< اَلْمَزَامِيرُ 78 >

قَصِيدَةٌ لِآسَافَ اِصْغَ يَا شَعْبِي إِلَى شَرِيعَتِي. أَمِيلُوا آذَانَكُمْ إِلَى كَلَامِ فَمِي. ١ 1
Asaf dwom. Ao me nkurɔfoɔ, montie me nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso mma mʼanomu nsɛm.
أَفْتَحُ بِمَثَلٍ فَمِي. أُذِيعُ أَلْغَازًا مُنْذُ ٱلْقِدَمِ. ٢ 2
Mɛkasa wɔ abɛbuo mu, mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,
ٱلَّتِي سَمِعْنَاهَا وَعَرَفْنَاهَا وَآبَاؤُنَا أَخْبَرُونَا. ٣ 3
nneɛma a yɛate na yɛahunu; nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.
لَا نُخْفِي عَنْ بَنِيهِمْ إِلَى ٱلْجِيلِ ٱلْآخِرِ، مُخْبِرِينَ بِتَسَابِيحِ ٱلرَّبِّ وَقُوَّتِهِ وَعَجَائِبِهِ ٱلَّتِي صَنَعَ. ٤ 4
Yɛremfa nkame wɔn mma; yɛbɛka akyerɛ nkyirimma; Awurade nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no, ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no.
أَقَامَ شَهَادَةً فِي يَعْقُوبَ، وَوَضَعَ شَرِيعَةً فِي إِسْرَائِيلَ، ٱلَّتِي أَوْصَى آبَاءَنَا أَنْ يُعَرِّفُوا بِهَا أَبْنَاءَهُمْ، ٥ 5
Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel, deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananom sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,
لِكَيْ يَعْلَمَ ٱلْجِيلُ ٱلْآخِرُ. بَنُونَ يُولَدُونَ فَيَقُومُونَ وَيُخْبِرُونَ أَبْنَاءَهُمْ، ٦ 6
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsua mpo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn, na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.
فَيَجْعَلُونَ عَلَى ٱللهِ ٱعْتِمَادَهُمْ، وَلَا يَنْسَوْنَ أَعْمَالَ ٱللهِ، بَلْ يَحْفَظُونَ وَصَايَاهُ. ٧ 7
Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so, na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ, na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so.
وَلَا يَكُونُونَ مِثْلَ آبَائِهِمْ، جِيلًا زَائِغًا وَمَارِدًا، جِيلًا لَمْ يُثَبِّتْ قَلْبَهُ وَلَمْ تَكُنْ رُوحُهُ أَمِينَةً لِلهِ. ٨ 8
Wɔrenyɛ sɛ wɔn nananom, a na wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ, wɔn a wɔn akoma mu wɔnni Onyankopɔn nokorɛ na woyɛ honhom mu atorofoɔ ma noɔ no.
بَنُو أَفْرَايِمَ ٱلنَّازِعُونَ فِي ٱلْقَوْسِ، ٱلرَّامُونَ، ٱنْقَلَبُوا فِي يَوْمِ ٱلْحَرْبِ. ٩ 9
Ɛwom sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan, nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ;
لَمْ يَحْفَظُوا عَهْدَ ٱللهِ، وَأَبَوْا ٱلسُّلُوكَ فِي شَرِيعَتِهِ، ١٠ 10
Wɔanni Onyankopɔn apam no so wɔampɛ sɛ wɔdi ne mmara no so.
وَنَسُوا أَفْعَالَهُ وَعَجَائِبَهُ ٱلَّتِي أَرَاهُمْ. ١١ 11
Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ, anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no.
قُدَّامَ آبَائِهِمْ صَنَعَ أُعْجُوبَةً فِي أَرْضِ مِصْرَ، بِلَادِ صُوعَنَ. ١٢ 12
Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn nananom anim wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so.
شَقَّ ٱلْبَحْرَ فَعَبَّرَهُمْ، وَنَصَبَ ٱلْمِيَاهَ كَنَدٍّ. ١٣ 13
Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu. Ɔmaa nsuo no gyinaa sɛ afasuo.
وَهَدَاهُمْ بِٱلسَّحَابِ نَهَارًا، وَٱللَّيْلَ كُلَّهُ بِنُورِ نَارٍ. ١٤ 14
Ɔde omununkum dii wɔn anim awia na ɔde ogyadum dii wɔn anim anadwo nyinaa.
