< إِرْمِيَا 31 >

«فِي ذَلِكَ ٱلزَّمَانِ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، أَكُونُ إِلَهًا لِكُلِّ عَشَائِرِ إِسْرَائِيلَ، وَهُمْ يَكُونُونَ لِي شَعْبًا. ١ 1
“Saa bere no,” Awurade na ose, “Mɛyɛ Israel mmusuakuw no nyinaa Nyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.”
هَكَذَا قَالَ ٱلرَّبُّ: قَدْ وَجَدَ نِعْمَةً فِي ٱلْبَرِّيَّةِ، ٱلشَّعْبُ ٱلْبَاقِي عَنِ ٱلسَّيْفِ، إِسْرَائِيلُ حِينَ سِرْتُ لِأُرِيحَهُ». ٢ 2
Nea Awurade se ni: “Nnipa a wotumi gyinaa wɔ afoa ano no benya adom wɔ nweatam so; mede ahomegye bɛbrɛ Israel.”
تَرَاءَى لِي ٱلرَّبُّ مِنْ بَعِيدٍ: «وَمَحَبَّةً أَبَدِيَّةً أَحْبَبْتُكِ، مِنْ أَجْلِ ذَلِكَ أَدَمْتُ لَكِ ٱلرَّحْمَةَ. ٣ 3
Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kan no na ɔkae se, “Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo mede adɔe atwe mo.
سَأَبْنِيكِ بَعْدُ، فَتُبْنَيْنَ يَا عَذْرَاءَ إِسْرَائِيلَ. تَتَزَيَّنِينَ بَعْدُ بِدُفُوفِكِ، وَتَخْرُجِينَ فِي رَقْصِ ٱللَّاعِبِينَ. ٤ 4
Mede mo besi hɔ bio na wɔbɛsan de wo, Ɔbabun Israel, asi hɔ. Wobɛfa wʼakasae bio na woafi adi ne anigyefo akɔsaw.
تَغْرِسِينَ بَعْدُ كُرُومًا فِي جِبَالِ ٱلسَّامِرَةِ. يَغْرِسُ ٱلْغَارِسُونَ وَيَبْتَكِرُونَ. ٥ 5
Bio, mobɛyɛ bobe nturo wɔ Samaria nkoko so; akuafo no bedua na wɔadi so aba.
لِأَنَّهُ يَكُونُ يَوْمٌ يُنَادِي فِيهِ ٱلنَّوَاطِيرُ فِي جِبَالِ أَفْرَايِمَ: قُومُوا فَنَصْعَدَ إِلَى صِهْيَوْنَ، إِلَى ٱلرَّبِّ إِلَهِنَا. ٦ 6
Da bi bɛba a, awɛmfo bɛteɛ mu wɔ Efraim nkoko so se, ‘Mommra, momma yɛnforo nkɔ Sion, nkɔ Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn.’”
لِأَنَّهُ هَكَذَا قَالَ ٱلرَّبُّ: رَنِّمُوا لِيَعْقُوبَ فَرَحًا، وَٱهْتِفُوا بِرَأْسِ ٱلشُّعُوبِ. سَمِّعُوا، سَبِّحُوا، وَقُولُوا: خَلِّصْ يَارَبُّ شَعْبَكَ بَقِيَّةَ إِسْرَائِيلَ. ٧ 7
Nea Awurade se ni: “Momfa ahosɛpɛw nto nnwom mma Yakob; Monteɛ mu mma amanaman mu kannifo. Momma wɔnte mo ayeyi na monka se, ‘Awurade, gye wo nkurɔfo, Israel nkae no.’
