< اَلْمَزَامِيرُ 42 >

لِإِمَامِ ٱلْمُغَنِّينَ. قَصِيدَةٌ لِبَنِي قُورَحَ كَمَا يَشْتَاقُ ٱلْإِيَّلُ إِلَى جَدَاوِلِ ٱلْمِيَاهِ، هَكَذَا تَشْتَاقُ نَفْسِي إِلَيْكَ يَا ٱللهُ. ١ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Koramma “maskil” dwom. Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsuwansuwa no, saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, me Nyankopɔn.
عَطِشَتْ نَفْسِي إِلَى ٱللهِ، إِلَى ٱلْإِلَهِ ٱلْحَيِّ. مَتَى أَجِيءُ وَأَتَرَاءَى قُدَّامَ ٱللهِ؟ ٢ 2
Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefo no. Da bɛn na metumi akohyia Onyankopɔn?
صَارَتْ لِي دُمُوعِي خُبْزًا نَهَارًا وَلَيْلًا إِذْ قِيلَ لِي كُلَّ يَوْمٍ: «أَيْنَ إِلَهُكَ؟». ٣ 3
Me nisu ayɛ mʼaduan awia ne anadwo, na da mu nyinaa nnipa bisa me se: “Wo Nyankopɔn wɔ he?”
هَذِهِ أَذْكُرُهَا فَأَسْكُبُ نَفْسِي عَلَيَّ: لِأَنِّي كُنْتُ أَمُرُّ مَعَ ٱلْجُمَّاعِ، أَتَدَرَّجُ مَعَهُمْ إِلَى بَيْتِ ٱللهِ بِصَوْتِ تَرَنُّمٍ وَحَمْدٍ، جُمْهُورٌ مُعَيِّدٌ. ٤ 4
Saa nneɛma yi na mekae bere a mereka me koma mu nsɛm; sɛnea na midi asafokuw anim, na yɛde anigye nteɛteɛmu ne aseda nnwom nantew yuu bɔ mu kɔ Onyankopɔn fi wɔ afahyɛ da no.
لِمَاذَا أَنْتِ مُنْحَنِيَةٌ يَا نَفْسِي؟ وَلِمَاذَا تَئِنِّينَ فِيَّ؟ ٱرْتَجِي ٱللهَ، لِأَنِّي بَعْدُ أَحْمَدُهُ، لِأَجْلِ خَلَاصِ وَجْهِهِ. ٥ 5
Me kra, adɛn, na woabotow? Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.
يَا إِلَهِي، نَفْسِي مُنْحَنِيَةٌ فِيَّ، لِذَلِكَ أَذْكُرُكَ مِنْ أَرْضِ ٱلْأُرْدُنِّ وَجِبَالِ حَرْمُونَ، مِنْ جَبَلِ مِصْعَرَ. ٦ 6
Me kra abotow wɔ me mu, enti mɛkae wo fi Yordan asase so, Hermon mmepɔw so, fi Bepɔw Misar so.
غَمْرٌ يُنَادِي غَمْرًا عِنْدَ صَوْتِ مَيَازِيبِكَ. كُلُّ تَيَّارَاتِكَ وَلُجَجِكَ طَمَتْ عَلَيَّ. ٧ 7
Ebun kɔ bun mu wɔ wo nsu a ɛworo gu no nnyigyei mu; wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.
بِٱلنَّهَارِ يُوصِي ٱلرَّبُّ رَحْمَتَهُ، وَبِاللَّيْلِ تَسْبِيحُهُ عِنْدِي صَلَاةٌ لِإِلَهِ حَيَاتِي. ٨ 8
Adekyee mu, Awurade kyerɛ nʼadɔe, adesae mu, ne dwom ba me nkyɛn, mpae a mebɔ srɛ me nkwa Nyankopɔn.
أَقُولُ لِلهِ صَخْرَتِي: «لِمَاذَا نَسِيتَنِي؟ لِمَاذَا أَذْهَبُ حَزِينًا مِنْ مُضَايَقَةِ ٱلْعَدُوِّ؟». ٩ 9
Mibisa Onyankopɔn, me Botan no se, “Adɛn nti na wo werɛ afi me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo, mʼatamfo nhyɛso nti?”
بِسَحْقٍ فِي عِظَامِي عَيَّرَنِي مُضَايِقِيَّ، بِقَوْلِهِمْ لِي كُلَّ يَوْمٍ: «أَيْنَ إِلَهُكَ؟». ١٠ 10
Me nnompe te ɔdesani yawdi, mʼahohiahiafo ateetee nti, daa nyinaa wobisa me se, “Wo Nyankopɔn wɔ he?”
لِمَاذَا أَنْتِ مُنْحَنِيَةٌ يَا نَفْسِي؟ وَلِمَاذَا تَئِنِّينَ فِيَّ؟ تَرَجَّيِ ٱللهَ، لِأَنِّي بَعْدُ أَحْمَدُهُ، خَلَاصَ وَجْهِي وَإِلَهِي. ١١ 11
Me kra, adɛn, na woabotow? Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.

< اَلْمَزَامِيرُ 42 >