< اَلْمَزَامِيرُ 69 >

لِإِمَامِ ٱلْمُغَنِّينَ. عَلَى «ٱلسُّوْسَنِّ». لِدَاوُدَ خَلِّصْنِي يَا ٱللهُ، لِأَنَّ ٱلْمِيَاهَ قَدْ دَخَلَتْ إِلَى نَفْسِي. ١ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛ “Sukooko.” Dawid dwom. Ao, Onyankopɔn, gye me nkwa na nsu no abɛdeda me kɔn mu.
غَرِقْتُ فِي حَمْأَةٍ عَمِيقَةٍ، وَلَيْسَ مَقَرٌّ. دَخَلْتُ إِلَى أَعْمَاقِ ٱلْمِيَاهِ، وَٱلسَّيْلُ غَمَرَنِي. ٢ 2
Meremem wɔ dontori a mu dɔ mu, wɔ baabi a mʼanan nnya sibea. Madu bun mu na nsu abu afa me so.
تَعِبْتُ مِنْ صُرَاخِي. يَبِسَ حَلْقِي. كَلَّتْ عَيْنَايَ مِنِ ٱنْتِظَارِ إِلَهِي. ٣ 3
Mafrɛ abrɛ rehwehwɛ mmoa. Me mene mu ayow. Mʼani so ayɛ kusuu, na merehwehwɛ me Nyankopɔn.
أَكْثَرُ مِنْ شَعْرِ رَأْسِي ٱلَّذِينَ يُبْغِضُونَنِي بِلَا سَبَبٍ. ٱعْتَزَّ مُسْتَهْلِكِيَّ أَعْدَائِي ظُلْمًا. حِينَئِذٍ رَدَدْتُ ٱلَّذِي لَمْ أَخْطَفْهُ. ٤ 4
Wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso sen me ti so nwi; wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso, wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no. Wɔhyɛ me sɛ mennan nea minnwiae no mma.
يَا ٱللهُ أَنْتَ عَرَفْتَ حَمَاقَتِي، وَذُنُوبِي عَنْكَ لَمْ تَخْفَ. ٥ 5
Wo, Onyankopɔn, nim me nkwaseasɛm; mʼafɔdi nhintaw wo.
لَا يَخْزَ بِي مُنْتَظِرُوكَ يَا سَيِّدُ رَبَّ ٱلْجُنُودِ. لَا يَخْجَلْ بِي مُلْتَمِسُوكَ يَا إِلَهَ إِسْرَائِيلَ. ٦ 6
Awurade, Awurade Tweduampɔn, mma wɔn a wɔn ani da wo so no, anim ngu ase esiane me nti, Awurade, Asafo Awurade; Israel Nyankopɔn, mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no anim ngu ase esiane me nti.
لِأَنِّي مِنْ أَجْلِكَ ٱحْتَمَلْتُ ٱلْعَارَ. غَطَّى ٱلْخَجَلُ وَجْهِي. ٧ 7
Wo nti migyina animka ano, na aniwu kata mʼanim.
صِرْتُ أَجْنَبِيًّا عِنْدَ إِخْوَتِي، وَغَرِيبًا عِنْدَ بَنِي أُمِّي. ٨ 8
Mete sɛ ɔhɔho wɔ me nuanom mu, mete sɛ ɔmamfrani wɔ me na mmabarima mu,
لِأَنَّ غَيْرَةَ بَيْتِكَ أَكَلَتْنِي، وَتَعْيِيرَاتِ مُعَيِّرِيكَ وَقَعَتْ عَلَيَّ. ٩ 9
na wo fi ho mmɔdemmɔ hyɛ me so, wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiaabu bɛda me so.
وَأَبْكَيْتُ بِصَوْمٍ نَفْسِي، فَصَارَ ذَلِكَ عَارًا عَلَيَّ. ١٠ 10
Sɛ mitwa adwo na midi mmuada a wɔbɔ me ahohora;
جَعَلْتُ لِبَاسِي مِسْحًا، وَصِرْتُ لَهُمْ مَثَلًا. ١١ 11
sɛ mifura atweaatam a nnipa de me yɛ aserewde.