هَأَنَذَا آتِي بِهِمْ مِنْ أَرْضِ ٱلشِّمَالِ، وَأَجْمَعُهُمْ مِنْ أَطْرَافِ ٱلْأَرْضِ. بَيْنَهُمُ ٱلْأَعْمَى وَٱلْأَعْرَجُ، ٱلْحُبْلَى وَٱلْمَاخِضُ مَعًا. جَمْعٌ عَظِيمٌ يَرْجِعُ إِلَى هُنَا. ٨ 8
Hwɛ, mede wɔn befi atifi fam asase so aba na maboa wɔn ano afi nsase ano. Wɔn mu bi bɛyɛ anifuraefo, mpakye, apemfo ne mmea a wɔwɔ awoko mu; dɔm kɛse bɛsan aba.
بِٱلْبُكَاءِ يَأْتُونَ، وَبِٱلتَّضَرُّعَاتِ أَقُودُهُمْ. أُسَيِّرُهُمْ إِلَى أَنْهَارِ مَاءٍ فِي طَرِيقٍ مُسْتَقِيمَةٍ لَا يَعْثُرُونَ فِيهَا. لِأَنِّي صِرْتُ لِإِسْرَائِيلَ أَبًا، وَأَفْرَايِمُ هُوَ بِكْرِي. ٩ 9
Wɔde osu na ɛbɛba; wɔbɛbɔ mpae bere a mede wɔn resan aba no. Mede wɔn bɛfa nsuwa ho; ɔkwan tamaa a wɔrenhintiw wɔ so, efisɛ mɛyɛ Israel agya, na Efraim yɛ me babarima piesie.
«اِسْمَعُوا كَلِمَةَ ٱلرَّبِّ أَيُّهَا ٱلْأُمَمُ، وَأَخْبِرُوا فِي ٱلْجَزَائِرِ ٱلْبَعِيدَةِ، وَقُولُوا: مُبَدِّدُ إِسْرَائِيلَ يَجْمَعُهُ وَيَحْرُسُهُ كَرَاعٍ قَطِيعَهُ. ١٠ 10
“Muntie Awurade asɛm, mo amanaman; mommɔ no dawuru wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so se, ‘Nea ɔbɔɔ Israel petee no bɛboaboa wɔn ano na wahwɛ ne nguankuw so sɛ oguanhwɛfo.’
لِأَنَّ ٱلرَّبَّ فَدَى يَعْقُوبَ وَفَكَّهُ مِنْ يَدِ ٱلَّذِي هُوَ أَقْوَى مِنْهُ. ١١ 11
Na Awurade begyina mu ama Yakob na wagye wɔn afi wɔn a wɔwɔ ahoɔden sen wɔn no nsam.
فَيَأْتُونَ وَيُرَنِّمُونَ فِي مُرْتَفَعِ صِهْيَوْنَ، وَيَجْرُونَ إِلَى جُودِ ٱلرَّبِّ عَلَى ٱلْحِنْطَةِ وَعَلَى ٱلْخَمْرِ وَعَلَى ٱلزَّيْتِ وَعَلَى أَبْنَاءِ ٱلْغَنَمِ وَٱلْبَقَرِ. وَتَكُونُ نَفْسُهُمْ كَجَنَّةٍ رَيَّا، وَلَا يَعُودُونَ يَذُوبُونَ بَعْدُ. ١٢ 12
Wɔbɛba na wɔde ahurusi ateɛ mu wɔ Sion sorɔnsorɔmmea; wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ akyɛde bebrebe a efi Awurade hɔ mu, atoko, nsa foforo ne ngo, nguantenmma ne anantwi. Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsu yiye, na wɔrenni awerɛhow bio.
حِينَئِذٍ تَفْرَحُ ٱلْعَذْرَاءُ بِٱلرَّقْصِ، وَٱلشُّبَّانُ وَٱلشُّيُوخُ مَعًا. وَأُحَوِّلُ نَوْحَهُمْ إِلَى طَرَبٍ، وَأُعَزِّيهِمْ وَأُفَرِّحُهُمْ مِنْ حُزْنِهِمْ. ١٣ 13
Afei mmabaa bɛsaw na wɔn ani agye, mmerante ne nkwakoraa nso ka ho. Mɛma wɔn awerɛhow adan anigye; mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛw de asi awerɛhow anan mu.
