք սորվեցուցածներս՝ ինչպէս ես աւանդեցի ձեզի:
Mekamfo mo, ɛfiri sɛ, ɛberɛ biara, mokae me di me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛɛ mo no so.
3 Բայց կ՚ուզեմ որ գիտնաք թէ ամէն այր մարդու գլուխը Քրիստոսն է, ու կնոջ գլուխը՝ այր մարդը, եւ Քրիստոսի գլուխը՝ Աստուած:
Na mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, ɔbarima tiri ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbaa tiri, nanso Kristo tiri ne Onyankopɔn.
4 Ամէն այր մարդ՝ որ կ՚աղօթէ կամ կը մարգարէանայ ծածկուած գլուխով, կ՚անպատուէ իր գլուխը:
Enti, ɔbarima biara a ɔkata ne tiri so bɔ mpaeɛ anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no gu Kristo anim ase.
5 Իսկ ամէն կին՝ որ կ՚աղօթէ կամ կը մարգարէանայ չծածկուած գլուխով, կ՚անպատուէ իր գլուխը. քանի որ միեւնոյնն է՝ որպէս թէ ածիլուած ըլլար:
Na ɔbaa a ɔnkata ne tiri so na ɔbɔ mpaeɛ ka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no nso gu ne kunu anim ase. Nsonsonoeɛ biara nna ɔne ɔbaa a wayi ne tirinwi no ntam.
6 Որովհետեւ եթէ կինը չի ծածկուիր, թող կտրէ իր մազերն ալ. իսկ եթէ ամօթ է կնոջ մը՝ իր մազերը կտրելը կամ ածիլուիլը, թող ծածկուի:
Sɛ ɔbaa no nkata ne tiri so a, ɛsɛ sɛ ɔtwitwa ne tirinwi gu. Esiane sɛ ɛyɛ animguaseɛ sɛ ɔbaa bɛyi ne tirinwi anaa ɔbɛtwitwa agu no enti, ɛsɛ sɛ ɔkata so.
7 Արդարեւ այր մարդը պարտաւոր չէ ծածկել գլուխը, քանի որ Աստուծոյ պատկերն ու փառքն է. բայց կինը՝ մարդո՛ւն փառքն է:
Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne tiri so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn animuonyam ne ne sɛso
8 Որովհետեւ ո՛չ թէ այր մարդը կնոջմէն է, հապա՝ կինը այր մարդէն.
na wɔammɔ ɔbarima amfiri ɔbaa mu, na mmom, wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu.
9 ո՛չ ալ այր մարդը ստեղծուեցաւ կնոջ համար, հապա՝ կինը մարդուն համար:
Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbaa enti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbaa deɛ, ɔbarima enti na wɔbɔɔ no.
10 Հետեւաբար կինը պարտաւոր է շուք դնել իր գլուխին՝ հրեշտակներուն պատճառով:
Esiane saa asɛm yi ne abɔfoɔ no enti, ɛsɛ sɛ ɔbaa nya nkatasoɔ bi wɔ ne tiri so, de kyerɛ sɛ ɔhyɛ tumi bi ase.
11 Սակայն ո՛չ այր մարդը առանց կնոջ է, ո՛չ ալ կինը առանց այր մարդու՝ Տէրոջմով:
Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbaa nne ne ho ɛnna ɔbarima nso nne ne ho.
12 Որովհետեւ ինչպէս կինը այր մարդէն է, նոյնպէս ալ այր մարդը կնոջ միջոցով. բայց ամէն բան՝ Աստուծմէ:
Na sɛdeɛ wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbaa woo ɔbarima, na biribiara nso firi Onyankopɔn.
13 Դո՛ւք ձեզմէ դատեցէք. պատշա՞ճ է որ կին մը աղօթէ Աստուծոյ՝ չծածկուած գլուխով:
Ɛyɛ sɛ ɔbaa bɛbɔ mpaeɛ afrɛ Onyankopɔn wɔ badwa mu a biribiara nkata ne tiri so anaa? Mo ara mommua mfa.
14 Նոյնինքն բնութիւնն ալ չի՞ սորվեցներ ձեզի, թէ այր մարդ մը եթէ երկար մազեր ունի, ատիկա անպատուութիւն է իրեն:
Ɛnyɛ saa abɔdeɛ korɔ no ara na ɛka sɛ, sɛ ɔbarima tiri fu bebree a, ɛyɛ animguaseɛ ma no no?
15 Իսկ կին մը եթէ երկար մազեր ունի, ատիկա փառք է իրեն. որովհետեւ մազերը ծածկոցի տեղ տրուած են իրեն:
Nanso, sɛ ɔbaa deɛ, ne tiri fu pii a, ɛyɛ animuonyam ma no no? Wɔama no nwi pii sɛ akatasoɔ.
16 Սակայն եթէ մէկուն յարմար թուի հակառակիլ, ո՛չ մենք այդպիսի սովորութիւն ունինք, ո՛չ ալ Աստուծոյ եկեղեցիները:
Nanso, sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ho akyinnyeɛ a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni ɛkwan foforɔ biara a wɔfa so som.
17 Բայց ասիկա պատուիրելով՝ չեմ գովեր ձեզ, որովհետեւ ձեր համախմբումը ո՛չ թէ աւելի լաւ՝ հապա աւելի գէշ արդիւնք կ՚ունենայ.
Nhyehyɛeɛ a ɛdidi so yi a mereka akyerɛ mo yi, menkamfo mo, ɛfiri sɛ, mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom.
