< ԱՌԱՋԻՆ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 10 >

1 Եղբայրնե՛ր, չեմ ուզեր որ անգիտանաք թէ մեր հայրերը՝ բոլո՛րն ալ ամպին տակ էին, բոլո՛րն ալ ծովէն անցան,
Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nananom a wɔdii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu asomdwoeɛ mu.
2 ու բոլո՛րն ալ Մովսէսով մկրտուեցան ամպին եւ ծովուն մէջ:
Omununkum no ne Ɛpo no mu, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifoɔ.
3 Բոլո՛րն ալ կերան նոյն հոգեւոր կերակուրը,
Wɔn nyinaa dii honhom fam aduane
4 ու բոլո՛րն ալ խմեցին նոյն հոգեւոր խմելիքը, որովհետեւ կը խմէին այն հոգեւոր վէմէն՝ որ իրենց կը հետեւէր, եւ այդ վէմը՝ Քրիստոսն էր:
na wɔnom honhom fam anonneɛ. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsuo; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa.
5 Բայց անոնցմէ շատերը հաճելի չեղան Աստուծոյ, քանի որ անապատին մէջ փռուած ինկան:
Yeinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ ɛserɛ no so hɔ no.
6 Ուրեմն այդ բաները մեզի տիպար եղան, որպէսզի չցանկանք չար բաներու, ինչպէս անոնք ցանկացին:
Seesei, yeinom nyinaa yɛ nhwɛsoɔ ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛpɛ bɔne sɛdeɛ wɔyɛeɛ no,
7 Ո՛չ ալ կռապաշտ ըլլաք՝ անոնցմէ ոմանց պէս, ինչպէս գրուած է. «Ժողովուրդը նստաւ ուտելու եւ խմելու, յետոյ կանգնեցան զբօսնելու»:
ɛnna ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wɔgoroo abosomgorɔ.”
8 Ո՛չ ալ պոռնկինք՝ ինչպէս անոնցմէ ոմանք պոռնկեցան, ու մէկ օրուան մէջ քսաներեք հազար հոգի ինկան:
Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ adwaman, sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no na da koro wɔn mu ɔpeduonumiɛnsa wuwuiɛ no.
9 Ո՛չ ալ փորձենք Քրիստոսը՝ ինչպէս անոնցմէ ոմանք փորձեցին, եւ օձերէն ջարդուեցան:
Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no maa awɔ kekaa wɔn kunkumm wɔn no.
10 Ո՛չ ալ տրտնջեցէք՝ ինչպէս անոնցմէ ոմանք տրտնջեցին, ու ջարդուեցան բնաջնջողէն:
Ɛnsɛ sɛ monwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ maa ɔsɛe ɔbɔfoɔ sɛee wɔn no.
11 Իսկ այդ բոլոր բաները կը պատահէին անոնց՝ իբր տիպար, եւ գրուեցան խրատելու համար մեզ՝ որ հասած ենք դարերու վախճանին: (aiōn g165)
Yeinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛsoɔ maa afoforɔ. Na wɔtwerɛ guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Ɛfiri sɛ, yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛre na ɛberɛ no aba awieeɛ. (aiōn g165)
12 Հետեւաբար ա՛ն որ կը կարծէ թէ հաստատուն կեցած է, թող զգուշանայ՝ որ չիյնայ:
Obiara a ɔdwene sɛ ɔgyina hɔ no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase.
13 Ձեզի պատահած չէ փորձութիւն մը՝ որ մարդկային չըլլայ. բայց Աստուած հաւատարիմ է, եւ պիտի չթոյլատրէ որ փորձուիք ձեր կարողութենէն աւելի, հապա փորձութեան հետ ելք մըն ալ պիտի տայ, որպէսզի կարենաք կրել:
Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ deɛ ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so enti, ɔremma ho ɛkwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso.
14 Ուստի, սիրելինե՛րս, փախէ՛ք կռապաշտութենէն:
Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfiri ahonisom ho.
15 Կը խօսիմ որպէս թէ իմաստուններու հետ. դո՛ւք դատեցէք ինչ որ կ՚ըսեմ:
Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafoɔ. Asɛm a meka no mommua mfa.
16 Օրհնութեան բաժակը՝ որ մենք կ՚օրհնենք, միթէ Քրիստոսի արիւնին հաղորդութիւնը չէ՞. հացը՝ որ մենք կը կտրենք, միթէ Քրիստոսի մարմինին հաղորդութիւնը չէ՞:
Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no anaa? Burodo a yɛbubu mu no nso, sɛ yɛdi a, na ɛnyɛ Kristo onipadua ayɔnkoyɛ anaa?
17 Արդարեւ մենք՝ շատ ըլլալով՝ մէ՛կ հաց, մէ՛կ մարմին ենք, որովհետեւ բոլորս ալ բաժնեկից ենք այդ մէկ հացին:
Esiane sɛ burodo no yɛ baako na yɛdi no wɔ ɔhonam korɔ mu enti, ɛwom sɛ yɛ dɔɔso deɛ, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako.
