< اَلتَّثْنِيَة 9 >

«اِسْمَعْ يَا إِسْرَائِيلُ، أَنْتَ ٱلْيَوْمَ عَابِرٌ ٱلْأُرْدُنَّ لِكَيْ تَدْخُلَ وَتَمْتَلِكَ شُعُوبًا أَكْبَرَ وَأَعْظَمَ مِنْكَ، وَمُدُنًا عَظِيمَةً وَمُحَصَّنَةً إِلَى ٱلسَّمَاءِ. ١ 1
Ao Israel, montie! Morekɔtwa Yordan na moawura mu akɔgye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛseɛ na wɔn afasuo kɔka sorosoro no agyapadeɛ.
قَوْمًا عِظَامًا وَطِوَالًا، بَنِي عَنَاقَ ٱلَّذِينَ عَرَفْتَهُمْ وَسَمِعْتَ: مَنْ يَقِفُ فِي وَجْهِ بَنِي عَنَاقَ؟ ٢ 2
Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware—Anakfoɔ. Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ne Anakfoɔ agyina?”
فَٱعْلَمِ ٱلْيَوْمَ أَنَّ ٱلرَّبَّ إِلَهَكَ هُوَ ٱلْعَابِرُ أَمَامَكَ نَارًا آكِلَةً. هُوَ يُبِيدُهُمْ وَيُذِلُّهُمْ أَمَامَكَ، فَتَطْرُدُهُمْ وَتُهْلِكُهُمْ سَرِيعًا كَمَا كَلَّمَكَ ٱلرَّبُّ. ٣ 3
Nanso, merehyɛ mo ase ɛnnɛ sɛ, Awurade mo Onyankopɔn na ɔredi mo anim te sɛ ogya dɛreɛ a ɛresɛe adeɛ. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo bɔ no.
لَا تَقُلْ فِي قَلْبِكَ حِينَ يَنْفِيهِمِ ٱلرَّبُّ إِلَهُكَ مِنْ أَمَامِكَ قَائِلًا: لِأَجْلِ بِرِّي أَدْخَلَنِي ٱلرَّبُّ لِأَمْتَلِكَ هَذِهِ ٱلْأَرْضَ. وَلِأَجْلِ إِثْمِ هَؤُلَاءِ ٱلشُّعُوبِ يَطْرُدُهُمُ ٱلرَّبُّ مِنْ أَمَامِكَ. ٤ 4
Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka no wɔ mo akoma mu sɛ, “Esiane yɛn tenenee enti na Awurade de saa asase yi ama yɛn.” Dabi. Esiane sɛ aman no yɛ amumuyɛfoɔ no enti na Awurade reyɛ saa.
لَيْسَ لِأَجْلِ بِرِّكَ وَعَدَالَةِ قَلْبِكَ تَدْخُلُ لِتَمْتَلِكَ أَرْضَهُمْ، بَلْ لِأَجْلِ إِثْمِ أُولَئِكَ ٱلشُّعُوبِ يَطْرُدُهُمُ ٱلرَّبُّ إِلَهُكَ مِنْ أَمَامِكَ، وَلِكَيْ يَفِيَ بِٱلْكَلَامِ ٱلَّذِي أَقْسَمَ ٱلرَّبُّ عَلَيْهِ لِآبَائِكَ إِبْرَاهِيمَ وَإِسْحَاقَ وَيَعْقُوبَ. ٥ 5
Ɛnyɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ ne nokwafoɔ no enti na morekɔfa wɔn asase no. Esiane wɔn amumuyɛ enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman yi adi mo anim de akyerɛ sɛ, wadi ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no so.
فَٱعْلَمْ أَنَّهُ لَيْسَ لِأَجْلِ بِرِّكَ يُعْطِيكَ ٱلرَّبُّ إِلَهُكَ هَذِهِ ٱلْأَرْضَ ٱلْجَيِّدَةَ لِتَمْتَلِكَهَا، لِأَنَّكَ شَعْبٌ صُلْبُ ٱلرَّقَبَةِ. ٦ 6
Meka bio sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ teneneefoɔ enti na Awurade, mo Onyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Ɛnte saa. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.
