< إِرْمِيَا 29 >

هَذَا كَلَامُ ٱلرِّسَالَةِ ٱلَّتِي أَرْسَلَهَا إِرْمِيَا ٱلنَّبِيُّ مِنْ أُورُشَلِيمَ إِلَى بَقِيَّةِ شُيُوخِ ٱلسَّبْيِ، وَإِلَى ٱلْكَهَنَةِ وَٱلْأَنْبِيَاءِ، وَإِلَى كُلِّ ٱلشَّعْبِ ٱلَّذِينَ سَبَاهُمْ نَبُوخَذْنَاصَّرُ مِنْ أُورُشَلِيمَ إِلَى بَابِلَ، ١ 1
Eyi ne krataa mu nsɛm a odiyifo Yeremia kyerɛw fii Yerusalem kɔmaa nnommum no mu mpanyimfo nkae, asɔfo, adiyifo ne nnipa a wɔaka nyinaa a Nebukadnessar afa wɔn afi Yerusalem akɔ Babilonia no.
بَعْدَ خُرُوجِ يَكُنْيَا ٱلْمَلِكِ وَٱلْمَلِكَةِ وَٱلْخِصْيَانِ وَرُؤَسَاءِ يَهُوذَا وَأُورُشَلِيمَ وَٱلنَّجَّارِينَ وَٱلْحَدَّادِينَ مِنْ أُورُشَلِيمَ، ٢ 2
(Eyi yɛ bere a ɔhene Yehoiakyin ne ɔhemmea no, asennii adwumayɛfo, Yuda ne Yerusalem ntuanofo, adwumfo ahorow nyinaa afi Yerusalem akɔ nnommum mu no akyi.)
بِيَدِ أَلْعَاسَةَ بْنِ شَافَانَ، وَجَمَرْيَا بْنِ حِلْقِيَّا، ٱللَّذَيْنِ أَرْسَلَهُمَا صِدْقِيَّا مَلِكُ يَهُوذَا إِلَى نَبُوخَذْنَاصَّرَ مَلِكِ بَابِلَ إِلَى بَابِلَ قَائِلًا: ٣ 3
Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia no. Krataa no mu nsɛm ni:
«هَكَذَا قَالَ رَبُّ ٱلْجُنُودِ إِلَهُ إِسْرَائِيلَ لِكُلِّ ٱلسَّبْيِ ٱلَّذِي سَبَيْتُهُ مِنْ أُورُشَلِيمَ إِلَى بَابِلَ: ٤ 4
Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wɔn a mema wɔfaa wɔn nnommum fi Yerusalem kɔɔ Babilonia no nyinaa ni:
اِبْنُوا بُيُوتًا وَٱسْكُنُوا، وَٱغْرِسُوا جَنَّاتٍ وَكُلُوا ثَمَرَهَا. ٥ 5
“Munsisi afi, na momfa mmɔ atenase; monyɛ nturo na munni mu aba.
خُذُوا نِسَاءً وَلِدُوا بَنِينَ وَبَنَاتٍ وَخُذُوا لِبَنِيكُمْ نِسَاءً وَأَعْطُوا بَنَاتِكُمْ لِرِجَالٍ فَيَلِدْنَ بَنِينَ وَبَنَاتٍ، وَٱكْثُرُوا هُنَاكَ وَلَا تَقِلُّوا. ٦ 6
Monwareware, na monwowo mmabarima ne mmabea. Monhwehwɛ yerenom mma mo mmabarima na momfa mo mmabea nso mma aware, na wɔn nso nwowo mmabarima ne mmabea. Monnɔ wɔ hɔ na mo so antew.
وَٱطْلُبُوا سَلَامَ ٱلْمَدِينَةِ ٱلَّتِي سَبَيْتُكُمْ إِلَيْهَا، وَصَلُّوا لِأَجْلِهَا إِلَى ٱلرَّبِّ، لِأَنَّهُ بِسَلَامِهَا يَكُونُ لَكُمْ سَلَامٌ. ٧ 7
Afei, monhwehwɛ kuropɔn a mema wotuu mo kɔtenaa so no asomdwoe ne yiyedi. Mommɔ Awurade mpae mma no, efisɛ ne yiyedi mu na mo nso mubedi yiye.”
لِأَنَّهُ هَكَذَا قَالَ رَبُّ ٱلْجُنُودِ إِلَهُ إِسْرَائِيلَ: لَا تَغُشَّكُمْ أَنْبِيَاؤُكُمُ ٱلَّذِينَ فِي وَسَطِكُمْ وَعَرَّافُوكُمْ، وَلَا تَسْمَعُوا لِأَحْلَامِكُمُ ٱلَّتِي تَتَحَلَّمُونَهَا. ٨ 8
Yiw, sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: “Mommma adiyifo ne nkɔmhyɛfo a wɔwɔ mo mu no nnaadaa mo. Munntie wɔn adae a mohyɛ wɔn nkuran ma wɔsoso no.