وَأُرْوِي نَفْسَ ٱلْكَهَنَةِ مِنَ ٱلدَّسَمِ، وَيَشْبَعُ شَعْبِي مِنْ جُودِي، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ١٤ 14
Mɛma asɔfo no nea ehia wɔn ama abu so, na mama mʼakyɛde bebrebe amee me nkurɔfo,” Awurade, na ose.
«هَكَذَا قَالَ ٱلرَّبُّ: صَوْتٌ سُمِعَ فِي ٱلرَّامَةِ، نَوْحٌ، بُكَاءٌ مُرٌّ. رَاحِيلُ تَبْكِي عَلَى أَوْلَادِهَا، وَتَأْبَى أَنْ تَتَعَزَّى عَنْ أَوْلَادِهَا لِأَنَّهُمْ لَيْسُوا بِمَوْجُودِينَ. ١٥ 15
Sɛɛ na Awurade se: “Wɔte nne bi wɔ Rama, awerɛhow ne agyaadwotwa bebree, Rahel resu ne mma na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ, efisɛ ne mma nni hɔ bio.”
هَكَذَا قَالَ ٱلرَّبُّ: ٱمْنَعِي صَوْتَكِ عَنِ ٱلْبُكَاءِ، وَعَيْنَيْكِ عَنِ ٱلدُّمُوعِ، لِأَنَّهُ يُوجَدُ جَزَاءٌ لِعَمَلِكِ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. فَيَرْجِعُونَ مِنْ أَرْضِ ٱلْعَدُوِّ. ١٦ 16
Sɛɛ na Awurade se: “Hyɛ wo ho so na woansu, mia wʼani na woante nusu, efisɛ wobetua wʼadwumayɛ so ka,” Awurade na ose. “Wɔbɛsan afi atamfo no asase so aba.
وَيُوجَدُ رَجَاءٌ لِآخِرَتِكِ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. فَيَرْجِعُ ٱلْأَبْنَاءُ إِلَى تُخُمِهِمْ. ١٧ 17
Enti anidaso wɔ hɔ ma wo daakye.” Awurade na ose. Wo mma bɛsan aba wɔn ankasa asase so.
«سَمْعًا سَمِعْتُ أَفْرَايِمَ يَنْتَحِبُ: أَدَّبْتَنِي فَتَأَدَّبْتُ كَعِجْلٍ غَيْرِ مَرُوضٍ. تَوِّبْنِي فَأَتُوبَ، لِأَنَّكَ أَنْتَ ٱلرَّبُّ إِلَهِي. ١٨ 18
“Ampa ara mate sɛ Efraim resu se, ‘Woteɛteɛɛ me so sɛ nantwi ba a nʼani yɛ den, na manya ahohyɛso. Gye me bio, na mɛsan aba, efisɛ wo ne Awurade, me Nyankopɔn.
لِأَنِّي بَعْدَ رُجُوعِي نَدِمْتُ، وَبَعْدَ تَعَلُّمِي صَفَقْتُ عَلَى فَخْذِي. خَزِيتُ وَخَجِلْتُ لِأَنِّي قَدْ حَمَلْتُ عَارَ صِبَايَ. ١٩ 19
Meman akyi no, minyaa adwensakra; na akyiri a minyaa ntease no, mebɔɔ me koko so. Mʼanim guu ase na mefɛree, efisɛ me mmabun mu animguase da so so me.’
هَلْ أَفْرَايِمُ ٱبْنٌ عَزِيزٌ لَدَيَّ، أَوْ وَلَدٌ مُسِرٌّ؟ لِأَنِّي كُلَّمَا تَكَلَّمْتُ بِهِ أَذْكُرُهُ بَعْدُ ذِكْرًا. مِنْ أَجْلِ ذَلِكَ حَنَّتْ أَحْشَائِي إِلَيْهِ. رَحْمَةً أَرْحَمُهُ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ٢٠ 20
Efraim nyɛ me babarima dɔfo, ɔba a ɔsɔ mʼani ana? Ɛwɔ mu, metaa kasa tia no de, nanso meda so kae no. Enti me koma pere hwehwɛ no; mewɔ ayamhyehye ma no,” sɛɛ na Awurade se.
