< أَمْثَالٌ 12 >

مَنْ يُحِبُّ ٱلتَّأْدِيبَ يُحِبُّ ٱلْمَعْرِفَةَ، وَمَنْ يُبْغِضُ ٱلتَّوْبِيخَ فَهُوَ بَلِيدٌ. ١ 1
Obiara a ɔpɛ ahohyɛso no pɛ nimdeɛ, na nea okyi nteɛso no yɛ ogyimifo.
ٱلصَّالِحُ يَنَالُ رِضًى مِنْ قِبَلِ ٱلرَّبِّ، أَمَّا رَجُلُ ٱلْمَكَايِدِ فَيَحْكُمُ عَلَيْهِ. ٢ 2
Nnipa pa nya Awurade nkyɛn adom, na Awurade bu amumɔyɛfo fɔ.
لَا يُثَبَّتُ ٱلْإِنْسَانُ بِٱلشَّرِّ، أَمَّا أَصْلُ ٱلصِّدِّيقِينَ فَلَا يَتَقَلْقَلُ. ٣ 3
Amumɔyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim, na wɔrentumi ntu ɔtreneeni ase.
اَلْمَرْأَةُ ٱلْفَاضِلَةُ تَاجٌ لِبَعْلِهَا، أَمَّا ٱلْمُخْزِيَةُ فَكَنَخْرٍ فِي عِظَامِهِ. ٤ 4
Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛw, nanso ɔyere nimguasefo te sɛ porɔwee wɔ ne kunu nnompe mu.
أَفْكَارُ ٱلصِّدِّيقِينَ عَدْلٌ. تَدَابِيرُ ٱلْأَشْرَارِ غِشٌّ. ٥ 5
Atreneefo nhyehyɛe yɛ pɛ, na amumɔyɛfo afotu yɛ nnaadaa.
كَلَامُ ٱلْأَشْرَارِ كُمُونٌ لِلدَّمِ، أَمَّا فَمُ ٱلْمُسْتَقِيمِينَ فَيُنَجِّيهِمْ. ٦ 6
Amumɔyɛfo nsɛm da hɔ twɛn mogya, na ɔtreneeni kasa yi wɔn fi mu.
تَنْقَلِبُ ٱلْأَشْرَارُ وَلَا يَكُونُونَ، أَمَّا بَيْتُ ٱلصِّدِّيقِينَ فَيَثْبُتُ. ٧ 7
Wotu amumɔyɛfo gu na wɔyera, nanso atreneefo fi gyina pintinn.
بِحَسَبِ فِطْنَتِهِ يُحْمَدُ ٱلْإِنْسَانُ، أَمَّا ٱلْمُلْتَوِي ٱلْقَلْبِ فَيَكُونُ لِلْهَوَانِ. ٨ 8
Wɔkamfo onipa sɛnea ne nyansa te na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye de, wobu wɔn animtiaa.
اَلْحَقِيرُ وَلَهُ عَبْدٌ خَيْرٌ مِنَ ٱلْمُتَمَجِّدِ وَيُعْوِزُهُ ٱلْخُبْزُ. ٩ 9
Eye sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta nanso wowɔ ɔsomfo, sen sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wunni aduan.
ٱلصِّدِّيقُ يُرَاعِي نَفْسَ بَهِيمَتِهِ، أَمَّا مَرَاحِمُ ٱلْأَشْرَارِ فَقَاسِيَةٌ. ١٠ 10
Ɔtreneeni ma ne nyɛmmoa nea wɔpɛ, na amumɔyɛfo nneyɛe a eye pa ara yɛ atirimɔden.
مَنْ يَشْتَغِلْ بِحَقْلِهِ يَشْبَعْ خُبْزًا، أَمَّا تَابِعُ ٱلْبَطَّالِينَ فَهُوَ عَدِيمُ ٱلْفَهْمِ. ١١ 11
Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan bebree, na nea odi nsɛm huhuw akyi no nni adwene.
اِشْتَهَى ٱلشِّرِّيرُ صَيْدَ ٱلْأَشْرَارِ، وَأَصْلُ ٱلصِّدِّيقِينَ يُجْدِي. ١٢ 12
Amumɔyɛfo pɛ abɔnefo asade, nanso ɔtreneeni ase dɔ.
فِي مَعْصِيَةِ ٱلشَّفَتَيْنِ شَرَكُ ٱلشِّرِّيرِ، أَمَّا ٱلصِّدِّيقُ فَيَخْرُجُ مِنَ ٱلضِّيقِ. ١٣ 13
Ɔbɔnefo anosɛm yi no sɛ afiri, nanso ɔtreneeni nya ne ho tetew wɔ ahohia mu.
ٱلْإِنْسَانُ يَشْبَعُ خَيْرًا مِنْ ثَمَرِ فَمِهِ، وَمُكَافَأَةُ يَدَيِ ٱلْإِنْسَانِ تُرَدُّ لَهُ. ١٤ 14
Nneɛma pa fi onipa anom aba mu hyɛ no ma sɛnea ne nsa ano adwuma ma no akatua no.