يَتَكَلَّمُ فِيَّ ٱلْجَالِسُونَ فِي ٱلْبَابِ، وَأَغَانِيُّ شَرَّابِي ٱلْمُسْكِرِ. ١٢ 12
Wɔn a wɔtete ɔpon no ano no serew me, na akɔwensafo de me din to dwom.
أَمَّا أَنَا فَلَكَ صَلَاتِي يَارَبُّ فِي وَقْتِ رِضًى. يَا ٱللهُ، بِكَثْرَةِ رَحْمَتِكَ ٱسْتَجِبْ لِي، بِحَقِّ خَلَاصِكَ. ١٣ 13
Nanso mɛbɔ wo mpae, Awurade, wɔ wʼadom bere mu; wɔ wʼadɔe kɛse no nti, Ao, Onyankopɔn, fa wo nokware nkwagye no gye me so.
نَجِّنِي مِنَ ٱلطِّينِ فَلَا أَغْرَقَ. نَجِّنِي مِنْ مُبْغِضِيَّ وَمِنْ أَعْمَاقِ ٱلْمِيَاهِ. ١٤ 14
Yi me fi dontori no mu, mma memmem wɔ mu; gye me fi wɔn a wɔtan me no nsam, ne nsu bun mu.
لَا يَغْمُرَنِّي سَيْلُ ٱلْمِيَاهِ، وَلَا يَبْتَلِعَنِّي ٱلْعُمْقُ، وَلَا تُطْبِقِ ٱلْهَاوِيَةُ عَلَيَّ فَاهَا. ١٥ 15
Mma nsu nnyiri mmfa me anaa bun mmene me anaa amoa nkata me so.
ٱسْتَجِبْ لِي يَارَبُّ لِأَنَّ رَحْمَتَكَ صَالِحَةٌ. كَكَثْرَةِ مَرَاحِمِكَ ٱلْتَفِتْ إِلَيَّ. ١٦ 16
Awurade, gye me so fi wʼadɔe a eye no mu; wʼadom nti, dan bɛhwɛ me.
وَلَا تَحْجُبْ وَجْهَكَ عَنْ عَبْدِكَ، لِأَنَّ لِي ضِيْقًا. ٱسْتَجِبْ لِي سَرِيعًا. ١٧ 17
Mfa wʼanim nhintaw wo somfo; gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu.
ٱقْتَرِبْ إِلَى نَفْسِي. فُكَّهَا. بِسَبَبِ أَعْدَائِي ٱفْدِنِي. ١٨ 18
Twiw bɛn me na gye me; gye me nkwa, mʼatamfo nti.
أَنْتَ عَرَفْتَ عَارِي وَخِزْيِي وَخَجَلِي. قُدَّامَكَ جَمِيعُ مُضَايِقِيَّ. ١٩ 19
Wunim sɛnea wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wotiatia mʼanim; wʼani tua mʼatamfo nyinaa.
ٱلْعَارُ قَدْ كَسَرَ قَلْبِي فَمَرِضْتُ. ٱنْتَظَرْتُ رِقَّةً فَلَمْ تَكُنْ، وَمُعَزِّينَ فَلَمْ أَجِدْ. ٢٠ 20
Kasatia ahyɛ me koma so ama mayɛ sɛ obi a onni ɔboafo; mepɛɛ awerɛkyekye, nanso mannya bi, mepɛɛ ɔwerɛkyekyefo, nanso manhu bi.
وَيَجْعَلُونَ فِي طَعَامِي عَلْقَمًا، وَفِي عَطَشِي يَسْقُونَنِي خَلًّا. ٢١ 21
Wɔde bɔnwoma guu mʼaduan mu, osukɔm dee me no, wɔmaa me nsa nwenweenwen.
لِتَصِرْ مَائِدَتُهُمْ قُدَّامَهُمْ فَخًّا، وَلِلْآمِنِينَ شَرَكًا. ٢٢ 22
Ma wɔn didipon a esi wɔn anim nyi wɔn sɛ afiri; ma ɛnyɛ akatua ne afide mma wɔn.
لِتُظْلِمْ عُيُونُهُمْ عَنِ ٱلْبَصَرِ، وَقَلْقِلْ مُتُونَهُمْ دَائِمًا. ٢٣ 23
Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhu ade, na ma wɔn akyi nkuntun afebɔɔ.