لِأَنَّهُمْ إِنَّمَا يَتَنَبَّأُونَ لَكُمْ بِٱسْمِي بِٱلْكَذِبِ. أَنَا لَمْ أُرْسِلْهُمْ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ٩ 9
Wɔhyɛ atoro nkɔm wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,” Awurade na ose.
«لِأَنَّهُ هَكَذَا قَالَ ٱلرَّبُّ: إِنِّي عِنْدَ تَمَامِ سَبْعِينَ سَنَةً لِبَابِلَ، أَتَعَهَّدُكُمْ وَأُقِيمُ لَكُمْ كَلَامِي ٱلصَّالِحَ، بِرَدِّكُمْ إِلَى هَذَا ٱلْمَوْضِعِ. ١٠ 10
Nea Awurade se ni: “Sɛ mosom Babilonia mfe aduɔson a, mɛba abɛhwɛ mo na mɛma mʼadom mu bɔhyɛ sɛ mede mo bɛba ha bio no aba mu.
لِأَنِّي عَرَفْتُ ٱلْأَفْكَارَ ٱلَّتِي أَنَا مُفْتَكِرٌ بِهَا عَنْكُمْ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، أَفْكَارَ سَلَامٍ لَا شَرٍّ، لِأُعْطِيَكُمْ آخِرَةً وَرَجَاءً. ١١ 11
Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo,” Awurade na ose, “Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa.
فَتَدْعُونَنِي وَتَذْهَبُونَ وَتُصَلُّونَ إِلَيَّ فَأَسْمَعُ لَكُمْ. ١٢ 12
Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpae, na metie mo.
وَتَطْلُبُونَنِي فَتَجِدُونَنِي إِذْ تَطْلُبُونَنِي بِكُلِّ قَلْبِكُمْ. ١٣ 13
Mobɛhwehwɛ me na mubehu me, sɛ mode mo koma nyinaa hwehwɛ me a.
فَأُوجَدُ لَكُمْ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، وَأَرُدُّ سَبْيَكُمْ وَأَجْمَعُكُمْ مِنْ كُلِّ ٱلْأُمَمِ وَمِنْ كُلِّ ٱلْمَوَاضِعِ ٱلَّتِي طَرَدْتُكُمْ إِلَيْهَا، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، وَأَرُدُّكُمْ إِلَى ٱلْمَوْضِعِ ٱلَّذِي سَبَيْتُكُمْ مِنْهُ. ١٤ 14
Mubehu me,” Awurade na ose, “na meyi mo afi nkoasom mu de mo asan aba. Mɛboaboa mo ano afi amanaman ne mu ne faako a mepam mo kɔɔ no nyinaa,” Awurade na ose, “na mede mo bɛsan aba faako a mituu mo fi kɔɔ nnommum mu no bio.”
«لِأَنَّكُمْ قُلْتُمْ: قَدْ أَقَامَ لَنَا ٱلرَّبُّ نَبِيِّينَ فِي بَابِلَ، ١٥ 15
Mobɛka se, “Awurade ama yɛn adiyifo wɔ Babilonia,”
فَهَكَذَا قَالَ ٱلرَّبُّ لِلْمَلِكِ ٱلْجَالِسِ عَلَى كُرْسِيِّ دَاوُدَ، وَلِكُلِّ ٱلشَّعْبِ ٱلْجَالِسِ فِي هَذِهِ ٱلْمَدِينَةِ، إِخْوَتِكُمُ ٱلَّذِينَ لَمْ يَخْرُجُوا مَعَكُمْ فِي ٱلسَّبْيِ: ١٦ 16
nanso, sɛɛ na Awurade ka fa ɔhene a ɔte Dawid ahengua so ne nnipa a wɔaka wɔ kuropɔn no mu nyinaa, mo manfo a wɔne mo ankɔ nnommum mu no.
هَكَذَا قَالَ رَبُّ ٱلْجُنُودِ: هَأَنَذَا أُرْسِلُ عَلَيْهِمِ ٱلسَّيْفَ وَٱلْجُوعَ وَٱلْوَبَأَ، وَأَجْعَلُهُمْ كَتِينٍ رَدِيءٍ لَا يُؤْكَلُ مِنَ ٱلرَّدَاءَةِ. ١٧ 17
Yiw, nea Asafo Awurade se ni: “Mɛma afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm aba wɔn so, na wɔayɛ sɛ borɔdɔma a asɛe enti wontumi nni.
