< إِرْمِيَا 48 >

عَنْ مُوآبَ: «هَكَذَا قَالَ رَبُّ ٱلْجُنُودِ إِلَهُ إِسْرَائِيلَ: وَيْلٌ لِنَبُو لِأَنَّهَا قَدْ خَرِبَتْ. خَزِيَتْ وَأُخِذَتْ قَرْيَتَايِمُ. خَزِيَتْ مِسْجَابُ وَٱرْتَعَبَتْ. ١ 1
Asɛm a ɛfa Moab ho no nie: Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no; wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam.
لَيْسَ مَوْجُودًا بَعْدُ فَخْرُ مُوآبَ. فِي حَشْبُونَ فَكَّرُوا عَلَيْهَا شَرًّا. هَلُمَّ فَنَقْرِضُهَا مِنْ أَنْ تَكُونَ أُمَّةً. وَأَنْتِ أَيْضًا يَا مَدْمِينُ تُصَمِّينَ وَيَذْهَبُ وَرَاءَكِ ٱلسَّيْفُ. ٢ 2
Wɔrenkamfo Moab bio; Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ; ‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’ Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom; akofena no bɛtaa mo.
صَوْتُ صِيَاحٍ مِنْ حُورُونَايِمَ، هَلَاكٌ وَسَحْقٌ عَظِيمٌ. ٣ 3
Montie osu a ɛfiri Horonaim, adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su.
قَدْ حُطِّمَتْ مُوآبُ، وَأَسْمَعَ صِغَارُهَا صُرَاخًا. ٤ 4
Wɔbɛbɔ Moab: na ne mma nketewa bɛteateam.
لِأَنَّهُ فِي عَقَبَةِ لُوحِيتَ يَصْعَدُ بُكَاءٌ عَلَى بُكَاءٍ، لِأَنَّهُ فِي مُنْحَدَرِ حُورُونَايِمَ سَمِعَ ٱلْأَعْدَاءُ صُرَاخَ ٱنْكِسَارٍ. ٥ 5
Wɔforo kɔ Luhit, wɔde agyaadwotwa a emu yɛ den na ɛrekɔ; ɛkwan a ɛkɔ Horonaim so no wɔte ahoyera mu agyaadwotwa wɔ adesɛeɛ no ho.
ٱهْرُبُوا نَجُّوا أَنْفُسَكُمْ، وَكُونُوا كَعَرْعَرٍ فِي ٱلْبَرِّيَّةِ. ٦ 6
Monnwane! Montu mmirika mpere mo nkwa. Momfa mo ho nsie sɛ wira wɔ anweatam so.
«فَمِنْ أَجْلِ ٱتِّكَالِكِ عَلَى أَعْمَالِكِ وَعَلَى خَزَائِنِكِ سَتُؤْخَذِينَ أَنْتِ أَيْضًا، وَيَخْرُجُ كَمُوشُ إِلَى ٱلسَّبْيِ، كَهَنَتُهُ ورُؤَسَاؤُهُ مَعًا. ٧ 7
Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti, mo nso wɔbɛfa mo nnommum, na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu, ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ.
وَيَأْتِي ٱلْمُهْلِكُ إِلَى كُلِّ مَدِينَةٍ، فَلَا تُفْلِتُ مَدِينَةٌ، فَيَبِيدُ ٱلْوَطَاءُ، وَيَهْلِكُ ٱلسَّهْلُ كَمَا قَالَ ٱلرَّبُّ. ٨ 8
Ɔsɛefoɔ no bɛtu kuro biara so sa, na emu biara renya ne ho ntete. Wɔbɛsɛe bɔnhwa no na wɔasɛe mmepɔ mpampam a ɛyɛ tamaa no, ɛfiri sɛ Awurade akasa.
أَعْطُوا مُوآبَ جَنَاحًا لِأَنَّهَا تَخْرُجُ طَائِرَةً وَتَصِيرُ مُدُنُهَا خَرِبَةً بِلَا سَاكِنٍ فِيهَا. ٩ 9
Momfa nkyene nhyɛ Moab, ɛfiri sɛ wɔrebɛsɛe no; ne nkuro bɛda mpan a obiara rentena soɔ.
مَلْعُونٌ مَنْ يَعْمَلُ عَمَلَ ٱلرَّبِّ بِرِخَاءٍ، وَمَلْعُونٌ مَنْ يَمْنَعُ سَيْفَهُ عَنِ ٱلدَّمِ. ١٠ 10
“Nnome nka deɛ ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho! Nnome nka deɛ ɔmmfa nʼakofena nhwie mogya nguo!