شَقَّ صُخُورًا فِي ٱلْبَرِّيَّةِ، وَسَقَاهُمْ كَأَنَّهُ مِنْ لُجَجٍ عَظِيمَةٍ. ١٥ 15
Ɔpaee ɔbotan mu wɔ ɛserɛ so, na ɔmaa wɔn nsuo a ɛdɔɔso sɛ ɛpo;
أَخْرَجَ مَجَارِيَ مِنْ صَخْرَةٍ، وَأَجْرَى مِيَاهًا كَٱلْأَنْهَارِ. ١٦ 16
Ɔmaa asutire firii abotan mu na ɔmaa nsuo tenee sɛ nsubɔntene.
ثُمَّ عَادُوا أَيْضًا لِيُخْطِئُوا إِلَيْهِ، لِعِصْيَانِ ٱلْعَلِيِّ فِي ٱلْأَرْضِ ٱلنَّاشِفَةِ. ١٧ 17
Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no, wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ ɛserɛ no so.
وَجَرَّبُوا ٱللهَ فِي قُلُوبِهِمْ، بِسُؤَالِهِمْ طَعَامًا لِشَهْوَتِهِمْ. ١٨ 18
Wɔboapa sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ; wɔbisaa aduane a wɔpɛ.
فَوَقَعُوا فِي ٱللهِ. قَالُوا: «هَلْ يَقْدِرُ ٱللهُ أَنْ يُرَتِّبَ مَائِدَةً فِي ٱلْبَرِّيَّةِ؟ ١٩ 19
Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ, “Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono wɔ ɛserɛ so anaa?
هُوَذَا ضَرَبَ ٱلصَّخْرَةَ فَجَرَتِ ٱلْمِيَاهُ وَفَاضَتِ ٱلْأَوْدِيَةُ. هَلْ يَقْدِرُ أَيْضًا أَنْ يُعْطِيَ خُبْزًا، أَوْ يُهَيِّئَ لَحْمًا لِشَعْبِهِ؟». ٢٠ 20
Ɔde adeɛ bɔɔ ɔbotan mu no, nsuo to firi mu baeɛ, na nsuwa bebree tenee hɔ. Na ɔbɛtumi ama yɛn aduane nso? Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ ɛnam anaa?”
لِذَلِكَ سَمِعَ ٱلرَّبُّ فَغَضِبَ، وَٱشْتَعَلَتْ نَارٌ فِي يَعْقُوبَ، وَسَخَطٌ أَيْضًا صَعِدَ عَلَى إِسْرَائِيلَ، ٢١ 21
Ɛberɛ a Awurade tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie; ne ogya bɛguu Yakob so, na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel,
لِأَنَّهُمْ لَمْ يُؤْمِنُوا بِٱللهِ وَلَمْ يَتَّكِلُوا عَلَى خَلَاصِهِ. ٢٢ 22
ɛfiri sɛ, na wɔnni Onyankopɔn mu gyidie anaasɛ ne nkwagyeɛ mu ahotosoɔ.
فَأَمَرَ ٱلسَّحَابَ مِنْ فَوْقُ، وَفَتَحَ مَصَارِيعَ ٱلسَّمَاوَاتِ. ٢٣ 23
Nanso, ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro ɔhyɛ so; na ɔbuee ɔsorosoro apono.
وَأَمْطَرَ عَلَيْهِمْ مَنًّا لِلْأَكْلِ، وَبُرَّ ٱلسَّمَاءِ أَعْطَاهُمْ. ٢٤ 24
Ɔtɔɔ mana firi soro maa nnipa no sɛ wonni, ɔmaa wɔn ɔsoro aduane.
أَكَلَ ٱلْإِنْسَانُ خُبْزَ ٱلْمَلَائِكَةِ. أَرْسَلَ عَلَيْهِمْ زَادًا لِلشِّبَعِ. ٢٥ 25
Nnipa dii abɔfoɔ aduane; ɔmaa wɔn aduane a wɔbɛtumi adi nyinaa.
أَهَاجَ شَرْقِيَّةً فِي ٱلسَّمَاءِ، وَسَاقَ بِقُوَّتِهِ جَنُوبِيَّةً. ٢٦ 26
Ɔmaa apueeɛ mframa bɔ firii sorosoro, na ɔde ne tumi bɔɔ atɔeɛ mframa.
وَأَمْطَرَ عَلَيْهِمْ لَحْمًا مِثْلَ ٱلتُّرَابِ، وَكَرَمْلِ ٱلْبَحْرِ طُيُورًا ذَوَاتِ أَجْنِحَةٍ. ٢٧ 27
Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so, nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea.