«اُذْكُرْ. لَا تَنْسَ كَيْفَ أَسْخَطْتَ ٱلرَّبَّ إِلَهَكَ فِي ٱلْبَرِّيَّةِ. مِنَ ٱلْيَوْمِ ٱلَّذِي خَرَجْتَ فِيهِ مِنْ أَرْضِ مِصْرَ حَتَّى أَتَيْتُمْ إِلَى هَذَا ٱلْمَكَانِ كُنْتُمْ تُقَاوِمُونَ ٱلرَّبَّ. ٧ 7
Monkae yei na mommma mo werɛ mfiri sɛdeɛ mohyɛɛ Awurade, mo Onyankopɔn Abufuo wɔ ɛserɛ so hɔ no. Ɛfiri ɛberɛ a motu firii Misraim bɛsi sɛ moduruu ha yi, moate Awurade anim atua.
حَتَّى فِي حُورِيبَ أَسْخَطْتُمُ ٱلرَّبَّ، فَغَضِبَ ٱلرَّبُّ عَلَيْكُمْ لِيُبِيدَكُمْ. ٨ 8
Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Horeb a anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo.
حِينَ صَعِدْتُ إِلَى ٱلْجَبَلِ لِكَيْ آخُذَ لَوْحَيِ ٱلْحَجَرِ، لَوْحَيِ ٱلْعَهْدِ ٱلَّذِي قَطَعَهُ ٱلرَّبُّ مَعَكُمْ، أَقَمْتُ فِي ٱلْجَبَلِ أَرْبَعِينَ نَهَارًا وَأَرْبَعِينَ لَيْلَةً لَا آكُلُ خُبْزًا وَلَا أَشْرَبُ مَاءً. ٩ 9
Mekɔɔ bepɔ no so sɛ merekɔgye aboɔ twerɛpono a na wɔatwerɛ apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan. Mannidi na mannom.
وَأَعْطَانِيَ ٱلرَّبُّ لَوْحَيِ ٱلْحَجَرِ ٱلْمَكْتُوبَيْنِ بِأَصَبِعِ ٱللهِ، وَعَلَيْهِمَا مِثْلُ جَمِيعِ ٱلْكَلِمَاتِ ٱلَّتِي كَلَّمَكُمْ بِهَا ٱلرَّبُّ فِي ٱلْجَبَلِ مِنْ وَسَطِ ٱلنَّارِ فِي يَوْمِ ٱلِٱجْتِمَاعِ. ١٠ 10
Awurade de apam a ɛwɔ aboɔ twerɛpono so a Onyankopɔn ankasa atwerɛ so nsɛm maa me. Ɔfiri ogya a ɛwɔ bepɔ no so no mu na ɔde maa me.
وَفِي نِهَايَةِ ٱلْأَرْبَعِينَ نَهَارًا وَٱلْأَرْبَعِينَ لَيْلَةً، لَمَّا أَعْطَانِيَ ٱلرَّبُّ لَوْحَيِ ٱلْحَجَرِ، لَوْحَيِ ٱلْعَهْدِ، ١١ 11
Na adaduanan awia ne anadwo no baa awieeɛ no, Awurade de aboɔ ɛpono mmienu a wɔatwerɛ apam no wɔ so no maa me.
قَالَ ٱلرَّبُّ لِي: قُمِ ٱنْزِلْ عَاجِلًا مِنْ هُنَا، لِأَنَّهُ قَدْ فَسَدَ شَعْبُكَ ٱلَّذِي أَخْرَجْتَهُ مِنْ مِصْرَ. زَاغُوا سَرِيعًا عَنِ ٱلطَّرِيقِ ٱلَّتِي أَوْصَيْتُهُمْ. صَنَعُوا لِأَنْفُسِهِمْ تِمْثَالًا مَسْبُوكًا. ١٢ 12
Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Siane firi ha ntɛm kɔ, ɛfiri sɛ, nnipa a wodii wɔn anim firi Misraim no adane abɔnefoɔ. Wɔamane afiri ɛkwan a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔntena ase no so dada, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ ohoni afa.”
وَكَلَّمَنِيَ ٱلرَّبُّ قَائِلًا: رَأَيْتُ هَذَا ٱلشَّعْبَ وَإِذَا هُوَ شَعْبٌ صُلْبُ ٱلرَّقَبَةِ. ١٣ 13
Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahunu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara.