«مُسْتَرِيحٌ مُوآبُ مُنْذُ صِبَاهُ، وَهُوَ مُسْتَقِرٌّ عَلَى دُرْدِيِّهِ، وَلَمْ يُفْرَغْ مِنْ إِنَاءٍ إِلَى إِنَاءٍ، وَلَمْ يَذْهَبْ إِلَى ٱلسَّبْيِ. لِذَلِكَ بَقِيَ طَعْمُهُ فِيهِ، وَرَائِحَتُهُ لَمْ تَتَغَيَّرْ. ١١ 11
“Moab atena ase asomdwoeɛ mu firi ne mmerante ɛberɛ mu, te sɛ nsã ase puo a ataa dinn a wɔnnhwie mfirii ahina mu nkɔguu ahina foforɔ mu da; saa ara na Moab nso nkɔɔ nnommumfa mu da. Enti ɔte sɛ deɛ ɔte ara, na ne ho hwa nsesa.
لِذَلِكَ هَا أَيَّامٌ تَأْتِي، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، وَأُرْسِلُ إِلَيْهِ مُصْغِينَ فَيُصْغُونَهُ، وَيُفَرِّغُونَ آنِيَتَهُ، وَيَكْسِرُونَ أَوْعِيَتَهُمْ. ١٢ 12
Nanso, nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛsoma mmarima a wɔhwie nsã firi ahina mu, na wɔbɛhwie no agu; wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee na wɔabobɔ ne nkuruwa.
فَيَخْجَلُ مُوآبُ مِنْ كَمُوشَ، كَمَا خَجِلَ بَيْتُ إِسْرَائِيلَ مِنْ بَيْتِ إِيلَ مُتَّكَلِهِمْ. ١٣ 13
Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu, sɛdeɛ Israel efie anim guu ase ɛberɛ a wɔde wɔn ho too Bet-El soɔ no.
«كَيْفَ تَقُولُونَ نَحْنُ جَبَابِرَةٌ وَرِجَالُ قُوَّةٍ لِلْحَرْبِ؟ ١٤ 14
“Ɛyɛ dɛn na wotumi ka sɛ, ‘Yɛyɛ nnɔmmarima, mmarima akokoɔdurufoɔ wɔ ɔsa mu’?
أُهْلِكَتْ مُوآبُ وَصَعِدَتْ مُدُنُهَا، وَخِيَارُ مُنْتَخَبِيهَا نَزَلُوا لِلْقَتْلِ، يَقُولُ ٱلْمَلِكُ رَبُّ ٱلْجُنُودِ ٱسْمُهُ. ١٥ 15
Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkuro so sa; ne mmeranteɛ a wɔte apɔ no, wɔbɛkunkum wɔn,” deɛ Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no seɛ nie.
قَرِيبٌ مَجِيءُ هَلَاكِ مُوآبَ، وَبَلِيَّتُهَا مُسْرِعَةٌ جِدًّا. ١٦ 16
“Moab asehweɛ abɛn; nʼamanehunu bɛba ntɛm.
اُنْدُبُوهَا يَا جَمِيعَ ٱلَّذِينَ حَوَالَيْهَا، وَكُلَّ ٱلْعَارِفِينَ ٱسْمَهَا قُولُوا: كَيْفَ ٱنْكَسَرَ قَضِيبُ ٱلْعِزِّ، عَصَا ٱلْجَلَالِ؟ ١٧ 17
Monsu no, mo a motete ne ho nyinaa, ne mo a monim ne din nyinaa; monka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempoma a ɛyɛ den yi? Ɛyɛɛ dɛn na wɔabu animuonyam poma fɛfɛ yi mu?’
اِنْزِلِي مِنَ ٱلْمَجْدِ، ٱجْلِسِي فِي ٱلظَّمَاءِ أَيَّتُهَا ٱلسَّاكِنَةُ بِنْتَ دِيبُونَ، لِأَنَّ مُهْلِكَ مُوآبَ قَدْ صَعِدَ إِلَيْكِ وَأَهْلَكَ حُصُونَكِ. ١٨ 18
“Firi wʼanimuonyam mu, na bɛtena asase wesee no so, wo a wote Ɔbabaa Dibon mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔsɛe Moab no bɛtu aba wo so; abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ no.
قِفِي عَلَى ٱلطَّرِيقِ وَتَطَلَّعِي يَا سَاكِنَةَ عَرُوعِيرَ. ٱسْأَلِي ٱلْهَارِبَ وَٱلنَّاجِيَةَ. قُولِي: مَاذَا حَدَثَ؟ ١٩ 19
Gyina kwankyɛn na hwɛ, wo a wote Aroer. Bisa ɔbarima a ɔredwane no ne ɔbaa a ɔrefiri mu afi, bisa wɔn sɛ, ‘Asɛm bɛn na asie?’