وَأَسْقَطَهَا فِي وَسَطِ مَحَلَّتِهِمْ حَوَالَيْ مَسَاكِنِهِمْ. ٢٨ 28
Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ, ne wɔn ntomadan ho nyinaa.
فَأَكَلُوا وَشَبِعُوا جِدًّا، وَأَتَاهُمْ بِشَهْوَتِهِمْ. ٢٩ 29
Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn so ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ.
لَمْ يَزُوغُوا عَنْ شَهْوَتِهِمْ. طَعَامُهُمْ بَعْدُ فِي أَفْوَاهِهِمْ، ٣٠ 30
Nanso ansa na wɔbɛfiri aduane a wɔhwehwɛeɛ no ho, ɛberɛ a ɛhyehyɛ wɔn anomu mpo no,
فَصَعِدَ عَلَيْهِمْ غَضَبُ ٱللهِ، وَقَتَلَ مِنْ أَسْمَنِهِمْ، وَصَرَعَ مُخْتَارِي إِسْرَائِيلَ. ٣١ 31
Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so; ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mu twitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ.
فِي هَذَا كُلِّهِ أَخْطَأُوا بَعْدُ، وَلَمْ يُؤْمِنُوا بِعَجَائِبِهِ. ٣٢ 32
Yeinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne; nʼanwanwadeɛ akyi no, wɔannye anni.
فَأَفْنَى أَيَّامَهُمْ بِٱلْبَاطِلِ وَسِنِيهِمْ بِٱلرُّعْبِ. ٣٣ 33
Enti, ɔtwaa wɔn nna so te sɛ ahuro yɛɛ wɔn mfeɛ awieeɛ huhuuhu.
إِذْ قَتَلَهُمْ طَلَبُوهُ، وَرَجَعُوا وَبَكَّرُوا إِلَى ٱللهِ، ٣٤ 34
Ɛberɛ biara a Onyankopɔn bɛkum wɔn no, wɔhwehwɛɛ no, na wɔpere wɔn ho sane baa ne nkyɛn.
وَذَكَرُوا أَنَّ ٱللهَ صَخْرَتُهُمْ، وَٱللهَ ٱلْعَلِيَّ وَلِيُّهُمْ. ٣٥ 35
Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan, sɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn no yɛ wɔn Gyefoɔ.
فَخَادَعُوهُ بِأَفْوَاهِهِمْ، وَكَذَبُوا عَلَيْهِ بِأَلْسِنَتِهِمْ. ٣٦ 36
Nanso, wɔde wɔn ano bɛdaadaa no, na wɔde wɔn tɛkrɛma twaa atorɔ kyerɛɛ no;
أَمَّا قُلُوبُهُمْ فَلَمْ تُثَبَّتْ مَعَهُ، وَلَمْ يَكُونُوا أُمَنَاءَ فِي عَهْدِهِ. ٣٧ 37
wɔn akoma anni no nokorɛ, na wɔanni nʼapam no so.
أَمَّا هُوَ فَرَؤُوفٌ، يَغْفِرُ ٱلْإِثْمَ وَلَا يُهْلِكُ. وَكَثِيرًا مَا رَدَّ غَضَبَهُ، وَلَمْ يُشْعِلْ كُلَّ سَخَطِهِ. ٣٨ 38
Nanso na ɔyɛ ahummɔborɔ; ɔde wɔn amumuyɛ kyɛɛ wɔn a wansɛe wɔn. Mpɛn bebree ɔtwentwɛnee nʼabufuo so na wanhwie nʼabufuhyeɛ nyinaa.
ذَكَرَ أَنَّهُمْ بَشَرٌ. رِيحٌ تَذْهَبُ وَلَا تَعُودُ. ٣٩ 39
Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa, mframa bi a ɛbɔ twam na ɛnsane nʼakyi.
كَمْ عَصَوْهُ فِي ٱلْبَرِّيَّةِ وَأَحْزَنُوهُ فِي ٱلْقَفْرِ! ٤٠ 40
Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ ɛserɛ no so hɔ, na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anho wɔ asase wesee no so?
رَجَعُوا وَجَرَّبُوا ٱللهَ وَعَنَّوْا قُدُّوسَ إِسْرَائِيلَ. ٤١ 41
Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ ɛberɛ biara; na wɔyii Israel Ɔkronkronni no abufuo.
لَمْ يَذْكُرُوا يَدَهُ يَوْمَ فَدَاهُمْ مِنَ ٱلْعَدُوِّ، ٤٢ 42
Wɔn werɛ firii ne tumi no, ɛda a ɔgyee wɔn firii wɔn nhyɛsofoɔ nsam no,
حَيْثُ جَعَلَ فِي مِصْرَ آيَاتِهِ، وَعَجَائِبَهُ فِي بِلَادِ صُوعَنَ. ٤٣ 43
ɛda a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ Misraim no ne nʼanwanwadeɛ wɔ Soan mantam mu no.
