< اَلْمَزَامِيرُ 73 >

مَزْمُورٌ. لِآسَافَ إِنَّمَا صَالِحٌ ٱللهُ لِإِسْرَائِيلَ، لِأَنْقِيَاءِ ٱلْقَلْبِ. ١ 1
Asaf dwom. Ampa ara Onyankopɔn yɛ ma Israel, ɔyɛ ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.
أَمَّا أَنَا فَكَادَتْ تَزِلُّ قَدَمَايَ. لَوْلَا قَلِيلٌ لَزَلِقَتْ خَطَوَاتِي. ٢ 2
Nanso me deɛ, anka me nan reyɛ awatiri; anka merehwere me nnyinasoɔ,
لِأَنِّي غِرْتُ مِنَ ٱلْمُتَكَبِّرِينَ، إِذْ رَأَيْتُ سَلَامَةَ ٱلْأَشْرَارِ. ٣ 3
ɛfiri sɛ, mʼani beree ahantanfoɔ ɛberɛ a mehunuu amumuyɛfoɔ yiedie no.
لِأَنَّهُ لَيْسَتْ فِي مَوْتِهِمْ شَدَائِدُ، وَجِسْمُهُمْ سَمِينٌ. ٤ 4
Wɔnhunuu ahokyere da; na wɔwɔ ahoɔden ne apɔmuden.
لَيْسُوا فِي تَعَبِ ٱلنَّاسِ، وَمَعَ ٱلْبَشَرِ لَا يُصَابُونَ. ٥ 5
Dadwene a ɛtaa ba nnipa soɔ biara nna wɔn so; ɔdasani haw biara nna wɔn so.
لِذَلِكَ تَقَلَّدُوا ٱلْكِبْرِيَاءَ. لَبِسُوا كَثَوْبٍ ظُلْمَهُمْ. ٦ 6
Enti, ahantan yɛ wɔn kɔnmuadeɛ, na wɔde akakabensɛm afira.
جَحَظَتْ عُيُونُهُمْ مِنَ ٱلشَّحْمِ. جَاوَزُوا تَصَوُّرَاتِ ٱلْقَلْبِ. ٧ 7
Wɔn akoma a apirim no mu na nnebɔne firie; na wɔn amumuyɛ adwene nni mma ɔka.
يَسْتَهْزِئُونَ وَيَتَكَلَّمُونَ بِٱلشَّرِّ ظُلْمًا. مِنَ ٱلْعَلَاءِ يَتَكَلَّمُونَ. ٨ 8
Wɔsere afoforɔ na wɔka wɔn ho nsɛm a ɛnyɛ; wɔde nhyɛsoɔ hunahuna afoforɔ wɔ ahomasoɔ mu.
جَعَلُوا أَفْوَاهَهُمْ فِي ٱلسَّمَاءِ، وَأَلْسِنَتُهُمْ تَتَمَشَّى فِي ٱلْأَرْضِ. ٩ 9
Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm, na wɔn tɛkrɛma agye asase afa.
لِذَلِكَ يَرْجِعُ شَعْبُهُ إِلَى هُنَا، وَكَمِيَاهٍ مُرْوِيَةٍ يُمْتَصُّونَ مِنْهُمْ. ١٠ 10
Ɛno enti wɔn nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛn na wonya nsuo bebree nom.
وَقَالُوا: «كَيْفَ يَعْلَمُ ٱللهُ؟ وَهَلْ عِنْدَ ٱلْعَلِيِّ مَعْرِفَةٌ؟». ١١ 11
Wɔbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahunu? Na Ɔsorosoroni no wɔ nhunumu anaa?”
هُوَذَا هَؤُلَاءِ هُمُ ٱلْأَشْرَارُ، وَمُسْتَرِيحِينَ إِلَى ٱلدَّهْرِ يُكْثِرُونَ ثَرْوَةً. ١٢ 12
Sei na amumuyɛfoɔ no teɛ, hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyadeɛ.
حَقًّا قَدْ زَكَّيْتُ قَلْبِي بَاطِلًا وَغَسَلْتُ بِٱلنَّقَاوَةِ يَدَيَّ. ١٣ 13
Ampa ara, mʼakoma a ɛho teɛ no, mannya hwee amfiri mu; me nsa a ɛnni fɔ no ayɛ kwa.
وَكُنْتُ مُصَابًا ٱلْيَوْمَ كُلَّهُ، وَتَأَدَّبْتُ كُلَّ صَبَاحٍ. ١٤ 14
Ɛda mu nyinaa mehunu amane; anɔpa biara wɔtwe mʼaso.
