< 2 e Korintasve 2 >

1 Por unë kisha vendosur në veten time të mos vij përsëri te ju me hidhërim.
Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhow.
2 Sepse, në qoftë se unë ju hidhëroj, kush do të më gëzojë mua, në mos ai vetë që u hidhërua prej meje?
Sɛ mebɛhyɛ mo awerɛhow a hena na ɔbɛkyekyere me werɛ? Me ara a mahyɛ mo awerɛhow no ana?
3 Dhe ju shkrova në këtë mënyrë që, kur të vij, të mos kem trishtim nga ata që duhet të më gëzonin, duke pasur besim në ju të gjithë, se gëzimi im është i të gjithë juve.
Ɛno nti na mekyerɛw saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ sɛ meba mo nnipa koro no ara a mubegye mʼani no nkyɛn abɛhyɛ mo awerɛhow. Minim yiye sɛ, sɛ me ho tɔ me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo.
4 Ju shkrova, në fakt, me shumë lot dhe me pikëllim të madh dhe ankth në zemër, jo që të hidhëroheni, por që të njihni dashurinë shumë të madhe që kam për ju.
Mede amanehunu, awerɛhow ne nusu na ɛrekyerɛw mo saa krataa yi. Mankyerɛw mammɛhyɛ mo awerɛhow, na mmom, mekyerɛw de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa.
5 Edhe në qoftë se dikush ka shkaktuar trishtim, s’më ka hidhëruar vetëm mua, por deri diku, pa e tepruar, ju të gjithë.
Sɛ obi ahyɛ afoforo awerɛhow a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhow no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhow no. Mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so.
6 Mjaft është për atë njeri ndëshkimi që iu bë nga shumica,
Aso a dodow no ara atwe no no dɔɔso ma no.
7 por tani, përkundrazi, ju duhet më tepër ta falni atë dhe ta ngushlloni, që ai njeri të mos gëlltitet nga trishtimi i tepërt.
Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekye ne werɛ sɛnea ɛbɛyɛ a awerɛhow renhyɛ ne so.
8 Prandaj ju lutem t’i shfaqni dashuri,
Mesrɛ mo, momma onhu sɛ mopɛ nʼasɛm pa ara.
9 sepse ju shkrova edhe për këtë, që të njoh provën tuaj, nëse jeni të dëgjueshëm në çdo gjë.
Nea enti a mekyerɛw mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mihu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, mudi so ana.
10 Por atij që ju do t’i falni diçka, e fal edhe unë, sepse edhe unë, nëse kam falur gjë, kujtdo që t’ia kem falur, e bëra për ju përpara Krishtit,
Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede bɛkyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo nti na meyɛ saa wɔ Kristo anim
11 që të mos na mposhtë Satanai, sepse ne i dimë qëllimet e tij.
sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho kwan, efisɛ yenim ne nsusuwii.
12 Dhe, kur arrita në Troas për ungjillin e Krishtit edhe m’u hap një derë në Zotin,
Bere a miduu Troa kɔkaa Kristo ho Asɛmpa no, mihuu sɛ Awurade ama adwuma no yɛ ho kwan wɔ hɔ.
13 nuk gjeta prehje në frymën time, sepse nuk gjeta aty Titin, vëllanë tim; prandaj, si u përshëndeta me ta, shkova në Maqedoni.
Nanso me werɛ howee, efisɛ na minhu yɛn nua Tito. Enti mekraa nnipa a wɔwɔ hɔ no na misii mu kɔɔ Makedonia.
14 Por, falem nderit Perëndisë, që na bën të ngadhnjejmë gjithnjë në Krishtin dhe shfaq kudo nëpërmjet nesh erën e këndshme të njohurisë së vet.
Yɛda Onyankopɔn ase sɛ daa odi yɛn kan wɔ yɛn anigye ne nkonimdi santen wɔ Kristo mu ma ɔde yɛn trɛw ne ho nimdeɛ huamhuam no mu.
15 Sepse ne jemi për Perëndinë era e këndshme e Krishtit ndër ata që shpëtohen dhe ndër ata që humbasin;
Yɛyɛ Kristo aduhuam wɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera no mu ma Onyankopɔn.
16 për këta një erë vdekjeje në vdekje, po për ata erë jete në jetë. Dhe kush është i zoti për këto?
Na wɔn a wɔreyera no de, ɛyɛ wɔn hua bɔne a etumi kum. Nanso wɔn a wɔregye wɔn nkwa no de, ɛyɛ hua a ɛma wɔn nkwa. Hena na obetumi agyina adwuma a ɛyɛ den sɛɛ anim?
17 Ne në fakt nuk falsifikojmë fjalën e Perëndisë, si shumë të tjerë, por flasim me sinqeritet si nga ana e Perëndisë, përpara Perëndisë në Krishtin.
Yɛnte sɛ nnipa afoforo bi a wɔfa Onyankopɔn asɛm sɛ adetɔnnne bi, na esiane sɛ Onyankopɔn asoma yɛn no nti, yɛka nokware wɔ nʼanim sɛ Kristo asomfo.

< 2 e Korintasve 2 >