إِذْ حَوَّلَ خُلْجَانَهُمْ إِلَى دَمٍ، وَمَجَارِيَهُمْ لِكَيْ لَا يَشْرَبُوا. ٤٤ 44
Ɔmaa wɔn nsubɔntene danee mogya; wɔantumi annom wɔn asutene mu nsuo.
أَرْسَلَ عَلَيْهِمْ بَعُوضًا فَأَكَلَهُمْ، وَضَفَادِعَ فَأَفْسَدَتْهُمْ. ٤٥ 45
Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaa wɔn na mponkyerɛne nso bɛsɛee wɔn asase.
أَسْلَمَ لِلْجَرْدَمِ غَلَّتَهُمْ، وَتَعَبَهُمْ لِلْجَرَادِ. ٤٦ 46
Ɔmaa mmɛbɛ bɛdii wɔn mfuo so aduane na ɔde wɔn mfudeɛ nso maa ntutummɛ.
أَهْلَكَ بِٱلْبَرَدِ كُرُومَهُمْ، وَجُمَّيْزَهُمْ بِٱلصَّقِيعِ. ٤٧ 47
Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe na ɔde nsukyeneeɛ sɛee wɔn ankye nnua.
وَدَفَعَ إِلَى ٱلْبَرَدِ بَهَائِمَهُمْ، وَمَوَاشِيَهُمْ لِلْبُرُوقِ. ٤٨ 48
Ɔde sukyerɛmma kumm wɔn anantwie ɔde anyinam kumm wɔn nyɛmmoa.
أَرْسَلَ عَلَيْهِمْ حُمُوَّ غَضَبِهِ، سَخَطًا وَرِجْزًا وَضِيْقًا، جَيْشَ مَلَائِكَةٍ أَشْرَارٍ. ٤٩ 49
Ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so, abufuo, anibereɛ ne ahohia; abɔfoɔ asɛefoɔ kuo no.
مَهَّدَ سَبِيلًا لِغَضَبِهِ. لَمْ يَمْنَعْ مِنَ ٱلْمَوْتِ أَنْفُسَهُمْ، بَلْ دَفَعَ حَيَاتَهُمْ لِلْوَبَإِ. ٥٠ 50
Ɔbɔɔ ɛkwan maa nʼabufuo; na wamfa wɔn nkwa ankyɛre wɔn mmom ɔde wɔn maa ɔyaredɔm.
وَضَرَبَ كُلَّ بِكْرٍ فِي مِصْرَ. أَوَائِلَ ٱلْقُدْرَةِ فِي خِيَامِ حَامٍ. ٥١ 51
Ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa, Ham ntomadan mu nnipa mu abakan.
وَسَاقَ مِثْلَ ٱلْغَنَمِ شَعْبَهُ، وَقَادَهُمْ مِثْلَ قَطِيعٍ فِي ٱلْبَرِّيَّةِ. ٥٢ 52
Nanso ɔyii ne nkurɔfoɔ firii mu sɛ nnwankuo; ɔdii wɔn anim sɛ nnwan wɔ ɛserɛ no so.
وَهَدَاهُمْ آمِنِينَ فَلَمْ يَجْزَعُوا. أَمَّا أَعْدَاؤُهُمْ فَغَمَرَهُمُ ٱلْبَحْرُ. ٥٣ 53
Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro; nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so.
وَأَدْخَلَهُمْ فِي تُخُومِ قُدْسِهِ، هَذَا ٱلْجَبَلِ ٱلَّذِي ٱقْتَنَتْهُ يَمِينُهُ. ٥٤ 54
Sei na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahyeɛ so, bepɔ asase a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no.
وَطَرَدَ ٱلْأُمَمَ مِنْ قُدَّامِهِمْ وَقَسَمَهُمْ بِٱلْحَبْلِ مِيرَاثًا، وَأَسْكَنَ فِي خِيَامِهِمْ أَسْبَاطَ إِسْرَائِيلَ. ٥٥ 55
Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim no na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ; ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu.
فَجَرَّبُوا وَعَصَوْا ٱللهَ ٱلْعَلِيَّ، وَشَهَادَاتِهِ لَمْ يَحْفَظُوا، ٥٦ 56
Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no; na wɔanni ne mmara so.