لَوْ قُلْتُ أُحَدِّثُ هَكَذَا، لَغَدَرْتُ بِجِيلِ بَنِيكَ. ١٥ 15
Sɛ mekaa sɛ, “Mɛkasa saa” a, anka medii wo mma no hwammɔ.
فَلَمَّا قَصَدْتُ مَعْرِفَةَ هَذَا، إِذَا هُوَ تَعَبٌ فِي عَيْنَيَّ. ١٦ 16
Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte yeinom nyinaa ase, nanso na ɛhyɛ me so
حَتَّى دَخَلْتُ مَقَادِسَ ٱللهِ، وَٱنْتَبَهْتُ إِلَى آخِرَتِهِمْ. ١٧ 17
kɔsii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ; ɛhɔ na metee deɛ ɛbɛba wɔn so awieeɛ no ase.
حَقًّا فِي مَزَالِقَ جَعَلْتَهُمْ. أَسْقَطْتَهُمْ إِلَى ٱلْبَوَارِ. ١٨ 18
Ampa ara wode wɔn gu baabi a ɛhɔ yɛ toro. Wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa.
كَيْفَ صَارُوا لِلْخَرَابِ بَغْتَةً! ٱضْمَحَلُّوا، فَنُوا مِنَ ٱلدَّوَاهِي. ١٩ 19
Sɛdeɛ wɔsɛe prɛko pɛ, na ehu hwim wɔn kɔ no,
كَحُلْمٍ عِنْدَ ٱلتَّيَقُّظِ يَارَبُّ، عِنْدَ ٱلتَّيَقُّظِ تَحْتَقِرُ خَيَالَهُمْ. ٢٠ 20
ɛte sɛ daeɛso, ɛberɛ a onipa anyaneɛ, Ao Awurade, sɛ wokanyane wo ho a, wobɛbu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a ɛnni hɔ.
لِأَنَّهُ تَمَرْمَرَ قَلْبِي، وَٱنْتَخَسْتُ فِي كُلْيَتَيَّ. ٢١ 21
Ɛberɛ a awerɛhoɔ hyɛɛ mʼakoma mu na me sunsum dii yea no,
وَأَنَا بَلِيدٌ وَلَا أَعْرِفُ. صِرْتُ كَبَهِيمٍ عِنْدَكَ. ٢٢ 22
meyɛɛ sɛ obi a ɔnnim hwee na ɔnni adwene; meyɛɛ sɛ aboa gyimifoɔ wɔ wʼanim.
وَلَكِنِّي دَائِمًا مَعَكَ. أَمْسَكْتَ بِيَدِي ٱلْيُمْنَى. ٢٣ 23
Nanso, na mene wowɔ hɔ ɛberɛ biara; na wode wo nsa nifa asɔ me mu.
بِرَأْيِكَ تَهْدِينِي، وَبَعْدُ إِلَى مَجْدٍ تَأْخُذُنِي. ٢٤ 24
Wode wʼafotuo kyerɛ me ɛkwan; na akyire no, wode me bɛkɔ animuonyam mu.
مَنْ لِي فِي ٱلسَّمَاءِ؟ وَمَعَكَ لَا أُرِيدُ شَيْئًا فِي ٱلْأَرْضِ. ٢٥ 25
Hwan na mewɔ wɔ soro ka wo ho? Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.
قَدْ فَنِيَ لَحْمِي وَقَلْبِي. صَخْرَةُ قَلْبِي وَنَصِيبِي ٱللهُ إِلَى ٱلدَّهْرِ. ٢٦ 26
Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ, nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔden ne me kyɛfa daa nyinaa.
لِأَنَّهُ هُوَذَا ٱلْبُعَدَاءُ عَنْكَ يَبِيدُونَ. تُهْلِكُ كُلَّ مَنْ يَزْنِي عَنْكَ. ٢٧ 27
Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera. Wosɛe wɔn a wɔnni wo nokorɛ nyinaa.
أَمَّا أَنَا فَٱلِٱقْتِرَابُ إِلَى ٱللهِ حَسَنٌ لِي. جَعَلْتُ بِٱلسَّيِّدِ ٱلرَّبِّ مَلْجَإِي، لِأُخْبِرَ بِكُلِّ صَنَائِعِكَ. ٢٨ 28
Nanso, me deɛ, menim sɛ ɛyɛ sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn. Mede Otumfoɔ Awurade ayɛ me hintabea; mɛka wo nneyɛɛ nyinaa akyerɛ.

< اَلْمَزَامِيرُ 73 >