«اِنْصِبِي لِنَفْسِكِ صُوًى. ٱجْعَلِي لِنَفْسِكِ أَنْصَابًا. ٱجْعَلِي قَلْبَكِ نَحْوَ ٱلسِّكَّةِ، ٱلطَّرِيقِ ٱلَّتِي ذَهَبْتِ فِيهَا. ٱرْجِعِي يَا عَذْرَاءَ إِسْرَائِيلَ. ٱرْجِعِي إِلَى مُدُنِكِ هَذِهِ. ٢١ 21
“Momfa agyiraehyɛde nsisi akwan ho; munsisi akwankyerɛ afadum. Monhyɛ ɔtempɔn no nsow, ɔkwan a monam so ba. San wʼakyi, Ɔbabun Israel, san bra wo nkurow so.
حَتَّى مَتَى تَطُوفِينَ أَيَّتُهَا ٱلْبِنْتُ ٱلْمُرْتَدَّةُ؟ لِأَنَّ ٱلرَّبَّ قَدْ خَلَقَ شَيْئًا حَدِيثًا فِي ٱلْأَرْضِ. أُنْثَى تُحِيطُ بِرَجُلٍ. ٢٢ 22
Wubekyinkyin akosi da bɛn, Ɔbabea Israel sesafo? Awurade bɛyɛ ade foforo wɔ asase so, ɔbea bɛbɔ ɔbarima ho ban.”
هَكَذَا قَالَ رَبُّ ٱلْجُنُودِ إِلَهُ إِسْرَائِيلَ: سَيَقُولُونَ بَعْدُ هَذِهِ ٱلْكَلِمَةَ فِي أَرْضِ يَهُوذَا وَفِي مُدُنِهَا، عِنْدَمَا أَرُدُّ سَبْيَهُمْ: يُبَارِكُكَ ٱلرَّبُّ يَا مَسْكِنَ ٱلْبِرِّ، يَا أَيُّهَا ٱلْجَبَلُ ٱلْمُقَدَّسُ. ٢٣ 23
Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: “Sɛ mesan de wɔn fi nnommum mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkurow so bɛsan aka saa nsɛm yi se, ‘Awurade nhyira wo, wo yiyeyɛ kuropɔn ne bepɔw kronkron.’
فَيَسْكُنُ فِيهِ يَهُوذَا وَكُلُّ مُدُنِهِ مَعًا، ٱلْفَّلَاحُونَ وَٱلَّذِينَ يُسَرِّحُونَ ٱلْقُطْعَانَ. ٢٤ 24
Nnipa bɛbɔ mu atena ase wɔ Yuda ne ne nkurow nyinaa so, akuafo ne wɔn a wɔde wɔn nguankuw nenam.
لِأَنِّي أَرْوَيْتُ ٱلنَّفْسَ ٱلْمُعْيِيَةَ، وَمَلَأْتُ كُلَّ نَفْسٍ ذَائِبَةٍ. ٢٥ 25
Mɛma nea wabrɛ no anya ahoɔden foforo, na nea watɔ piti no nso mɛma no amee.”
عَلَى ذَلِكَ ٱسْتَيْقَظْتُ وَنَظَرْتُ وَلَذَّ لِي نَوْمِي. ٢٦ 26
Minyanee, na mehwɛɛ me ho hyiae. Medaa hatee.
«هَا أَيَّامٌ تَأْتِي، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، وَأَزْرَعُ بَيْتَ إِسْرَائِيلَ وَبَيْتَ يَهُوذَا بِزَرْعِ إِنْسَانٍ وَزَرْعِ حَيَوَانٍ. ٢٧ 27
“Nna bi reba,” Awurade na ose, “A mede nnipa mma ne mmoa mma bedua Israel ne Yuda fi.