بَلِ ٱرْتَدُّوا وَغَدَرُوا مِثْلَ آبَائِهِمْ. ٱنْحَرَفُوا كَقَوْسٍ مُخْطِئَةٍ. ٥٧ 57
Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie, ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte sɛ agyan a asɛe.
أَغَاظُوهُ بِمُرْتَفَعَاتِهِمْ، وَأَغَارُوهُ بِتَمَاثِيلِهِمْ. ٥٨ 58
Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuo na wɔn ahoni maa ne ninkuntwe mu yɛɛ den.
سَمِعَ ٱللهُ فَغَضِبَ، وَرَذَلَ إِسْرَائِيلَ جِدًّا، ٥٩ 59
Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuiɛ; na ɔpoo Israel korakora.
وَرَفَضَ مَسْكِنَ شِيلُوِ، ٱلْخَيْمَةَ ٱلَّتِي نَصَبَهَا بَيْنَ ٱلنَّاسِ. ٦٠ 60
Ɔgyaa nʼatenaeɛ a ɛwɔ Silo no hɔ ntomadan a wasi wɔ nnipa mu no.
وَسَلَّمَ لِلسَّبْيِ عِزَّهُ، وَجَلَالَهُ لِيَدِ ٱلْعَدُوِّ. ٦١ 61
Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommumfa mu, nʼanimuonyam kɔɔ atamfoɔ nsam.
وَدَفَعَ إِلَى ٱلسَّيْفِ شَعْبَهُ، وَغَضِبَ عَلَى مِيرَاثِهِ. ٦٢ 62
Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena; ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie.
مُخْتَارُوهُ أَكَلَتْهُمُ ٱلنَّارُ، وَعَذَارَاهُ لَمْ يُحْمَدْنَ. ٦٣ 63
Egya hyee wɔn mmeranteɛ kumm wɔn, na wɔn mmabaawa annya ayeforɔhyia dwom anto;
كَهَنَتُهُ سَقَطُوا بِٱلسَّيْفِ، وَأَرَامِلُهُ لَمْ يَبْكِينَ. ٦٤ 64
Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano, na wɔn akunafoɔ antumi ansu.
فَٱسْتَيْقَظَ ٱلرَّبُّ كَنَائِمٍ، كَجَبَّارٍ مُعَيِّطٍ مِنَ ٱلْخَمْرِ. ٦٥ 65
Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no, sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no.
فَضَرَبَ أَعْدَاءَهُ إِلَى ٱلْوَرَاءِ. جَعَلَهُمْ عَارًا أَبَدِيًّا. ٦٦ 66
Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi; ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ.
وَرَفَضَ خَيْمَةَ يُوسُفَ، وَلَمْ يَخْتَرْ سِبْطَ أَفْرَايِمَ. ٦٧ 67
Afei ɔpoo Yosef ntomadan no, na wamfa Efraim abusuakuo no nso;
بَلِ ٱخْتَارَ سِبْطَ يَهُوذَا، جَبَلَ صِهْيَوْنَ ٱلَّذِي أَحَبَّهُ. ٦٨ 68
Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuo no, Bepɔ Sion a ɔdɔ noɔ no.
وَبَنَى مِثْلَ مُرْتَفَعَاتٍ مَقْدِسَهُ، كَٱلْأَرْضِ ٱلَّتِي أَسَّسَهَا إِلَى ٱلْأَبَدِ. ٦٩ 69
Ɔsii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea, te sɛ asase a ɛtim hɔ daa.
وَٱخْتَارَ دَاوُدَ عَبْدَهُ، وَأَخَذَهُ مِنْ حَظَائِرِ ٱلْغَنَمِ. ٧٠ 70
Ɔyii ne ɔsomfoɔ Dawid; ɔfrɛɛ no firii nnwammuo mu
مِنْ خَلْفِ ٱلْمُرْضِعَاتِ أَتَى بِهِ، لِيَرْعَى يَعْقُوبَ شَعْبَهُ، وَإِسْرَائِيلَ مِيرَاثَهُ. ٧١ 71
firii nnwan akyiridie, na ɔde no baeɛ sɛ ɔmmɛyɛ odwanhwɛfoɔ mma ne nkurɔfoɔ Yakob, mma Israel a wɔyɛ nʼagyapadeɛ.
فَرَعَاهُمْ حَسَبَ كَمَالِ قَلْبِهِ، وَبِمَهَارَةِ يَدَيْهِ هَدَاهُمْ. ٧٢ 72
Na Dawid de akoma pa hwɛɛ wɔn so na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim.

< اَلْمَزَامِيرُ 78 >