< إِشَعْيَاءَ 35 >

تَفْرَحُ ٱلْبَرِّيَّةُ وَٱلْأَرْضُ ٱلْيَابِسَةُ، وَيَبْتَهِجُ ٱلْقَفْرُ وَيُزْهِرُ كَٱلنَّرْجِسِ. ١ 1
Nweatam ne asase a awo no ani begye; sare bedi ahurusi na ayɛ frɔmfrɔm. Te sɛ nhwiren no,
يُزْهِرُ إِزْهَارًا وَيَبْتَهِجُ ٱبْتِهَاجًا وَيُرَنِّمُ. يُدْفَعُ إِلَيْهِ مَجْدُ لُبْنَانَ. بَهَاءُ كَرْمَلَ وَشَارُونَ. هُمْ يَرَوْنَ مَجْدَ ٱلرَّبِّ، بَهَاءَ إِلَهِنَا. ٢ 2
ɛbɛpae ayɛ fɛfɛɛfɛ ebedi ahurusi na ɛde anigye ateɛ mu, wɔde Lebanon anuonyam bɛma no Karmel ne Saron ahoɔfɛ; wobehu Awurade anuonyam, yɛn Nyankopɔn tumi no.
شَدِّدُوا ٱلْأَيَادِيَ ٱلْمُسْتَرْخِيَةَ، وَٱلرُّكَبَ ٱلْمُرْتَعِشَةَ ثَبِّتُوهَا. ٣ 3
Hyɛ nsa a emu agow no mu den, hyɛ nkotodwe a ahodwow no mu den;
قُولُوا لِخَائِفِي ٱلْقُلُوبِ: «تَشَدَّدُوا لَا تَخَافُوا. هُوَذَا إِلَهُكُمُ. ٱلِٱنْتِقَامُ يَأْتِي. جِزَاءُ ٱللهِ. هُوَ يَأْتِي وَيُخَلِّصُكُمْ». ٤ 4
Ka kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no se, “Monhyɛ mo ho den, na munnsuro; mo Nyankopɔn bɛba, ɔde aweretɔ bɛba; ananmuhyɛ a efi ɔsoro bɛba abegye mo nkwa.”
حِينَئِذٍ تَتَفَقَّحُ عُيُونُ ٱلْعُمْيِ، وَآذَانُ ٱلصُّمِّ تَتَفَتَّحُ. ٥ 5
Ɛno na wobebue anifuraefo ani, na wɔama asotifo aso ate asɛm.
حِينَئِذٍ يَقْفِزُ ٱلْأَعْرَجُ كَٱلْإِيَّلِ وَيَتَرَنَّمُ لِسَانُ ٱلْأَخْرَسِ، لِأَنَّهُ قَدِ ٱنْفَجَرَتْ فِي ٱلْبَرِّيَّةِ مِيَاهٌ، وَأَنْهَارٌ فِي ٱلْقَفْرِ. ٦ 6
Ɛno na mpakye behuruw te sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu. Nsu betue wɔ sare so, na nsuwansuwa apue wɔ nweatam so.
وَيَصِيرُ ٱلسَّرَابُ أَجَمًا، وَٱلْمَعْطَشَةُ يَنَابِيعَ مَاءٍ. فِي مَسْكِنِ ٱلذِّئَابِ، فِي مَرْبِضِهَا دَارٌ لِلْقَصَبِ وَٱلْبَرْدِيِّ. ٧ 7
Nwea a so yɛ hyew no bɛdan ɔtare, na nsuwansuwa atue wɔ asase wosee so. Atu a anka sakraman te mu no, ɛhɔ na sare ne demmire ne paparɔso befifi.
وَتَكُونُ هُنَاكَ سِكَّةٌ وَطَرِيقٌ يُقَالُ لَهَا: «ٱلطَّرِيقُ ٱلْمُقَدَّسَةُ». لَا يَعْبُرُ فِيهَا نَجِسٌ، بَلْ هِيَ لَهُمْ. مَنْ سَلَكَ فِي ٱلطَّرِيقِ حَتَّى ٱلْجُهَّالُ، لَا يَضِلُّ. ٨ 8
Na ɔtempɔn bɛda hɔ; wɔbɛfrɛ no Ahotefo Kwan. Wɔn a wɔn ho ntew rentu kwan wɔ so; ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnantew saa Kwan no so; amumɔyɛfo nkwaseafo rennantenantew so.
لَا يَكُونُ هُنَاكَ أَسَدٌ. وَحْشٌ مُفْتَرِسٌ لَا يَصْعَدُ إِلَيْهَا. لَا يُوجَدُ هُنَاكَ. بَلْ يَسْلُكُ ٱلْمَفْدِيُّونَ فِيهَا. ٩ 9
Gyata biara rentena hɔ, na akekaboa biara rensi so; wɔrenhu wɔn wɔ hɔ. Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,
وَمَفْدِيُّو ٱلرَّبِّ يَرْجِعُونَ وَيَأْتُونَ إِلَى صِهْيَوْنَ بِتَرَنُّمٍ، وَفَرَحٌ أَبَدِيٌّ عَلَى رُؤُوسِهِمِ. ٱبْتِهَاجٌ وَفَرَحٌ يُدْرِكَانِهِمْ. وَيَهْرُبُ ٱلْحُزْنُ وَٱلتَّنَهُّدُ. ١٠ 10
na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsan aba. Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion; anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw. Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso, na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ.

< إِشَعْيَاءَ 35 >