وَيَكُونُ كَمَا سَهِرْتُ عَلَيْهِمْ لِلِٱقْتِلَاعِ وَٱلْهَدْمِ وَٱلْقَرْضِ وَٱلْإِهْلَاكِ وَٱلْأَذَى، كَذَلِكَ أَسْهَرُ عَلَيْهِمْ لِلْبِنَاءِ وَٱلْغَرْسِ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ٢٨ 28
Sɛnea mehwɛ ma wotutui, wodwiriwii, wobubui, wɔsɛee na wɔde amanehunu bae no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛnea Awurade se ni.
فِي تِلْكَ ٱلْأَيَّامِ لَا يَقُولُونَ بَعْدُ: ٱلْآبَاءُ أَكَلُوا حِصْرِمًا، وَأَسْنَانُ ٱلْأَبْنَاءِ ضَرِسَتْ. ٢٩ 29
Saa nna no mu, nnipa renka bio se, “‘Agyanom adi bobe nwennaa, na mma se afem.’
بَلْ كُلُّ وَاحِدٍ يَمُوتُ بِذَنْبِهِ. كُلُّ إِنْسَانٍ يَأْكُلُ ٱلْحِصْرِمَ تَضْرَسُ أَسْنَانُهُ. ٣٠ 30
Mmom, obiara bewu wɔ ɔno ara bɔne ho; nea obedi bobe nwennaa no ɔno na ne se bɛfem.
«هَا أَيَّامٌ تَأْتِي، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، وَأَقْطَعُ مَعَ بَيْتِ إِسْرَائِيلَ وَمَعَ بَيْتِ يَهُوذَا عَهْدًا جَدِيدًا. ٣١ 31
“Bere no reba,” Awurade na ose, “a me ne Israelfi ne Yudafi bɛyɛ apam foforo.
لَيْسَ كَٱلْعَهْدِ ٱلَّذِي قَطَعْتُهُ مَعَ آبَائِهِمْ يَوْمَ أَمْسَكْتُهُمْ بِيَدِهِمْ لِأُخْرِجَهُمْ مِنْ أَرْضِ مِصْرَ، حِينَ نَقَضُوا عَهْدِي فَرَفَضْتُهُمْ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ٣٢ 32
Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛe no bere a misoo wɔn nsa, dii wɔn anim fii Misraim, esiane sɛ wobuu mʼapam so, wɔ bere a na meyɛ okunu ma wɔn no,” Awurade na ose.
بَلْ هَذَا هُوَ ٱلْعَهْدُ ٱلَّذِي أَقْطَعُهُ مَعَ بَيْتِ إِسْرَائِيلَ بَعْدَ تِلْكَ ٱلْأَيَّامِ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ: أَجْعَلُ شَرِيعَتِي فِي دَاخِلِهِمْ وَأَكْتُبُهَا عَلَى قُلُوبِهِمْ، وَأَكُونُ لَهُمْ إِلَهًا وَهُمْ يَكُونُونَ لِي شَعْبًا. ٣٣ 33
“Eyi ne apam a me ne Israelfi bɛyɛ saa bere no akyi,” Awurade na ose. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na makyerɛw wɔ wɔn koma so. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.
وَلَا يُعَلِّمُونَ بَعْدُ كُلُّ وَاحِدٍ صَاحِبَهُ، وَكُلُّ وَاحِدٍ أَخَاهُ، قَائِلِينَ: ٱعْرِفُوا ٱلرَّبَّ، لِأَنَّهُمْ كُلَّهُمْ سَيَعْرِفُونَنِي مِنْ صَغِيرِهِمْ إِلَى كَبِيرِهِمْ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، لِأَنِّي أَصْفَحُ عَنْ إِثْمِهِمْ، وَلَا أَذْكُرُ خَطِيَّتَهُمْ بَعْدُ. ٣٤ 34
Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio, anaa ne nua se, ‘Hu Awurade,’ Efisɛ, wɔn nyinaa behu me, efi wɔn mu akumaa so, kosi ɔkɛse so,” Sɛnea Awurade se ni. “Na mede wɔn amumɔyɛ bɛkyɛ wɔn, na merenkae wɔn bɔne bio.”