18 Նայեցէ՛ք մարմնաւոր Իսրայէլին. անոնք որ զոհերէն կ՚ուտեն՝ զոհասեղանին հաղորդակից չե՞ն ըլլար:
Monhwɛ Israelman. Wɔn a wɔdi afɔdeɛ aduane no ne afɔrebukyia no wɔ ayɔnkoyɛ.
19 Ուրեմն ի՞նչ կ՚ըսեմ. կուռքը բա՞ն մըն է, կամ կուռքերու զոհուածը բա՞ն մըն է:
Mebisa sɛ, afɔrebɔdeɛ a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi?
20 Բայց սա՛ կ՚ըսեմ, թէ այն բաները՝ որ հեթանոսները կը զոհեն, կը զոհեն դեւերո՛ւն, եւ ո՛չ թէ Աստուծոյ. ուստի չեմ ուզեր որ դուք հաղորդակից ըլլաք դեւերուն: Չէք կրնար խմել Տէրոջ բաժակը ու դեւերուն բաժակը.
Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, deɛ wɔde abɔ afɔdeɛ wɔ ɔbosonsomni afɔrebukyia so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyɛnehyɛne ahonhommɔne.
21 չէք կրնար բաժնեկցիլ Տէրոջ սեղանին եւ դեւերու սեղանին:
Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsane nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade ɛpono so na monsane nnidi wɔ ahonhommɔne ɛpono nso so.
22 Նախանձի՞ գրգռենք Տէրը. միթէ մենք իրմէ ուժե՞ղ ենք:
Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yɛgye di sɛ yɛyɛ den sene no anaa?
23 Ամէն բան ինծի արտօնուած է, բայց ամէն բան օգտակար չէ. ամէն բան ինծի արտօնուած է, բայց ամէն բան շինիչ չէ:
Wɔka sɛ, “Woama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ. “Wɔama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛtumi boa yɛn.
24 Ո՛չ մէկը թող փնտռէ միայն իր շահը, հապա ամէն մէկը՝ ուրիշի՛նն ալ:
Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiedie na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforɔ nso yiedie.
25 Կերէ՛ք ամէն ինչ որ կը ծախուի վաճառանոցը, առանց զննելու՝ խղճմտանքի պատճառով.
Adwenemdahɔ enti motumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ dwa so di a mommisa ho asɛm biara.
26 որովհետեւ «Տէրոջն է երկիրը եւ անոր լիութիւնը»:
Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.”
27 Եթէ անհաւատներէն մէկը ճաշի հրաւիրէ ձեզ ու տրամադիր ըլլաք երթալու, կերէ՛ք ամէն ինչ՝ որ կը հրամցուի ձեզի, առանց հարցնելու՝ խղճմտանքի պատճառով:
Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, adwenemdahɔ enti, aduane a ɔde bɛma wo biara, di a wommisa ho asɛm biara.
28 Բայց եթէ մէկը ըսէ ձեզի. «Ատիկա կուռքերու զոհուած է», անո՛ր պատճառով՝ որ ցոյց տուաւ ձեզի, եւ խղճմտանքի՛ պատճառով՝ մի՛ ուտէք:
Nanso, sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ, “Wɔde saa aduane yi maa ahoni” a, ɛsiane deɛ ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwenemdahɔ enti, nni saa aduane no.
29 Սակայն երբ խղճմտանք կ՚ըսեմ՝ ո՛չ թէ քուկդ է, հապա՝ ուրիշինը: Բայց ինչո՞ւ իմ ազատութիւնս կը դատուի ուրիշի մը խղճմտանքէն:
Ɛno nyɛ wʼadwene, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwene. Obi bɛbisa sɛ, “Adɛn enti na obi adwene si mʼahofadie ho ɛkwan?
30 Եթէ ես շնորհակալութեամբ կը բաժնեկցիմ, ինչո՞ւ հայհոյուիմ այն բանին պատճառով՝ որուն համար ես շնորհակալ կ՚ըլլամ:
Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduane ho a, adɛn enti na aduane a mada ho ase no obi ka ho asɛm?”
31 Ուրեմն՝ թէ՛ ուտէք, թէ՛ խմէք, եւ թէ ի՛նչ որ ընէք, ամէնը ըրէք Աստուծոյ փառքին համար:
Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.
32 Մի՛ սայթաքեցնէք ո՛չ Հրեաները, ո՛չ Յոյները, ո՛չ ալ Աստուծոյ եկեղեցին:
Monnyɛ biribiara mfa nha Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ anaa Onyankopɔn asafo.
33 Ինչպէս ես ալ կը հաճեցնեմ բոլորը՝ ամէն բանի մէջ, փնտռելով ո՛չ թէ իմ օգուտս, հապա՝ շատերունը, որպէսզի փրկուին:
Monyɛ sɛdeɛ meyɛ no. Mema obiara ani gye deɛ meyɛ ho a mennwene mʼankasa me yiedie ho, na mmom, medwene yɛn nyinaa yiedie ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nkwa.

< ԱՌԱՋԻՆ ԿՈՐՆԹԱՑԻՍ 10 >