< حِزْقِيَال 38 >

وَكَانَ إِلَيَّ كَلَامُ ٱلرَّبِّ قَائِلًا: ١ 1
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
«يَا ٱبْنَ آدَمَ، ٱجْعَلْ وَجْهَكَ عَلَى جُوجٍ، أَرْضِ مَاجُوجَ رَئِيسِ رُوشٍ مَاشِكَ وَتُوبَالَ، وَتَنَبَّأْ عَلَيْهِ ٢ 2
“Onipa ba, fa wʼani si Gog, a ɛwɔ Magog asase so no so, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn no; hyɛ nkɔm tia no
وَقُلْ: هَكَذَا قَالَ ٱلسَّيِّدُ ٱلرَّبُّ: هَأَنَذَا عَلَيْكَ يَا جُوجُ رَئِيسُ رُوشٍ مَاشِكَ وَتُوبَالَ. ٣ 3
na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal birɛmpɔn.
وَأُرْجِعُكَ، وَأَضَعُ شَكَائِمَ فِي فَكَّيْكَ، وَأُخْرِجُكَ أَنْتَ وَكُلَّ جَيْشِكَ خَيْلًا وَفُرْسَانًا كُلَّهُمْ لَابِسِينَ أَفْخَرَ لِبَاسٍ، جَمَاعَةً عَظِيمَةً مَعَ أَتْرَاسٍ وَمَجَانَّ، كُلَّهُمْ مُمْسِكِينَ ٱلسُّيُوفَ. ٤ 4
Mekyinkyim wo na mede nnarewa asuso wʼabogye mu na mede wo ne wʼasraafo nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔsotefo a wɔhyehyɛ akotade ne dɔm kɛse a wokurakura akokyɛm akɛse ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn afoa, apue.
فَارِسَ وَكُوشَ وَفُوطَ مَعَهُمْ، كُلَّهُمْ بِمِجَنٍّ وَخُوذَةٍ، ٥ 5
Persia, Kus ne Put a wɔn nyinaa kurakura nkatabo na wɔhyehyɛ wɔn nnadekyɛw bɛka wɔn ho,
وَجُومَرَ وَكُلَّ جُيُوشِهِ، وَبَيْتَ تُوجَرْمَةَ مِنْ أَقَاصِي ٱلشِّمَالِ مَعَ كُلِّ جَيْشِهِ، شُعُوبًا كَثِيرِينَ مَعَكَ. ٦ 6
afei Gomer ne nʼasraafo nyinaa ne Bet-Togarma a wofi atifi fam akyirikyiri ne nʼasraafo, aman bebree bɛka wo ho.
اِسْتَعِدَّ وَهَيِّئْ لِنَفْسِكَ أَنْتَ وَكُلُّ جَمَاعَاتِكَ ٱلْمُجْتَمِعَةِ إِلَيْكَ، فَصِرْتَ لَهُمْ مُوَقَّرًا. ٧ 7
“‘Siesie wo ho, yɛ krado, wo ne nnipakuw a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ wo nkyɛn nyinaa na yɛ wɔn so hwɛfo.
بَعْدَ أَيَّامٍ كَثِيرَةٍ تُفْتَقَدُ. فِي ٱلسِّنِينَ ٱلْأَخِيرَةِ تَأْتِي إِلَى ٱلْأَرْضِ ٱلْمُسْتَرَدَّةِ مِنَ ٱلسَّيْفِ ٱلْمَجْمُوعَةِ مِنْ شُعُوبٍ كَثِيرَةٍ عَلَى جِبَالِ إِسْرَائِيلَ ٱلَّتِي كَانَتْ دَائِمَةً خَرِبَةً، لِلَّذِينَ أُخْرِجُوا مِنَ ٱلشُّعُوبِ وَسَكَنُوا آمِنِينَ كُلُّهُمْ. ٨ 8
Nna bebree akyi no, wobɛtwe atuo. Mfe bi akyi no wobɛko afa asase bi a wafi ɔko mu afi na wɔaboaboa so nnipa afi amanaman so aba Israel mmepɔw a ada mpan akyɛ no so. Wɔde wɔn fi amanaman no mu, na mprempren wɔn nyinaa te asomdwoe mu.
وَتَصْعَدُ وَتَأْتِي كَزَوْبَعَةٍ، وَتَكُونُ كَسَحَابَةٍ تُغَشِّي ٱلْأَرْضَ أَنْتَ وَكُلُّ جُيُوشِكَ وَشُعُوبٌ كَثِيرُونَ مَعَكَ. ٩ 9
Wo ne wʼasraafo nyinaa ne aman bebrebe a wɔwɔ wo nkyɛn no bɛforo akɔ mo anim sɛ ahum. Mobɛyɛ sɛ omununkum akata asase no so.