«هَكَذَا قَالَ ٱلرَّبُّ ٱلْجَاعِلُ ٱلشَّمْسَ لِلْإِضَاءَةِ نَهَارًا، وَفَرَائِضَ ٱلْقَمَرِ وَٱلنُّجُومِ لِلْإِضَاءَةِ لَيْلًا، ٱلزَّاجِرُ ٱلْبَحْرَ حِينَ تَعِجُّ أَمْوَاجُهُ، رَبُّ ٱلْجُنُودِ ٱسْمُهُ: ٣٥ 35
Sɛɛ na Awurade se, nea ɔma owia hyerɛn adekyee, na ɔhyɛ ɔsram ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo; nea ɔkanyan ɛpo ma nʼasorɔkye bobɔ mu, Asafo Awurade ne ne din.
إِنْ كَانَتْ هَذِهِ ٱلْفَرَائِضُ تَزُولُ مِنْ أَمَامِي، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، فَإِنَّ نَسْلَ إِسْرَائِيلَ أَيْضًا يَكُفُّ مِنْ أَنْ يَكُونَ أُمَّةً أَمَامِي كُلَّ ٱلْأَيَّامِ. ٣٦ 36
“Saa ahyɛde yi twa mu mʼani so a,” Awurade na ose, “ɛno ansa na Israel begyae ɔmanyɛ wɔ mʼanim.”
هَكَذَا قَالَ ٱلرَّبُّ: إِنْ كَانَتِ ٱلسَّمَاوَاتُ تُقَاسُ مِنْ فَوْقُ وَتُفْحَصُ أَسَاسَاتُ ٱلْأَرْضِ مِنْ أَسْفَلُ، فَإِنِّي أَنَا أَيْضًا أَرْفُضُ كُلَّ نَسْلِ إِسْرَائِيلَ مِنْ أَجْلِ كُلِّ مَا عَمِلُوا، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ٣٧ 37
Sɛɛ na Awurade se: “Sɛ wobetumi asusuw wim ntrɛwmu na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mu a ɛno de, mɛpo Israel asefo nyinaa, esiane nea wɔayɛ nyinaa nti,” Awurade na ose.
«هَا أَيَّامٌ تَأْتِي، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، وَتُبْنَى ٱلْمَدِينَةُ لِلرَّبِّ مِنْ بُرْجِ حَنَنْئِيلَ إِلَى بَابِ ٱلزَّاوِيَةِ، ٣٨ 38
“Nna no reba,” Awurade na ose, “a wɔbɛkyekye kuropɔn yi bio ama me, fi Hananel abantenten kosi Twɔtwɔw so Pon.
وَيَخْرُجُ بَعْدُ خَيْطُ ٱلْقِيَاسِ مُقَابِلَهُ عَلَى أَكَمَةِ جَارِبَ، وَيَسْتَدِيرُ إِلَى جَوْعَةَ، ٣٩ 39
Wɔbɛtwe susuhama no mu, afi hɔ de akosi Gareb koko so, na akɔntɔn akɔ Goa.
وَيَكُونُ كُلُّ وَادِي ٱلْجُثَثِ وَٱلرَّمَادِ، وَكُلُّ ٱلْحُقُولِ إِلَى وَادِي قَدْرُونَ إِلَى زَاوِيَةِ بَابِ ٱلْخَيْلِ شَرْقًا، قُدْسًا لِلرَّبِّ. لَا تُقْلَعُ وَلَا تُهْدَمُ إِلَى ٱلْأَبَدِ». ٤٠ 40
Obon a wɔtow afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bon mu wɔ apuei fam, kosi apɔnkɔ pon no twɔtwɔw so bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”

< إِرْمِيَا 31 >