قَدْ خَزِيَ مُوآبُ لِأَنَّهُ قَدْ نُقِضَ. وَلْوِلُوا وَٱصْرُخُوا. أَخْبِرُوا فِي أَرْنُونَ أَنَّ مُوآبَ قَدْ أُهْلِكَ. ٢٠ 20
Moab anim agu ase, ɛfiri sɛ wɔabubu no pasaa; montwa adwo na monteateam! Mommɔ dawuro wɔ Arnon ho sɛ wɔasɛe Moab.
وَقَدْ جَاءَ ٱلْقَضَاءُ عَلَى أَرْضِ ٱلسَّهْلِ، عَلَى حُولُونَ وَعَلَى يَهْصَةَ وَعَلَى مَيْفَعَةَ، ٢١ 21
Atemmuo aba bepɔ tamaa so wɔ Holon, Yahas ne Mefaat,
وَعَلَى دِيبُونَ وَعَلَى نَبُو وَعَلَى بَيْتِ دَبْلَتَايِمَ، ٢٢ 22
Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim
وَعَلَى قَرْيَتَايِمَ وَعَلَى بَيْتِ جَامُولَ وَعَلَى بَيْتِ مَعُونَ، ٢٣ 23
ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon
وَعَلَى قَرْيُوتَ وَعَلَى بُصْرَةَ وَعَلَى كُلِّ مُدُنِ أَرْضِ مُوآبَ ٱلْبَعِيدَةِ وَٱلْقَرِيبَةِ. ٢٤ 24
ne Keriot ne Bosra wɔ Moab nkuro nyinaa, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn.
عُضِبَ قَرْنُ مُوآبَ، وَتَحَطَّمَتْ ذِرَاعُهُ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ٢٥ 25
Wɔatwa Moab abɛn; na ne basa abu,” Awurade na ɔseɛ.
«أَسْكِرُوهُ لِأَنَّهُ قَدْ تَعَاظَمَ عَلَى ٱلرَّبِّ، فَيَتَمَرَّغَ مُوآبُ فِي قُيَائِهِ، وَهُوَ أَيْضًا يَكُونُ ضُحْكَةً. ٢٦ 26
“Momma no mmoro nsã, ɛfiri sɛ wabu Awurade animtia. Momma Moab nyantam wɔ ne feɛ mu; momma no nyɛ fɛdideɛ.
أَفَمَا كَانَ إِسْرَائِيلُ ضُحْكَةً لَكَ؟ هَلْ وُجِدَ بَيْنَ ٱللُّصُوصِ حَتَّى أَنَّكَ كُلَّمَا كُنْتَ تَتَكَلَّمُ بِهِ كُنْتَ تَنْغَضُ ٱلرَّأْسَ؟ ٢٧ 27
Ɛnyɛ Israel na na ɔyɛ mo fɛdideɛ? Wɔkyeree no akorɔmfoɔ mu anaa, a enti mowoso mo ti animtiabuo so ɛberɛ biara a mobɛka ne ho asɛm?
خَلُّوا ٱلْمُدُنَ، وَٱسْكُنُوا فِي ٱلصَّخْرِ يَاسُكَّانَ مُوآبَ، وَكُونُوا كَحَمَامَةٍ تُعَشِّشُ فِي جَوَانِبِ فَمِ ٱلْحُفْرَةِ. ٢٨ 28
Monfifiri mo nkuro so nkɔtena abotan mu, mo a motete Moab. Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuo wɔ ɔbodan ano.
قَدْ سَمِعْنَا بِكِبْرِيَاءِ مُوآبَ. هُوَ مُتَكَبِّرٌ جِدًّا. بِعَظَمَتِهِ وَبِكِبْرِيَائِهِ وَجَلَالِهِ وَٱرْتِفَاعِ قَلْبِهِ. ٢٩ 29
“Yɛate Moab ahantan no nʼahomasoɔ ne gye a ɔgye ne ho di mmorosoɔ; nʼahantan ne nʼahomasoɔ, ne nʼakoma mu ahohoahoa.
أَنَا عَرَفْتُ سَخَطَهُ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، إِنَّهُ بَاطِلٌ. أَكَاذِيبُهُ فَعَلَتْ بَاطِلًا. ٣٠ 30
Menim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,” Awurade na ɔseɛ, “na nʼahohoahoa mfa hwee mma.
