< أَيُّوبَ 5 >

«اُدْعُ ٱلْآنَ. فَهَلْ لَكَ مِنْ مُجِيبٍ؟ وَإِلَى أَيِّ ٱلْقِدِّيسِينَ تَلْتَفِتُ؟ ١ 1
“Wobɛfrɛ a frɛ, na hena na obegye wo so? Akronkronfo no mu hena nkyɛn na wobɛkɔ?
لِأَنَّ ٱلْغَيْظَ يَقْتُلُ ٱلْغَبِيَّ، وَٱلْغَيْرَةَ تُمِيتُ ٱلْأَحْمَقَ. ٢ 2
Ahisɛm kum ɔkwasea, na anibere kum atetekwaa.
إِنِّي رَأَيْتُ ٱلْغَبِيَّ يَتَأَصَّلُ وَبَغْتَةً لَعَنْتُ مَرْبِضَهُ. ٣ 3
Mʼankasa mahu ɔkwasea a ɔrefefɛw, nanso mpofirim, wɔdomee ne fi.
بَنُوهُ بَعِيدُونَ عَنِ ٱلْأَمْنِ، وَقَدْ تَحَطَّمُوا فِي ٱلْبَابِ وَلَا مُنْقِذَ. ٤ 4
Ne mma ne bammɔ ntam kwan ware, wɔdwerɛw wɔn wɔ asennii a wonni ɔkamafo.
ٱلَّذِينَ يَأْكُلُ ٱلْجَوْعَانُ حَصِيدَهُمْ، وَيَأْخُذُهُ حَتَّى مِنَ ٱلشَّوْكِ، وَيَشْتَفُّ ٱلظَّمْآنُ ثَرْوَتَهُمْ. ٥ 5
Nea ɔkɔm de no no di ne nnɔbae, na ɔfa fi nsɔe mu mpo, na nea osukɔm de no no pere di nʼahode akyi.
إِنَّ ٱلْبَلِيَّةَ لَا تَخْرُجُ مِنَ ٱلتُّرَابِ، وَٱلشَّقَاوَةَ لَا تَنْبُتُ مِنَ ٱلْأَرْضِ، ٦ 6
Ahokyere mpue mmfi dɔte mu na ɔhaw nso mfifi mmfi fam.
وَلَكِنَّ ٱلْإِنْسَانَ مَوْلُودٌ لِلْمَشَقَّةِ كَمَا أَنَّ ٱلْجَوَارِحَ لِٱرْتِفَاعِ ٱلْجَنَاحِ. ٧ 7
Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mu mpɛn dodow a gyaframa turuw kɔ soro no.
«لَكِنْ كُنْتُ أَطْلُبُ إِلَى ٱللهِ، وَعَلَى ٱللهِ أَجْعَلُ أَمْرِي. ٨ 8
“Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka meguan atoa Onyankopɔn; na mede mʼasɛm ato nʼanim.
ٱلْفَاعِلِ عَظَائِمَ لَا تُفْحَصُ وَعَجَائِبَ لَا تُعَدُّ. ٩ 9
Ɔyɛ anwonwade a wontumi nhwehwɛ mu, ne nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan ne dodow.
ٱلْمُنْزِلِ مَطَرًا عَلَى وَجْهِ ٱلْأَرْضِ، وَٱلْمُرْسِلِ ٱلْمِيَاهَ عَلَى ٱلْبَرَارِيِّ. ١٠ 10
Ɔtɔ osu gu asase so; na ɔde kɔ wuram.
ٱلْجَاعِلِ ٱلْمُتَوَاضِعِينَ فِي ٱلْعُلَى، فَيَرْتَفِعُ ٱلْمَحْزُونُونَ إِلَى أَمْنٍ. ١١ 11
Ɔde ahobrɛasefo si nea ɛkorɔn, na ɔma wɔn a wodi awerɛhow nya asomdwoe.
ٱلْمُبْطِلِ أَفْكَارَ ٱلْمُحْتَالِينَ، فَلَا تُجْرِي أَيْدِيهِمْ قَصْدًا. ١٢ 12
Ɔsɛe aniferefo nhyehyɛe, ma wɔn nsa si fam.
ٱلْآخِذِ ٱلْحُكَمَاءَ بِحِيلَتِهِمْ، فَتَتَهَوَّرُ مَشُورَةُ ٱلْمَاكِرِينَ. ١٣ 13
Ɔkyere anyansafo wɔ wɔn anifere mu, na ɔbɔ anitewfo nhyehyɛe gu.