وَأُلْحِقُهُمْ بِٱلسَّيْفِ وَٱلْجُوعِ وَٱلْوَبَإِ، وَأَجْعَلُهُمْ قَلَقًا لِكُلِّ مَمَالِكِ ٱلْأَرْضِ، حِلْفًا وَدَهَشًا وَصَفِيرًا وَعَارًا فِي جَمِيعِ ٱلْأُمَمِ ٱلَّذِينَ طَرَدْتُهُمْ إِلَيْهِمْ، ١٨ 18
Mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm betiw wɔn, na mɛyɛ wɔn atantanne ama ahenni a ɛwɔ asase no so nyinaa, ne nnome ne ahodwiriwde, fɛwdi ne animtiaabude wɔ amanaman a mepam wɔn kɔɔ so no mu.
مِنْ أَجْلِ أَنَّهُمْ لَمْ يَسْمَعُوا لِكَلَامِي، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، إِذْ أَرْسَلْتُ إِلَيْهِمْ عَبِيدِي ٱلْأَنْبِيَاءَ مُبَكِّرًا وَمُرْسِلًا وَلَمْ تَسْمَعُوا، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ١٩ 19
Efisɛ, wɔantie me nsɛm,” sɛɛ na Awurade se, “nsɛm a mede somaa mʼasomfo adiyifo mpɛn bebree baa mo nkyɛn. Na mo nnommum nso antie,” Awurade na ose.
«وَأَنْتُمْ فَٱسْمَعُوا كَلِمَةَ ٱلرَّبِّ يَا جَمِيعَ ٱلسَّبْيِ ٱلَّذِينَ أَرْسَلْتُهُمْ مِنْ أُورُشَلِيمَ إِلَى بَابِلَ. ٢٠ 20
Afei muntie Awurade asɛm, mo nnommum a mama mo afi Yerusalem akɔ Babilonia no nyinaa.
هَكَذَا قَالَ رَبُّ ٱلْجُنُودِ إِلَهُ إِسْرَائِيلَ عَنْ أَخْآبَ بْنِ قُولَايَا، وَعَنْ صِدْقِيَّا بْنِ مَعْسِيَّا، ٱللَّذَيْنِ يَتَنَبَّآنِ لَكُمْ بِٱسْمِي بِٱلْكَذِبِ: هَأَنَذَا أَدْفَعُهُمَا لِيَدِ نَبُوخَذْرَاصَّرَ مَلِكِ بَابِلَ فَيَقْتُلُهُمَا أَمَامَ عُيُونِكُمْ. ٢١ 21
Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn ka fa Kolaia babarima Ahab ne Maaseia babarima Sedekia a wɔde me din rehyɛ mo atoro nkɔm no ho ni: “Mede wɔn bɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn wɔ mo anim.
وَتُؤْخَذُ مِنْهُمَا لَعْنَةٌ لِكُلِّ سَبْيِ يَهُوذَا ٱلَّذِينَ فِي بَابِلَ، فَيُقَالُ: يَجْعَلُكَ ٱلرَّبُّ مِثْلَ صِدْقِيَّا وَمِثْلَ أَخْآبَ ٱللَّذَيْنِ قَلَاهُمَا مَلِكُ بَابِلَ بِٱلنَّارِ. ٢٢ 22
Esiane wɔn nti, Yuda nnommum a wɔwɔ Babilonia nyinaa de saa nnome yi bɛdome sɛ: ‘Awurade nyɛ wo sɛ, Sedekia ne Ahab a Babiloniahene hyew wɔn wɔ ogya mu no.’
مِنْ أَجْلِ أَنَّهُمَا عَمِلَا قَبِيحًا فِي إِسْرَائِيلَ، وَزَنَيَا بِنِسَاءِ أَصْحَابِهِمَا، وَتَكَلَّمَا بِٱسْمِي كَلَامًا كَاذِبًا لَمْ أُوصِهِمَا بِهِ، وَأَنَا ٱلْعَارِفُ وَٱلشَّاهِدُ، يَقُولُ ٱلرَّبُّ. ٢٣ 23
Na wɔayɛ akyiwade a ɛboro so wɔ Israel: wɔne wɔn yɔnkonom yerenom adeda de asɛe aware, na wɔde me din adi atoro a menka nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Minim na midi ho adanse,” Awurade na ose.