مِنْ أَجْلِ ذَلِكَ أُوَلْوِلُ عَلَى مُوآبَ، وَعَلَى مُوآبَ كُلِّهِ أَصْرُخُ. يُؤَنُّ عَلَى رِجَالِ قِيرَ حَارِسَ. ٣١ 31
Enti metwa adwo ma Moab, mesu team ma Moabfoɔ nyinaa, medi awerɛhoɔ ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.
أَبْكِي عَلَيْكِ بُكَاءَ يَعْزِيرَ، يَا جَفْنَةَ سَبْمَةَ. قَدْ عَبَرَتْ قُضْبَانُكِ ٱلْبَحْرَ، وَصَلَتْ إِلَى بَحْرِ يَعْزِيرَ. وَقَعَ ٱلْمُهْلِكُ عَلَى جَنَاكِ، وَعَلَى قِطَافِكِ. ٣٢ 32
Mesu ma mo sɛdeɛ Yaser su, Ao Sibma bobe. Mo mman dendane kɔɔ ɛpo ho pɛɛ; kɔduruu Yaser ɛpo ho. Ɔsɛefoɔ no abɛgu mo nnuaba a abereɛ ne mo bobe no so.
وَنُزِعَ ٱلْفَرَحُ وَٱلطَّرَبُ مِنَ ٱلْبُسْتَانِ، وَمِنْ أَرْضِ مُوآبَ. وَقَدْ أُبْطِلَتِ ٱلْخَمْرُ مِنَ ٱلْمَعَاصِرِ. لَا يُدَاسُ بِهُتَافٍ. جَلَبَةٌ لَا هُتَافٌ. ٣٣ 33
Ahosɛpɛ ne anigyeɛ atu afiri Moab nnuaba nturo ne mfuo so. Matwa nsã a ɛtene firi nsakyimena no so; obiara mmfa ahosɛpɛ ntiatia bobe no so. Ɛwom sɛ nteateam wɔ hɔ deɛ, nanso ɛnyɛ ahosɛpɛ nteateam.
قَدْ أَطْلَقُوا صَوْتَهُمْ مِنْ صُرَاخِ حَشْبُونَ إِلَى أَلْعَالَةَ إِلَى يَاهَصَ، مِنْ صُوغَرَ إِلَى حُورُونَايِمَ، كَعِجْلَةٍ ثُلَاثِيَّةٍ، لِأَنَّ مِيَاهَ نِمْرِيمَ أَيْضًا تَصِيرُ خَرِبَةً. ٣٤ 34
“Wɔn su ano den gyegye firi Hesbon de kɔsi Eleale ne Yahas, firi Soar de kɔsi Horonaim ne Eglat Selisiya. Mpo, nsuo a ɛwɔ Nimrim no awe.
وَأُبَطِّلُ مِنْ مُوآبَ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، مَنْ يُصْعِدُ فِي مُرْتَفَعَةٍ، وَمَنْ يُبَخِّرُ لِآلِهَتِهِ. ٣٥ 35
Moab hɔ no, mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhwam a wɔhye ma wɔn anyame no bɛba awieeɛ,” Awurade na ɔseɛ.
مِنْ أَجْلِ ذَلِكَ يُصَوِّتُ قَلْبِي لِمُوآبَ كَنَايٍ، وَيُصَوِّتُ قَلْبِي لِرِجَالِ قِيرَ حَارِسَ كَنَايٍ، لِأَنَّ ٱلثَّرْوَةَ ٱلَّتِي ٱكْتَسَبُوهَا قَدْ بَادَتْ. ٣٦ 36
“Enti mʼakoma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab; esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset. Ahonyadeɛ a wɔpɛeɛ no kɔ.
لِأَنَّ كُلَّ رَأْسٍ أَقْرَعُ، وَكُلَّ لِحْيَةٍ مَجْزُوزَةٌ، وَعَلَى كُلِّ ٱلْأَيَادِي خُمُوشٌ، وَعَلَى ٱلْأَحْقَاءِ مُسُوحٌ. ٣٧ 37
Wɔabɔ etire biara tikwa na wɔayi abɔgyesɛ biara; nsa nyinaa ho ayɛ akamakam na ayitoma sisi obiara asene.
عَلَى كُلِّ سُطُوحِ مُوآبَ وَفِي شَوَارِعِهَا كُلِّهَا نَوْحٌ، لِأَنِّي قَدْ حَطَمْتُ مُوآبَ كَإِنَاءٍ لَا مَسَرَّةَ بِهِ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ٣٨ 38
Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifi ne ɔmanfoɔ adwaberem nyinaa, biribiara nni hɔ sɛ awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ mabubu Moab ayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,” Awurade na ɔseɛ.