طَرِيقُ ٱلْجَاهِلِ مُسْتَقِيمٌ فِي عَيْنَيْهِ، أَمَّا سَامِعُ ٱلْمَشُورَةِ فَهُوَ حَكِيمٌ. ١٥ 15
Ɔkwasea akwan teɛ nʼani so, na onyansafo tie afotu.
غَضَبُ ٱلْجَاهِلِ يُعْرَفُ فِي يَوْمِهِ، أَمَّا سَاتِرُ ٱلْهَوَانِ فَهُوَ ذَكِيٌّ. ١٦ 16
Nkwaseafo bo nkyɛ fuw, nanso mmadwemma bu wɔn ani gu animka so.
مَنْ يَتَفَوَّهْ بِٱلْحَقِّ يُظْهِرِ ٱلْعَدْلَ، وَٱلشَّاهِدُ ٱلْكَاذِبُ يُظْهِرُ غِشًّا. ١٧ 17
Ɔdanseni nokwafo di adanse turodoo, na nea odi adansekurum no twa nkontompo.
يُوجَدُ مَنْ يَهْذُرُ مِثْلَ طَعْنِ ٱلسَّيْفِ، أَمَّا لِسَانُ ٱلْحُكَمَاءِ فَشِفَاءٌ. ١٨ 18
Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ afoa nanso onyansafo tɛkrɛma ma abodwo.
شَفَةُ ٱلصِّدْقِ تَثْبُتُ إِلَى ٱلْأَبَدِ، وَلِسَانُ ٱلْكَذِبِ إِنَّمَا هُوَ إِلَى طَرْفَةِ ٱلْعَيْنِ. ١٩ 19
Ano a ɛka nokware no tim hɔ daa, na atoro tɛkrɛma renkyɛ koraa.
اَلْغِشُّ فِي قَلْبِ ٱلَّذِينَ يُفَكِّرُونَ فِي ٱلشَّرِّ، أَمَّا ٱلْمُشِيرُونَ بِٱلسَّلَامِ فَلَهُمْ فَرَحٌ. ٢٠ 20
Nnaadaa hyɛ wɔn a wodwen bɔne ho no koma mu, na wɔn a wɔpɛ asomdwoe nya ahosɛpɛw.
لَا يُصِيبُ ٱلصِّدِّيقَ شَرٌّ، أَمَّا ٱلْأَشْرَارُ فَيَمْتَلِئُونَ سُوءًا. ٢١ 21
Ɔhaw biara rento ɔtreneeni, nanso amanehunu mee amumɔyɛfo.
كَرَاهَةُ ٱلرَّبِّ شَفَتَا كَذِبٍ، أَمَّا ٱلْعَامِلُونَ بِٱلصِّدْقِ فَرِضَاهُ. ٢٢ 22
Awurade kyi ano a etwa atoro, na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho.
اَلرَّجُلُ ٱلذَّكِيُّ يَسْتُرُ ٱلْمَعْرِفَةَ، وَقَلْبُ ٱلْجَاهِلِ يُنَادِي بِٱلْحَمَقِ. ٢٣ 23
Ɔtreneeni mmɔ ne nimdeɛ ho dawuru nanso ɔkwasea koma da agyimisɛm adi.
يَدُ ٱلْمُجْتَهِدِينَ تَسُودُ، أَمَّا ٱلرَّخْوَةُ فَتَكُونُ تَحْتَ ٱلْجِزْيَةِ. ٢٤ 24
Nsa a ɛyɛ adwuma no bedi tumi, nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.
ٱلْغَمُّ فِي قَلْبِ ٱلرَّجُلِ يُحْنِيهِ، وَٱلْكَلِمَةُ ٱلطَّيِّبَةُ تُفَرِّحُهُ. ٢٥ 25
Koma a ɛpere ade ho ma onipa botow, nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.
ٱلصِّدِّيقُ يَهْدِي صَاحِبَهُ، أَمَّا طَرِيقُ ٱلْأَشْرَارِ فَتُضِلُّهُمْ. ٢٦ 26
Ɔtreneeni wɔ ntoboase wɔ ayɔnkofa mu, nanso amumɔyɛfo kwan ma wɔfom.
ٱلرَّخَاوَةُ لَا تَمْسِكُ صَيْدًا، أَمَّا ثَرْوَةُ ٱلْإِنْسَانِ ٱلْكَرِيمَةُ فَهِيَ الِٱجْتِهَادُ. ٢٧ 27
Onihawfo ntoto ne hanam, nanso nsiyɛfo ahonyade som bo ma wɔn.
فِي سَبِيلِ ٱلْبِرِّ حَيَاةٌ، وَفِي طَرِيقِ مَسْلِكِهِ لَا مَوْتَ. ٢٨ 28
Trenee kwan mu wɔ nkwa; na owu nni saa kwan no so.

< أَمْثَالٌ 12 >