< Luka 13 >

1 Kubi kone among anit bellinghe kitene na Galiliyawa, alenge na Bilatus wa munu nmyi mine, kitin ngutunu nmyi.
Saa bere no na nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu se Pilato akum Galileafo bi a wɔrebɔ afɔre ama Onyankopɔn na ɔde wɔn mogya afra afɔrebɔ no.
2 Yesu kauwa aworo nani, “Ulin kpilizu nafo a Galitiyawa ale katin kagizine nin kulapi, nara idin niu nlo libau we?
Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ saa Galileafo no yɛ nnebɔneyɛfo sen wɔn a aka no nyinaa nti na wokum wɔn no?
3 Na nani ba, meng nbelling munu, asa na anung su udiu kutyin ba vat mine iba nanu nloli libauwe lineme.
Dabi da, sɛ mo nso moansakra mo adwene a, wobekunkum mo saa ara.
4 Sa anit likure nin kulir nanyan Nsiliyom, ale na kisoro wa diu ki molo nani, idin kpilizu nafo inung wa din kulapi ikatina vat nanit Urshalima?
Anaasɛ mususuw sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kunkum wɔn no yɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a na wɔte Yerusalem no?
5 Na nani ba, meng bellin munu, asa na anung su udiu katyin ba vat mine ba nanu tutun.”
Dabi da, mo nso moansakra a, mubewuwu saa ara.”
6 Yesu belle nani tinan tigoldo, “Umang wa bilisu kupau nanya kunen me, ada pizira kumate na ase ba.
Afei Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Da bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔtew so aba no bi nanso wannya bi.
7 Unite belle unan ncaa kunene, 'Yene akus atatari ale asa nda nnan da se kumat kutca kone, na nse imonku ba, werne kunin, bara iyang ku wa nanza kunene?'
Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Mfe abiɛsa ni, bere biara a mɛba sɛ merebɛtew borɔdɔma no bi no, minnya bi. Adɛn nti na ɛresɛe kwa yi? Twa kyene.’
8 Unan ncaa kunene kauwa aworo, 'Suna kunin nlo likuse, mang ba wuzu kuwu, in tighe utanki.
“Turo no sohwɛfo no srɛɛ no se, ‘Me wura, ma ensi hɔ afe yi nso na mingugu ase sumina nhwɛ
9 Asa natah kumat likus ndake, ucaun, asa na ana ba, uwerne kunin!'”
sɛ ebia, ɛbɛsow aba bi ana, na sɛ antumi ansow a ɛno de metwa akyene.’”
10 Nene Yesu wadin ndursuzuwe nanya kutyin nlirag namon Asabbath,
Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no,
11 umon uwani wa duku kikane, wenge na adimun nakus likure nin kulir, uruhu unazang, nkuzu kidowo wa seghe, aso kangarang awasa ayisina dert ba.
na ɔbea bi wɔ hɔ a honhommɔne mu ɔyare bi akyere no mfe dunwɔtwe ama ne mu akoa a ontumi nteɛ ne mu koraa.
12 Kubi na Yesu nyene ghe, ayicila ghe aworo, “Shino nin nkuzu kidowo fe.”
Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no fii nnipa no mu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbea, wo ho nyɛ wo den.”
13 A tarda ucara me kitene me, dedei ayisina dert, azazina Kutelle.
Ɔde ne nsa guu ne so, na amono mu hɔ ara otumi teɛɛ ne mu. Na ɔbea no yii Onyankopɔn ayɛ.
14 Inung ago nanya kutyin nlirag, lanza ayi, bara Yesu nnaghe ushinu liyiru nasabar. Ago we kauwa, iworo ligoze, “Ayiri kutocin duku alonge na iwasa isu katuwa, dan lelan shin ninghinu a na liyiri Nasabbath ba.”
Hyiadan no so panyin a ohuu ɔbea no ayaresa no de abufuw kae se, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.”
15 Cikilari kauwa aworo nani, “Anan rusuzu nati, na anug sa itere nijaki sa innah kite mine, idi ni nani nmyen liri Nasabbath ba?
Na Awurade buaa no se, “Nyaatwomfo! Mo mu hena na ɔnsan ne nantwi anaa nʼafurum na ɔnka no nkɔnom nsu homeda?
16 Bara tutun ule ushono Ibrahim, ulenge na Sheitan ntereghe akus likure nin kulir, itereghe na iwasa ibunku ghe liyiri Nasabbath ba?”
Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no nnommum mfe dunwɔtwe ni no ɛnsɛ sɛ mesa no yare homeda?”
17 Na abelle ile imone, vat nale na idi nivira nanghe lanza incing, vat ligoze wadi su liburi liboo, kitene nimon ididia na asu.
Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wui. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwonwade ahorow a ɔyɛe no nyinaa ho.
18 Ame Yesu woro nani, “Kipin tigoo Kutelle di nafo iyaghari? Nin nyaghari nba gwadu kinin muna?
Afei Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn ahenni no ho asɛm, na obisaa wɔn se, “Onyankopɔn ahenni no te dɛn? Na dɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ ase?
