< اَلْمَزَامِيرُ 81 >

لِإِمَامِ ٱلْمُغَنِّينَ عَلَى «ٱلْجَتِّيَّةِ». لِآسَافَ رَنِّمُوا لِلهِ قُوَّتِنَا. ٱهْتِفُوا لِإِلَهِ يَعْقُوبَ. ١ 1
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto sɛ “gittit” sankuo nne so. Asaf dwom. Monto ahurisie dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden; mommɔ ose mma Yakob Onyankopɔn no!
ٱرْفَعُوا نَغْمَةً وَهَاتُوا دُفًّا، عُودًا حُلْوًا مَعَ رَبَابٍ. ٢ 2
Momma nnwom no so na monwoso akasaeɛ. Mommɔ sankuo ne bɛnta dɛɛdɛ no.
ٱنْفُخُوا فِي رَأْسِ ٱلشَّهْرِ بِٱلْبُوقِ، عِنْدَ ٱلْهِلَالِ لِيَوْمِ عِيدِنَا. ٣ 3
Monhyɛne mmɛntia ɔsrane foforɔ da no, ne ɔsrane korokumatwa mu, yɛn Apontoɔ da no;
لِأَنَّ هَذَا فَرِيضَةٌ لِإِسْرَائِيلَ، حُكْمٌ لِإِلَهِ يَعْقُوبَ. ٤ 4
Yei yɛ Israelfoɔ ahyɛdeɛ, Yakob Onyankopɔn mmara.
جَعَلَهُ شَهَادَةً فِي يُوسُفَ عِنْدَ خُرُوجِهِ عَلَى أَرْضِ مِصْرَ. سَمِعْتُ لِسَانًا لَمْ أَعْرِفْهُ: ٥ 5
Ɔtintimiiɛ sɛ nhyehyɛeɛ maa Yosef ɛberɛ a ɔsɔre tiaa Misraim no, faako a yɛtee kasa a yɛnte aseɛ no.
«أَبْعَدْتُ مِنَ ٱلْحِمْلِ كَتِفَهُ. يَدَاهُ تَحَوَّلَتَا عَنِ ٱلسَّلِّ. ٦ 6
Ɔka sɛ, “Meyii adesoa no firii mo mmatire so, ne mo nsa firii adwumaden ho.
فِي ٱلضِّيقِ دَعَوْتَ فَنَجَّيْتُكَ. ٱسْتَجَبْتُكَ فِي سِتْرِ ٱلرَّعْدِ. جَرَّبْتُكَ عَلَى مَاءِ مَرِيبَةَ. سِلَاهْ. ٧ 7
Mo ahohiahia mu, mofrɛɛ me na megyee mo, megyee mo so wɔ aprannaa mu; me sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ Meriba nsuo ho.
«اِسْمَعْ يَا شَعْبِي فَأُحَذِّرَكَ. يَا إِسْرَائِيلُ، إِنْ سَمِعْتَ لِي! ٨ 8
“Ao me nkurɔfoɔ, montie me kɔkɔbɔ yi, Ao Israel, sɛ mobɛtie me a!
لَا يَكُنْ فِيكَ إِلَهٌ غَرِيبٌ، وَلَا تَسْجُدْ لِإِلَهٍ أَجْنَبِيٍّ. ٩ 9
Ɛnsɛ sɛ monya anyame foforɔ bi wɔ mo mu; ɛnsɛ sɛ mokoto ananafoɔ nyame.
أَنَا ٱلرَّبُّ إِلَهُكَ، ٱلَّذِي أَصْعَدَكَ مِنْ أَرْضِ مِصْرَ. أَفْغِرْ فَاكَ فَأَمْلَأَهُ. ١٠ 10
Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase so no. Mommue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.
فَلَمْ يَسْمَعْ شَعْبِي لِصَوْتِي، وَإِسْرَائِيلُ لَمْ يَرْضَ بِي. ١١ 11
“Nanso me nkurɔfoɔ rentie me; Israel remmrɛ ne ho ase mma me.
فَسَلَّمْتُهُمْ إِلَى قَسَاوَةِ قُلُوبِهِمْ، لِيَسْلُكُوا فِي مُؤَامَرَاتِ أَنْفُسِهِمْ. ١٢ 12
Enti megyaa wɔn maa wɔn akomaden sɛ wɔnyɛ deɛ wɔpɛ biara.
لَوْ سَمِعَ لِي شَعْبِي، وَسَلَكَ إِسْرَائِيلُ فِي طُرُقِي، ١٣ 13
“Sɛ me nkurɔfoɔ tie me, na Israel nante mʼakwan so a,
سَرِيعًا كُنْتُ أُخْضِعُ أَعْدَاءَهُمْ، وَعَلَى مُضَايِقِيهِمْ كُنْتُ أَرُدُّ يَدِي. ١٤ 14
anka mɛdi wɔn atamfoɔ so ama wɔn ntɛm na mama me basa so atia wɔn a wɔkyiri wɔn!
مُبْغِضُو ٱلرَّبِّ يَتَذَلَّلُونَ لَهُ، وَيَكُونُ وَقْتُهُمْ إِلَى ٱلدَّهْرِ. ١٥ 15
Wɔn a wɔtane Awurade no de suro bɛkoto no, na wɔn asotwe to rentwa da.
وَكَانَ أَطْعَمَهُ مِنْ شَحْمِ ٱلْحِنْطَةِ، وَمِنَ ٱلصَّخْرَةِ كُنْتُ أُشْبِعُكَ عَسَلًا». ١٦ 16
Nanso, wɔde atokoɔ mu atokoɔ papa bɛma mo adi; mede ɔbotan mu woɔ bɛma mo amee.”

< اَلْمَزَامِيرُ 81 >