اُتْرُكْنِي فَأُبِيدَهُمْ وَأَمْحُوَ ٱسْمَهُمْ مِنْ تَحْتِ ٱلسَّمَاءِ، وَأَجْعَلَكَ شَعْبًا أَعْظَمَ وَأَكْثَرَ مِنْهُمْ. ١٤ 14
Ma me ɛkwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfiri ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefoɔ ɔman kɛseɛ; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sene sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.”
فَٱنْصَرَفْتُ وَنَزَلْتُ مِنَ ٱلْجَبَلِ، وَٱلْجَبَلُ يَشْتَعِلُ بِٱلنَّارِ، وَلَوْحَا ٱلْعَهْدِ فِي يَدَيَّ. ١٥ 15
Enti, mesiane firii ogya bepɔ no so a aboɔ apono mmienu a apam no wɔ so no kura me.
«فَنَظَرْتُ وَإِذَا أَنْتُمْ قَدْ أَخْطَأْتُمْ إِلَى ٱلرَّبِّ إِلَهِكُمْ، وَصَنَعْتُمْ لِأَنْفُسِكُمْ عِجْلًا مَسْبُوكًا، وَزُغْتُمْ سَرِيعًا عَنِ ٱلطَّرِيقِ ٱلَّتِي أَوْصَاكُمْ بِهَا ٱلرَّبُّ. ١٦ 16
Mʼase hɔ no, mehunuu sikakɔkɔɔ nantwie ba a mofiri mo bɔne kɛseɛ mu ayɛ atia Awurade, mo Onyankopɔn. Ankyɛre koraa na modane firii Awurade ɛkwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so.
فَأَخَذْتُ ٱللَّوْحَيْنِ وَطَرَحْتُهُمَا مِنْ يَدَيَّ وَكَسَّرْتُهُمَا أَمَامَ أَعْيُنِكُمْ. ١٧ 17
Enti, mepagyaa boɔ apono no kɔɔ soro ɛnna meto hwee fam. Mebubuu no wɔ mo anim.
ثُمَّ سَقَطْتُ أَمَامَ ٱلرَّبِّ كَٱلْأَوَّلِ أَرْبَعِينَ نَهَارًا وَأَرْبَعِينَ لَيْلَةً، لَا آكُلُ خُبْزًا وَلَا أَشْرَبُ مَاءً، مِنْ أَجْلِ كُلِّ خَطَايَاكُمُ ٱلَّتِي أَخْطَأْتُمْ بِهَا بِعَمَلِكُمُ ٱلشَّرَّ أَمَامَ ٱلرَّبِّ لِإِغَاظَتِهِ. ١٨ 18
Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni burodo. Mannom nsuo. Meyɛɛ yei, ɛfiri sɛ moyɛɛ adeɛ a Awurade kyi, na ɛnam so maa ne bo fuu yie.
لِأَنِّي فَزِعْتُ مِنَ ٱلْغَضَبِ وَٱلْغَيْظِ ٱلَّذِي سَخِطَهُ ٱلرَّبُّ عَلَيْكُمْ لِيُبِيدَكُمْ. فَسَمِعَ لِيَ ٱلرَّبُّ تِلْكَ ٱلْمَرَّةَ أَيْضًا. ١٩ 19
Mesuro maa mo, ɛfiri sɛ, na Awurade ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe mo. Nanso, ɔtiee me bio.
وَعَلَى هَارُونَ غَضِبَ ٱلرَّبُّ جِدًّا لِيُبِيدَهُ. فَصَلَّيْتُ أَيْضًا مِنْ أَجْلِ هَارُونَ فِي ذَلِكَ ٱلْوَقْتِ. ٢٠ 20
Awurade bo fuu Aaron ara kɔsii sɛ anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso, mebɔɔ mpaeɛ maa Aaron nso.
وَأَمَّا خَطِيَّتُكُمُ، ٱلْعِجْلُ ٱلَّذِي صَنَعْتُمُوهُ، فَأَخَذْتُهُ وَأَحْرَقْتُهُ بِٱلنَّارِ، وَرَضَضْتُهُ وَطَحَنْتُهُ جَيِّدًا حَتَّى نَعِمَ كَٱلْغُبَارِ. ثُمَّ طَرَحْتُ غُبَارَهُ فِي ٱلنَّهْرِ ٱلْمُنْحَدِرِ مِنَ ٱلْجَبَلِ. ٢١ 21
Mefaa mo bɔne no, nantwie ba a moayɛ no, na menanee no wɔ ogya mu yamoo no muhumuhu. Metoo ne mfuturo no guu asuwa a ɛtene firi bepɔ no so no mu.