19 Kidi nafo fimus kuku, fongo na unit nyawna amin nfilo nanya kunen me, in foni nkuno fiso kutca kudia, anyin kusho ani nda kee addo mine tilanghe.”
Onyankopɔn ahenni no te sɛ onyaa aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafuw mu na enyin yɛɛ dutan kɛse maa nnomaa kɔnwen wɔn mmerebuw wɔ so.”
20 Tutun aworo, “Min nyanghari nba gwadu kipin tigoo Kutelle muna?
Obisaa bio se, “Dɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ ase?
21 Kidi nafo uyist na uwani nyauna, amunu nin nayanga atat an nbulun, udu kubi na umuzo.”
Ɛte sɛ mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu.”
22 Yesu wa do lizzi nanya kipin nin nigbir libau udu Urshulima a dursuzo nani.
Bere a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkurow so ne nkuraa ase ansa na ɔredu hɔ.
23 Umong woroghe, “Cikilari, anan nse ntucu ba karnu ba?” A belle nani,
Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no se, “Awurade, nnipa kakraa bi na wobegye wɔn nkwa ana?” Obuaa no se,
24 “Suun nnono inan pira kibulun kishuut, bara anit gbardang ba piziru, na iba se upiruwe ba.
“Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu, efisɛ nnipa pii bɛhwehwɛ sɛ wobewura mu, nanso wɔrentumi.
25 Kubi na unan kilari nnuzu, amin ntursu kibulun, anung ba yisinu ndas inin riyuu kibulun woro, 'Cikilari, Cikilari, tiba piru.' Ame ba kauwu aworo munu, 'Na meng yiru munu, sa inuzu nwere.'
Sɛ ɛba sɛ ofiwura no ato ɔpon no mu a, mobɛba abegyina akyi abɔ mu, aka se, ‘Owura, yɛsrɛ wo bue yɛn.’ “Na ɔno nso abisa mo se, ‘Mufi he? Minnim mo?’
26 Aning ba woru, 'Tina tii tisono nbun fe, udursuzu tibau bite.'
“Na mo nso moaka akyerɛ no se, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔn so.’
27 Ame ba kauwa nani, 'Meng bellin minu, na meng yiru kika na inuzu ku ba. Cacanan kupo nighe, anan magunta.'
“Na ofiwura no nso bebisa mo bio se, ‘Mufi he? Minnim mo. Mumfi mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo!’
28 Kubi ba dak na iba su kuculu nin yaru nayini, kubi na iyene Ibrahim, Ishaku, Yakubu, nin vat na nan nliru nin nnu Kutelle, nanya kipin tigo me, - anung inutun munu ndas.
“Na sɛ muhu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfo no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ahenni no mu a, mode mo nsa begu mo ti atwa agyaadwo, efisɛ wɔbɛtow mo agu sum kabii mu.
29 Iba da duru unuzu nasari annass inyi, inani nshino idin nlii nimonli kutebul kipin tigoo Kutelle.
Nnipa fi apuei ne atɔe nyinaa behyia wɔ Onyankopɔn ahenni no mu hɔ ato nsa adidi.
30 Yinon nani, unan ncizinu ba so unan kidung, unan kidung da so unan ncizinu.”
Na monkae sɛ akyikafo bi wɔ hɔ a, wobedi kan, na adikanfo bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.”
31 Kubi baat, amon Afarsayawa da kiti me iworo, “Caan suuna kikane bara Hirudus dinin su amollufi.”
Saa bere no ara mu na Farisifo bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Fi ha kɔ, efisɛ Herode rehwehwɛ wo akum wo.”
32 Yesu woro “Caan idi bellin kinyinyo kane, 'Ndin kaluzu nagbergenu nshizhino nin tikonu, kitimone nin nkui, a liyiri lin tat, nba malu katuwa nighe.'
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no se, ‘mitu ahonhommɔne, na masa nyarewa nnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, medu Yerusalem.’
33 Nanya nko yang, usoyi doli, ntunun kitimone nin nkui, nin liyiri ndortine, na iyinna imolu unan nliru nin nnu Kutelle ndas nin Urshulima ba.
Nanso ɛsɛ sɛ menantew nnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyee, na otwa ara na etwa sɛ odiyifo bewu wɔ Yerusalem!
34 Urshulima, Urshulima, te na udin molusu anan nliru nin nnu Kutelle ufiliso alenge na ina tu nani kitife. Ndinin su npitirin nono fe, nafo kukuru na asa a pitirino nono me nanya nagilit nafe nyinna nani ba.
“Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbeatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase nanso moampene so.
35 Yene nfillo kilari fe, meng bellin fi, na iba kuru uyenei ba, se ubelle, 'Unan nmariarife ulenge na uba dak nanya lisan Cikilare.'”
Na mo afi bɛdan afituw na morenhu me kosi sɛ mobɛka se, ‘Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no!’”

< Luka 13 >