هَكَذَا قَالَ ٱلسَّيِّدُ ٱلرَّبُّ: وَيَكُونُ فِي ذَلِكَ ٱلْيَوْمِ أَنَّ أُمُورًا تَخْطُرُ بِبَالِكَ فَتُفَكِّرُ فِكْرًا رَدِيئًا، ١٠ 10
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa da no, nsusuwii bi bɛba wo tirim na wubeguan nhyehyɛe bɔne bi.
وَتَقُولُ: إِنِّي أَصْعَدُ عَلَى أَرْضٍ أَعْرَاءٍ. آتِي ٱلْهَادِئِينَ ٱلسَّاكِنِينَ فِي أَمْنٍ، كُلُّهُمْ سَاكِنُونَ بِغَيْرِ سُورٍ وَلَيْسَ لَهُمْ عَارِضَةٌ وَلَا مَصَارِيعُ، ١١ 11
Wobɛka se, “Mɛko afa asase a wɔntoo so nkuraa ho fasu, mɛtow ahyɛ nnipa a wɔwɔ asomdwoe na wɔnnwene hwee so, a wɔn mu biara nni ɔfasu, apon ne akyi adaban.
لِسَلْبِ ٱلسَّلْبِ وَلِغُنْمِ ٱلْغَنِيمَةِ، لِرَدِّ يَدِكَ عَلَى خِرَبٍ مَعْمُورَةٍ وَعَلَى شَعْبٍ مَجْمُوعٍ مِنَ ٱلْأُمَمِ، ٱلْمُقْتَنِي مَاشِيَةً وَقُنْيَةً، ٱلسَّاكِنُ فِي أَعَالِي ٱلْأَرْضِ. ١٢ 12
Mɛfom na mawia na madan me nsa atia amamfo a nnipa abɛtena so ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afi amanaman so, nnipa a nyɛmmoa ne aguade abu wɔn so na wɔtete asase no mfimfini no.”
شَبَا وَدَدَانُ وَتُجَّارُ تَرْشِيشَ وَكُلُّ أَشْبَالِهَا يَقُولُونَ لَكَ: هَلْ لِسَلْبِ سَلْبٍ أَنْتَ جَاءٍ؟ هَلْ لِغُنْمِ غَنِيمَةٍ جَمَعْتَ جَمَاعَتَكَ، لِحَمْلِ ٱلْفِضَّةِ وَٱلذَّهَبِ، لِأَخْذِ ٱلْمَاشِيَةِ وَٱلْقُنْيَةِ، لِنَهْبِ نَهْبٍ عَظِيمٍ؟ ١٣ 13
Seba ne Dedan ne Tarsis aguadifo ne ne nkuraa nyinaa bebisa wo se, “Woaba sɛ worebɛfom ana? Woaboa wo dɔm ano sɛ morebewia na moasoa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nyɛmmoa ne aguade akɔ na moafa asade bebree abran so ana?”’
«لِذَلِكَ تَنَبَّأْ يَا ٱبْنَ آدَمَ، وَقُلْ لِجُوجٍ: هَكَذَا قَالَ ٱلسَّيِّدُ ٱلرَّبُّ: فِي ذَلِكَ ٱلْيَوْمِ عِنْدَ سُكْنَى شَعْبِي إِسْرَائِيلَ آمِنِينَ، أَفَلَا تَعْلَمُ؟ ١٤ 14
“Ɛno nti, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Gog se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa da no, bere a me nkurɔfo Israelfo te hɔ asomdwoe mu no, woanhu ana?
وَتَأْتِي مِنْ مَوْضِعِكَ مِنْ أَقَاصِي ٱلشِّمَالِ أَنْتَ وَشُعُوبٌ كَثِيرُونَ مَعَكَ، كُلُّهُمْ رَاكِبُونَ خَيْلًا، جَمَاعَةٌ عَظِيمَةٌ وَجَيْشٌ كَثِيرٌ. ١٥ 15
Wubefi wʼasase so wɔ atifi fam nohɔ tɔnn, wo ne aman bebree a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, nnipadɔm kɛse, asraafodɔm a ɛso.
وَتَصْعَدُ عَلَى شَعْبِي إِسْرَائِيلَ كَسَحَابَةٍ تُغَشِّي ٱلْأَرْضَ. فِي ٱلْأَيَّامِ ٱلْأَخِيرَةِ يَكُونُ. وَآتِي بِكَ عَلَى أَرْضِي لِكَيْ تَعْرِفَنِي ٱلْأُمَمُ، حِينَ أَتَقَدَّسُ فِيكَ أَمَامَ أَعْيُنِهِمْ يَاجُوجُ. ١٦ 16
Mubetu ateɛ akɔ me nkurɔfo Israelfo so te sɛ omununkum a ɛkata asase no so. Nna a ɛbɛba no mu. Gog, mɛma woasɔre atia mʼasase, sɛnea aman no behu me, bere a menam wo so bɛda me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn anim no.