«وَفِي تَبْعِيرَةَ وَمَسَّةَ وَقَبَرُوتَ هَتَّأَوَةَ أَسْخَطْتُمُ ٱلرَّبَّ. ٢٢ 22
Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso.
وَحِينَ أَرْسَلَكُمُ ٱلرَّبُّ مِنْ قَادَشَ بَرْنِيعَ قَائِلًا: ٱصْعَدُوا ٱمْتَلِكُوا ٱلْأَرْضَ ٱلَّتِي أَعْطَيْتُكُمْ، عَصَيْتُمْ قَوْلَ ٱلرَّبِّ إِلَهِكُمْ وَلَمْ تُصَدِّقُوهُ وَلَمْ تَسْمَعُوا لِقَوْلِهِ. ٢٣ 23
Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so sɛ, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no”. Nanso, motiaa Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ no na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm.
قَدْ كُنْتُمْ تَعْصُونَ ٱلرَّبَّ مُنْذُ يَوْمَ عَرَفْتُكُمْ. ٢٤ 24
Aane, ɛfiri sɛ mehunuu mo no, daa mosɔre tia Awurade.
«فَسَقَطْتُ أَمَامَ ٱلرَّبِّ ٱلْأَرْبَعِينَ نَهَارًا وَٱلْأَرْبَعِينَ لَيْلَةً ٱلَّتِي سَقَطْتُهَا، لِأَنَّ ٱلرَّبَّ قَالَ إِنَّهُ يُهْلِكُكُمْ. ٢٥ 25
Ɛno enti na ɛberɛ a Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no.
وَصَلَّيْتُ لِلرَّبِّ وَقُلْتُ: يَا سَيِّدُ ٱلرَّبُّ، لَا تُهْلِكْ شَعْبَكَ وَمِيرَاثَكَ ٱلَّذِي فَدَيْتَهُ بِعَظَمَتِكَ، ٱلَّذِي أَخْرَجْتَهُ مِنْ مِصْرَ بِيَدٍ شَدِيدَةٍ. ٢٦ 26
Mebɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ, “Otumfoɔ Awurade, nsɛe wo ɔman ne wʼagyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no.
اُذْكُرْ عَبِيدَكَ إِبْرَاهِيمَ وَإِسْحَاقَ وَيَعْقُوبَ. لَا تَلْتَفِتْ إِلَى غَلَاظَةِ هَذَا ٱلشَّعْبِ وَإِثْمِهِ وَخَطِيَّتِهِ، ٢٧ 27
Yi wʼani firi saa nnipa asoɔdenfoɔ yi so na kae wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Yakob.
لِئَلَّا تَقُولَ ٱلْأَرْضُ ٱلَّتِي أَخْرَجْتَنَا مِنْهَا: لِأَجْلِ أَنَّ ٱلرَّبَّ لَمْ يَقْدِرْ أَنْ يُدْخِلَهُمُ ٱلْأَرْضَ ٱلَّتِي كَلَّمَهُمْ عَنْهَا، وَلِأَجْلِ أَنَّهُ أَبْغَضَهُمْ، أَخْرَجَهُمْ لِكَيْ يُمِيتَهُمْ فِي ٱلْبَرِّيَّةِ. ٢٨ 28
Sɛ wosɛe saa nnipa yi a, Misraimfoɔ bɛka sɛ, ‘Awurade sɛee wɔn, ɛfiri sɛ, wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka sɛ, ɔsɛee wɔn, ɛfiri sɛ, ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa ɛserɛ so sɛ ɔrekɔkunkum wɔn.’
وَهُمْ شَعْبُكَ وَمِيرَاثُكَ ٱلَّذِي أَخْرَجْتَهُ بِقُوَّتِكَ ٱلْعَظِيمَةِ وَبِذِرَاعِكَ ٱلرَّفِيعَةِ. ٢٩ 29
Nanso, wɔyɛ wo nkurɔfoɔ ne wʼagyapadeɛ a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a wama soɔ so yii wɔn.”

< اَلتَّثْنِيَة 9 >