فِي ٱلنَّهَارِ يَصْدِمُونَ ظَلَامًا، وَيَتَلَمَّسُونَ فِي ٱلظَّهِيرَةِ كَمَا فِي ٱللَّيْلِ. ١٤ 14
Sum duru wɔn awia ketee; na wɔkeka wɔ owigyinae mu te sɛ anadwo.
ٱلْمُنَجِّيَ ٱلْبَائِسَ مِنَ ٱلسَّيْفِ، مِنْ فَمِهِمْ وَمِنْ يَدِ ٱلْقَوِيِّ. ١٥ 15
Ogye ahiafo fi afoa a ɛhyɛ wɔn anom; ogye wɔn fi ahoɔdenfo nkyehama mu.
فَيَكُونُ لِلذَّلِيلِ رَجَاءٌ وَتَسُدُّ ٱلْخَطِيَّةُ فَاهَا. ١٦ 16
Enti ahiafo wɔ anidaso, na ntɛnkyew ka nʼano to mu.
«هُوَذَا طُوبَى لِرَجُلٍ يُؤَدِّبُهُ ٱللهُ. فَلَا تَرْفُضْ تَأْدِيبَ ٱلْقَدِيرِ. ١٧ 17
“Nhyira ne onipa a Onyankopɔn teɛ no, enti mmu Otumfo nteɛteɛ no animtiaa.
لِأَنَّهُ هُوَ يَجْرَحُ وَيَعْصِبُ. يَسْحَقُ وَيَدَاهُ تَشْفِيَانِ. ١٨ 18
Efisɛ ɔno na opira na ɔno ara akyekyere; opira nanso ne nsa sa yare.
فِي سِتِّ شَدَائِدَ يُنَجِّيكَ، وَفِي سَبْعٍ لَا يَمَسُّكَ سُوءٌ. ١٩ 19
Obegye wo afi ɔhaw ahorow asia mu; ason so no, bɔne biara renka wo.
فِي ٱلْجُوعِ يَفْدِيكَ مِنَ ٱلْمَوْتِ، وَفِي ٱلْحَرْبِ مِنْ حَدِّ ٱلسَّيْفِ. ٢٠ 20
Ɔkɔm ba a, obegye wo afi owu mu, na ɔko mu nso, obegye wo afi afoa ano.
مِنْ سَوْطِ ٱللِّسَانِ تُخْتَبَأُ، فَلَا تَخَافُ مِنَ ٱلْخَرَابِ إِذَا جَاءَ. ٢١ 21
Wɔbɛbɔ wo ho ban afi ntwirii ho na sɛ ɔsɛe ba a ɛnsɛ sɛ wusuro.
تَضْحَكُ عَلَى ٱلْخَرَابِ وَٱلْمَحْلِ، وَلَا تَخْشَى وُحُوشَ ٱلْأَرْضِ. ٢٢ 22
Wobɛserew ɔsɛe ne ɔkɔm; na ɛnsɛ sɛ wusuro asase so mmoa.
لِأَنَّهُ مَعَ حِجَارَةِ ٱلْحَقْلِ عَهْدُكَ، وَوُحُوشُ ٱلْبَرِّيَّةِ تُسَالِمُكَ. ٢٣ 23
Wo ne afuw so abo bɛyɛ apam, na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoe mu.
فَتَعْلَمُ أَنَّ خَيْمَتَكَ آمِنَةٌ، وَتَتَعَهَّدُ مَرْبِضَكَ وَلَا تَفْقِدُ شَيْئًا. ٢٤ 24
Wubehu sɛ wo ntamadan wɔ bammɔ; na sɛ wosese wʼahode a wubehu sɛ hwee nyeraa ɛ.
وَتَعْلَمُ أَنَّ زَرْعَكَ كَثِيرٌ وَذُرِّيَّتَكَ كَعُشْبِ ٱلْأَرْضِ. ٢٥ 25
Wubehu sɛ wo mma bɛyɛ bebree; na wʼase bɛfɛe sɛ asase so sare.
تَدْخُلُ ٱلْمَدْفَنَ فِي شَيْخُوخَةٍ، كَرَفْعِ ٱلْكُدْسِ فِي أَوَانِهِ. ٢٦ 26
Wode ahoɔden bɛkɔ ɔda mu, te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwabere mu.
هَا إِنَّ ذَا قَدْ بَحَثْنَا عَنْهُ. كَذَا هُوَ. فَٱسْمَعْهُ وَٱعْلَمْ أَنْتَ لِنَفْسِكَ». ٢٧ 27
“Yɛahwehwɛ eyi mu, na ɛyɛ nokware ɛno nti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.”

< أَيُّوبَ 5 >