«هَكَذَا قَالَ ٱلسَّيِّدُ ٱلرَّبُّ: هَلْ أَنْتَ هُوَ ٱلَّذِي تَكَلَّمْتُ عَنْهُ فِي ٱلْأَيَّامِ ٱلْقَدِيمَةِ عَنْ يَدِ عَبِيدِي أَنْبِيَاءِ إِسْرَائِيلَ، ٱلَّذِينَ تَنَبَّأُوا فِي تِلْكَ ٱلْأَيَّامِ سِنِينًا أَنْ آتِيَ بِكَ عَلَيْهِمْ؟ ١٧ 17
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛnyɛ wo ne nea menam mʼasomfo Israel adiyifo so kaa wo ho asɛm nna a atwa mu no ana? Saa bere no, wɔde mfe bebree hyɛɛ nkɔm se mɛma wo so de atia wɔn.
وَيَكُونُ فِي ذَلِكَ ٱلْيَوْمِ، يَوْمَ مَجِيءِ جُوجٍ عَلَى أَرْضِ إِسْرَائِيلَ، يَقُولُ ٱلسَّيِّدُ ٱلرَّبُّ، أَنَّ غَضَبِي يَصْعَدُ فِي أَنْفِي. ١٨ 18
Eyi ne nea ebesi saa da no. Sɛ Gog tow hyɛ Israel asase so a, mʼabufuwhyew bɛsɔre, Otumfo Awurade asɛm ni.
وَفِي غَيْرَتِي، فِي نَارِ سَخَطِي تَكَلَّمْتُ، أَنَّهُ فِي ذَلِكَ ٱلْيَوْمِ يَكُونُ رَعْشٌ عَظِيمٌ فِي أَرْضِ إِسْرَائِيلَ. ١٩ 19
Mʼanem ne mʼabufuwhyew mu, mepae mu ka se, saa bere no asasewosow kɛse bɛba Israel asase so.
فَتَرْعَشُ أَمَامِي سَمَكُ ٱلْبَحْرِ وَطُيُورُ ٱلسَّمَاءِ وَوُحُوشُ ٱلْحَقْلِ وَٱلدَّابَّاتُ ٱلَّتِي تَدُبُّ عَلَى ٱلْأَرْضِ، وَكُلُّ ٱلنَّاسِ ٱلَّذِينَ عَلَى وَجْهِ ٱلْأَرْضِ، وَتَنْدَكُّ ٱلْجِبَالُ وَتَسْقُطُ ٱلْمَعَاقِلُ وَتَسْقُطُ كُلُّ ٱلْأَسْوَارِ إِلَى ٱلْأَرْضِ. ٢٠ 20
Po mu mpataa, wim nnomaa, wuram mmoa, abɔde biara a ɛwea wɔ asase so ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho bɛpopo wɔ mʼanim. Mmepɔw betutu agu, abotan bedwiriw na afasu nyinaa abubu agu fam.
وَأَسْتَدْعِي ٱلسَّيْفَ عَلَيْهِ فِي كُلِّ جِبَالِي، يَقُولُ ٱلسَّيِّدُ ٱلرَّبُّ، فَيَكُونُ سَيْفُ كُلِّ وَاحِدٍ عَلَى أَخِيهِ. ٢١ 21
Mɛfrɛ afoa aba Gog so wɔ me mmepɔw nyinaa so, Otumfo Awurade asɛm ni. Wɔde afoa bɛsɔre atia wɔn ho wɔn ho.
وَأُعَاقِبُهُ بِٱلْوَبَإِ وَبِالدَّمِ، وَأُمْطِرُ عَلَيْهِ وَعَلَى جَيْشِهِ وَعَلَى ٱلشُّعُوبِ ٱلْكَثِيرَةِ ٱلَّذِينَ مَعَهُ مَطَرًا جَارِفًا وَحِجَارَةَ بَرَدٍ عَظِيمَةً وَنَارًا وَكِبْرِيتًا. ٢٢ 22
Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bebu no atɛn, mehwie osuhweam, mparuwbo, ogya ne sufre a ɛdɛw agu ɔno ne nʼasraafo ne aman bebree a wɔka ne ho no so.
فَأَتَعَظَّمُ وَأَتَقَدَّسُ وَأُعْرَفُ فِي عُيُونِ أُمَمٍ كَثِيرَةٍ، فَيَعْلَمُونَ أَنِّي أَنَا ٱلرَّبُّ. ٢٣ 23
Enti mɛda me kɛseyɛ ne me kronkronyɛ adi, na mama amanaman ahu me. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.’

< حِزْقِيَال 38 >