«وَكَلِّمْ شِمْعِيَا ٱلنِّحْلَامِيِّ قَائِلًا: ٢٤ 24
Ka kyerɛ Nehelamni Semaia se,
هَكَذَا تَكَلَّمَ رَبُّ ٱلْجُنُودِ إِلَهُ إِسْرَائِيلَ قَائِلًا: مِنْ أَجْلِ أَنَّكَ أَرْسَلْتَ رَسَائِلَ بِٱسْمِكَ إِلَى كُلِّ ٱلشَّعْبِ ٱلَّذِي فِي أُورُشَلِيمَ، وَإِلَى صَفَنْيَا بْنِ مَعْسِيَّا ٱلْكَاهِنِ، وَإِلَى كُلِّ ٱلْكَهَنَةِ قَائِلًا: ٢٥ 25
“Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Wokyerɛw krataa wɔ wo din mu kɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ɔsɔfo Maaseia babarima Sefania, ne asɔfo a aka no nyinaa. Woka kyerɛɛ Sefania se,
قَدْ جَعَلَكَ ٱلرَّبُّ كَاهِنًا عِوَضًا عَنْ يَهُويَادَاعَ ٱلْكَاهِنِ، لِتَكُونُوا وُكَلَاءَ فِي بَيْتِ ٱلرَّبِّ لِكُلِّ رَجُلٍ مَجْنُونٍ وَمُتَنَبِّئٍ، فَتَدْفَعُهُ إِلَى ٱلْمِقْطَرَةِ وَٱلْقُيُودِ. ٢٦ 26
‘Awurade ahyɛ wo sɔfo asi Yehoiada anan mu se hwɛ Awurade fi no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dade konnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifo no.
وَٱلْآنَ لِمَاذَا لَمْ تَزْجُرْ إِرْمِيَا ٱلْعَنَاثُوثِيَّ ٱلْمُتَنَبِّئَ لَكُمْ. ٢٧ 27
Afei adɛn nti na wonka Yeremia a ofi Anatot a ɔyɛ ne ho sɛ odiyifo wɔ mo mu no anim?
لِأَنَّهُ لِذَلِكَ أَرْسَلَ إِلَيْنَا إِلَى بَابِلَ قَائِلًا: إِنَّهَا مُسْتَطِيلَةٌ. ٱبْنُوا بُيُوتًا وَٱسْكُنُوا، وَٱغْرِسُوا جَنَّاتٍ وَكُلُوا ثَمَرَهَا». ٢٨ 28
Ɔde saa nkra yi abrɛ yɛn wɔ Babilonia: Ɛbɛkyɛ. Ɛno nti munsisi afi mfa nyɛ atenae; monyɛ nturo na munni mu aba.’”
فَقَرَأَ صَفَنْيَا ٱلْكَاهِنُ هَذِهِ ٱلرِّسَالَةَ فِي أُذُنَيْ إِرْمِيَا ٱلنَّبِيِّ. ٢٩ 29
Ɔsɔfo Sefania kenkan krataa no kyerɛɛ odiyifo Yeremia.
ثُمَّ صَارَ كَلَامُ ٱلرَّبِّ إِلَى إِرْمِيَا قَائِلًا: ٣٠ 30
Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se,
«أَرْسِلْ إِلَى كُلِّ ٱلسَّبْيِ قَائِلًا: هَكَذَا قَالَ ٱلرَّبُّ لِشِمْعِيَا ٱلنِّحْلَامِيِّ: مِنْ أَجْلِ أَنَّ شِمْعِيَا قَدْ تَنَبَّأَ لَكُمْ وَأَنَا لَمْ أُرْسِلْهُ، وَجَعَلَكُمْ تَتَّكِلُونَ عَلَى ٱلْكَذِبِ. ٣١ 31
“Fa saa nkra yi kɔma nnommum no nyinaa se, ‘Eyi ne nea Awurade ka fa Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ wahyɛ mo nkɔm a mpo mansoma no, na wama moagye atoro adi nti,
لِذَلِكَ هَكَذَا قَالَ ٱلرَّبُّ: هَأَنَذَا أُعَاقِبُ شِمْعِيَا ٱلنِّحْلَامِيَّ وَنَسْلَهُ. لَا يَكُونُ لَهُ إِنْسَانٌ يَجْلِسُ فِي وَسْطِ هَذَا ٱلشَّعْبِ، وَلَا يَرَى ٱلْخَيْرَ ٱلَّذِي سَأَصْنَعُهُ لِشَعْبِي، يَقُولُ ٱلرَّبُّ، لِأَنَّهُ تَكَلَّمَ بِعِصْيَانٍ عَلَى ٱلرَّبِّ». ٣٢ 32
nea Awurade se ni: Nokware, mɛtwe Nehelamni Semaia ne nʼasefo aso. Ɔrennya obiara a ɔbɛka wɔ saa nkurɔfo yi mu, na ɔrenhu nneɛma pa a mɛyɛ ama me nkurɔfo, efisɛ waka atuatew nsɛm atia me,’” Awurade na ose.

< إِرْمِيَا 29 >