18 քանի որ նախ՝ երբ կը համախմբուիք եկեղեցիին մէջ, կը լսեմ թէ պառակտումներ կ՚ըլլան ձեր մէջ, եւ մասամբ կը հաւատամ:
Deɛ ɛdi ɛkan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asie wɔ mo nhyiamu mu na megye di sɛ nokorɛ kakra wɔ mu.
19 Արդարեւ պէտք է որ հերձուածներ ալ ըլլան ձեր մէջ, որպէսզի երեւան ելլեն անո՛նք՝ որ գնահատելի են ձեր մէջ:
Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛdeɛ nokorɛ bɛda adi.
20 Ուրեմն երբ դուք կը համախմբուիք տեղ մը, ատիկա Տէրոջ ընթրիքը ուտել չէ.
Sɛ mohyia sɛ kuo a, momma sɛ morebɛdi Awurade Adidi no.
21 որովհետեւ՝ ուտելու ատեն՝ իւրաքանչիւրը նախ կ՚ուտէ իր ընթրիքը. մէկը անօթի կը մնայ, իսկ միւսը կ՚արբենայ:
Na mogu so redidi no, obiara di nʼaduane wɔ ɛberɛ a ɛkɔm de ebinom na afoforɔ nso aboboro nsã.
22 Միթէ տուն չունի՞ք՝ ուտելու եւ խմելու համար. կամ կ՚արհամարհէ՞ք Աստուծոյ եկեղեցին, եւ կ՚ամչցնէք չքաւորները: Ի՞նչ ըսեմ ձեզի, գովե՞մ ձեզ այս բանին համար. չեմ գովեր:
Mo ara monni afie a modidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mogu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a adeɛ ahia wɔn no anim ase? Ɛdeɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!
23 Արդարեւ ես Տէրոջմէն ընդունեցի զայն՝ որ ձեզի ալ աւանդեցի, թէ Տէր Յիսուս՝ իր մատնուած գիշերը՝ հաց առաւ,
Awurade nkyɛn na menya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no sɛ, Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa burodo
24 ու շնորհակալ ըլլալէ ետք՝ կտրեց եւ ըսաւ. «Առէ՛ք ու կերէ՛ք, ա՛յս է իմ մարմինս՝ որ կը կտրուի ձեզի համար. ըրէ՛ք ասիկա՝ իմ յիշատակիս համար»:
na ɔdaa Onyankopɔn ase no, ɔbuu mu kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede ma mo. Monyɛ yei mfa nkae me.”
25 Նոյնպէս ալ՝ ընթրիքէն ետք՝ բաժակը առաւ ու ըսաւ. «Այս բաժակը նո՛ր ուխտն է՝ իմ արիւնովս. ըրէ՛ք ասիկա՝ քանի՛ անգամ որ խմէք՝ իմ յիշատակիս համար:
Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkaa sɛ, “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforɔ a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Ɛberɛ biara a mobɛnom no, momfa nkae me.”
26 Որովհետեւ քանի անգամ որ ուտէք այս հացը եւ խմէք այս բաժակը, Տէրոջ մահը կը պատմէք՝ մինչեւ որ ինք գայ»:
Ɛberɛ biara a mobɛdi burodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi sɛ ɔbɛba.
27 Հետեւաբար ո՛վ որ ուտէ այս հացը կամ խմէ Տէրոջ բաժակը անարժանաբար, պարտապան պիտի ըլլայ Տէրոջ մարմինին եւ արիւնին:
Ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi di Awurade burodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɛkwan a ɛmfata so a, ɔdi Awurade onipadua ne ne mogya no ho fɔ.
28 Ուրեմն իւրաքանչիւրը թող քննէ ինքզինք, ու ա՛յդպէս ուտէ հացէն եւ խմէ բաժակէն:
Enti ansa na obiara bɛdi burodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ.
29 Որովհետեւ ա՛ն որ կ՚ուտէ ու կը խմէ անարժանաբար, կ՚ուտէ ու կը խմէ ինքնիր դատապարտութիւնը, քանի որ չի զատորոշեր Տէրոջ մարմինը:
Na sɛ wammu Awurade onipadua no na ɔdi nom firi kuruwa no mu a, ɔdi nom de atemmuo ba nʼankasa so.
30 Այս պատճառով շատեր ձեր մէջ տկար եւ հիւանդ են, ու շատեր ալ կը ննջեն:
Ɛno enti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛ na mo mu pii awuwu no.
31 Որովհետեւ եթէ մենք մեզ դատէինք՝ չէինք դատուեր:
Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmuo mu.
32 Իսկ երբ կը դատուինք՝ կը պատժուինք Տէրոջմէն, որպէսզի չդատապարտուինք աշխարհի հետ:
Nanso, Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛdeɛ ɔremmu yɛne ewiase nyinaa fɔ.
33 Հետեւաբար, եղբայրնե՛րս, երբ կը համախմբուիք ուտելու համար՝ սպասեցէ՛ք իրարու:
Ɛno enti, me nuanom, sɛ mohyia sɛ morekɔ Awurade Adidi no a, montwɛn mo ho mo ho.
34 Իսկ եթէ մէկը անօթի է՝ թող ուտէ իր տան մէջ, որպէսզի չհամախմբուիք դատապարտութեան համար: Մնացածը պիտի պատուիրեմ՝ երբ գամ:
Sɛ ɛkɔm de obi a, ɔnnidi wɔ efie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiamu no ase. Nsɛm a aka no, sɛ meba a, mɛka ho asɛm.

< ԱՌԱՋԻՆ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 11 >