يُوَلْوِلُونَ قَائِلِينَ: كَيْفَ نُقِضَتْ؟ كَيْفَ حَوَّلَتْ مُوآبُ قَفَاهَا بِخِزْيٍ؟ فَقَدْ صَارَتْ مُوآبُ ضُحْكَةً وَرُعْبًا لِكُلِّ مَنْ حَوَالَيْهَا. ٣٩ 39
“Hwɛ sɛdeɛ wabubuo afa! Hwɛ sɛdeɛ wɔretwa adwoɔ! Na hwɛ sɛdeɛ Moab de aniwuo dane nʼakyi! Moab ayɛ fɛdideɛ ne ahodwiredeɛ ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.”
لِأَنَّهُ هَكَذَا قَالَ ٱلرَّبُّ: هَا هُوَ يَطِيرُ كَنَسْرٍ، وَيَبْسُطُ جَنَاحَيْهِ عَلَى مُوآبَ. ٤٠ 40
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ reto hoo aba fam. Watrɛ ne ntaban mu wɔ Moab so.
قَدْ أُخِذَتْ قَرْيُوتُ، وَأُمْسِكَتِ ٱلْحَصِينَاتُ، وَسَيَكُونُ قَلْبُ جَبَابِرَةِ مُوآبَ فِي ذَلِكَ ٱلْيَوْمِ كَقَلْبِ ٱمْرَأَةٍ مَاخِضٍ. ٤١ 41
Wɔbɛfa Keriot nnommum na wafa nʼaban denden no. Saa ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.
وَيَهْلِكُ مُوآبُ عَنْ أَنْ يَكُونَ شَعْبًا، لِأَنَّهُ قَدْ تَعَاظَمَ عَلَى ٱلرَّبِّ. ٤٢ 42
Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio, ɛfiri sɛ, ɔbuu Awurade animtia.
خَوْفٌ وَحُفْرَةٌ وَفَخٌّ عَلَيْكَ يَا سَاكِنَ مُوآبَ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ٤٣ 43
Ehu, nkomena ne mfidie retwɛn mo, Ao Moabfoɔ,” Awurade na ɔseɛ.
ٱلَّذِي يَهْرُبُ مِنْ وَجْهِ ٱلْخَوْفِ يَسْقُطُ فِي ٱلْحُفْرَةِ، وَٱلَّذِي يَصْعَدُ مِنَ ٱلْحُفْرَةِ يَعْلَقُ فِي ٱلْفَخِّ، لِأَنِّي أَجْلِبُ عَلَيْهَا، أيْ عَلَى مُوآبَ، سَنَةَ عِقَابِهِمْ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ٤٤ 44
“Deɛ ɔdwane deɛ ɛyɛ hu no bɛtɔ nkomena mu, deɛ ɔbɛforo afiri nkomena no mu no, afidie bɛyi no; na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,” Awurade na ɔseɛ.
فِي ظِلِّ حَشْبُونَ وَقَفَ ٱلْهَارِبُونَ بِلَا قُوَّةٍ، لِأَنَّهُ قَدْ خَرَجَتْ نَارٌ مِنْ حَشْبُونَ، وَلَهِيبٌ مِنْ وَسْطِ سِيحُونَ، فَأَكَلَتْ زَاوِيَةَ مُوآبَ، وَهَامَةَ بَنِي ٱلْوَغَى. ٤٥ 45
“Hesbon nwunu ase na adwanefoɔ no gyinagyina a wɔnni mmoa biara, ɛfiri sɛ ogya bi atu afiri Hesbon; ɛgyadɛreɛ bi firi Sihon mfimfini; ɛhye Moabfoɔ moma, ne ahohoahoafoɔ a wɔn ano yɛ den no ti kwankoraa.
وَيْلٌ لَكَ يَا مُوآبُ! بَادَ شَعْبُ كَمُوشَ، لِأَنَّ بَنِيكَ قَدْ أُخِذُوا إِلَى ٱلسَّبْيِ وَبَنَاتِكَ إِلَى ٱلْجَلَاءِ. ٤٦ 46
Nnome nka wo Ao, Moab! Wɔasɛe Kemos nkurɔfoɔ no; wɔde wo mmammarima kɔ nnommumfa mu na wo mmammaa nso kɔ nkoasom mu.
وَلَكِنَّنِي أَرُدُّ سَبْيَ مُوآبَ فِي آخِرِ ٱلْأَيَّامِ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ». إِلَى هُنَا قَضَاءُ مُوآبَ. ٤٧ 47
“Nanso mede Moab adenya bɛsane ama no wɔ nna a ɛbɛba no mu,” Awurade na ɔseɛ. Moab atemmuo no awieeɛ nie.

< إِرْمِيَا 48 >