صُبَّ عَلَيْهِمْ سَخَطَكَ، وَلْيُدْرِكْهُمْ حُمُوُّ غَضَبِكَ. ٢٤ 24
Hwie wʼabufuwhyew gu wɔn so; na ma wʼabufuw huhuhuhu no mmra wɔn so.
لِتَصِرْ دَارُهُمْ خَرَابًا، وَفِي خِيَامِهِمْ لَا يَكُنْ سَاكِنٌ. ٢٥ 25
Ma wɔn fi nyɛ amamfo; mma obiara ntena wɔn ntamadan mu.
لِأَنَّ ٱلَّذِي ضَرَبْتَهُ أَنْتَ هُمْ طَرَدُوهُ، وَبِوَجَعِ ٱلَّذِينَ جَرَحْتَهُمْ يَتَحَدَّثُونَ. ٢٦ 26
Wɔtaa wɔn a wupira wɔn no, wɔka wɔn a wupira wɔn no yawdi ho asɛm.
اِجْعَلْ إِثْمًا عَلَى إِثْمِهِمْ، وَلَا يَدْخُلُوا فِي بِرِّكَ. ٢٧ 27
Fa amumɔyɛ mu amumɔyɛ ho sobo bɔ wɔn; mma wonnya wo nkwagye mu kyɛfa.
لِيُمْحَوْا مِنْ سِفْرِ ٱلْأَحْيَاءِ، وَمَعَ ٱلصِّدِّيقِينَ لَا يُكْتَبُوا. ٢٨ 28
Pepa wɔn din fi nkwa nhoma no mu, mfa wɔn din nka atreneefo de ho.
أَمَّا أَنَا فَمِسْكِينٌ وَكَئِيبٌ. خَلَاصُكَ يَا ٱللهُ فَلْيُرَفِّعْنِي. ٢٩ 29
Mewɔ ɔyaw ne ahohiahia mu; Onyankopɔn, ma wo nkwagye no mmɔ me ho ban.
أُسَبِّحُ ٱسْمَ ٱللهِ بِتَسْبِيحٍ، وَأُعَظِّمُهُ بِحَمْدٍ. ٣٠ 30
Mede dwonto beyi Onyankopɔn din ayɛ na mede aseda ahyɛ no anuonyam.
فَيُسْتَطَابُ عِنْدَ ٱلرَّبِّ أَكْثَرَ مِنْ ثَوْرِ بَقَرٍ ذِي قُرُونٍ وَأَظْلَافٍ. ٣١ 31
Eyi bɛsɔ Awurade ani yiye asen nantwi, asen nantwinini a otua mmɛn na ɔwɔ tɔte.
يَرَى ذَلِكَ ٱلْوُدَعَاءُ فَيَفْرَحُونَ، وَتَحْيَا قُلُوبُكُمْ يَا طَالِبِي ٱللهِ. ٣٢ 32
Mmɔborɔni behu na nʼani agye, mo a mohwehwɛ Onyankopɔn no koma benya nkwa.
لِأَنَّ ٱلرَّبَّ سَامِعٌ لِلْمَسَاكِينِ وَلَا يَحْتَقِرُ أَسْرَاهُ. ٣٣ 33
Awurade tie wɔn a ade ahia wɔn, na ommu ne nkurɔfo nneduafo animtiaa.
تُسَبِّحُهُ ٱلسَّمَاوَاتُ وَٱلْأَرْضُ، ٱلْبِحَارُ وَكُلُّ مَا يَدِبُّ فِيهَا. ٣٤ 34
Ma ɔsoro ne asase nkamfo no, po ne nea ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa,
لِأَنَّ ٱللهَ يُخَلِّصُ صِهْيَوْنَ وَيَبْنِي مُدُنَ يَهُوذَا، فَيَسْكُنُونَ هُنَاكَ وَيَرِثُونَهَا. ٣٥ 35
efisɛ Onyankopɔn begye Sion nkwa na wakyekye Yuda nkuropɔn no bio. Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn de;
وَنَسْلُ عَبِيدِهِ يَمْلِكُونَهَا، وَمُحِبُّو ٱسْمِهِ يَسْكُنُونَ فِيهَا. ٣٦ 36
Nʼasomfo asefo na wɔbɛfa hɔ, na wɔn a wɔdɔ ne din no bɛtena hɔ.

< اَلْمَزَامِيرُ 69 >