< Acts 23 >

1 Paul, looking steadfastly at the council, said, “Brothers, I have lived before God in all good conscience until today.”
Paulo hwɛɛ agyinatufo no dinn kae se, “Anuanom, ahonim pa na mede ayɛ Onyankopɔn adwuma de abesi nnɛ da yi.”
2 The high priest, Ananias, commanded those who stood by him to strike him on the mouth.
Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no hyɛɛ nnipa a na wogyina Paulo ho no se wɔmmɔ nʼano so.
3 Then Paul said to him, “God will strike you, you whitewashed wall! Do you sit to judge me according to the law, and command me to be struck contrary to the law?”
Paulo ka kyerɛɛ no se, “Wo a wote sɛ ɔfasu a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wubu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!”
4 Those who stood by said, “Do you malign God’s high priest?”
Nnipa a na wogyina Paulo nkyɛn no bisaa no se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanyin?”
5 Paul said, “I didn’t know, brothers, that he was high priest. For it is written, ‘You shall not speak evil of a ruler of your people.’”
Paulo buaa wɔn se, “Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Monnkasa ntia wɔn a wodi mo so.’”
6 But when Paul perceived that the one part were Sadducees and the other Pharisees, he cried out in the council, “Men and brothers, I am a Pharisee, a son of Pharisees. Concerning the hope and resurrection of the dead I am being judged!”
Bere a Paulo huu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifo na bi yɛ Farisifo no, ɔteɛɛ mu wɔ agyinatufo no anim se, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofo yɛ Farisifo. Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre mu no nti na migyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.”
7 When he had said this, an argument arose between the Pharisees and Sadducees, and the crowd was divided.
Asɛm a Paulo kae yi maa ntawntaw sii Farisifo ne Sadukifo no ntam maa wɔn mu kyɛɛ abien
8 For the Sadducees say that there is no resurrection, nor angel, nor spirit; but the Pharisees confess all of these.
efisɛ na Sadukifo no nnye owusɔre, abɔfo ne honhom nni. Nanso Farisifo no de, wogye saa nneɛma abiɛsa no di.
9 A great clamor arose, and some of the scribes of the Pharisees’ part stood up, and contended, saying, “We find no evil in this man. But if a spirit or angel has spoken to him, let’s not fight against God!”
Nteɛteɛmu no kɔɔ so kosii sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi a wɔyɛ Farisifo no sɔre gyinaa hɔ kae se, “Yenhu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no!”
10 When a great argument arose, the commanding officer, fearing that Paul would be torn in pieces by them, commanded the soldiers to go down and take him by force from among them and bring him into the barracks.
Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroo sɛ anhwɛ a wɔbɛtetew Paulo mu; ɛno nti ɔhyɛɛ nʼasraafo sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wonkogye Paulo mfi wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu.
11 The following night, the Lord stood by him and said, “Cheer up, Paul, for as you have testified about me at Jerusalem, so you must testify also at Rome.”
Anadwo no, Awurade begyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Sɛnea woadi me ho adanse wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kodi me ho adanse wɔ Roma.”
12 When it was day, some of the Jews banded together and bound themselves under a curse, saying that they would neither eat nor drink until they had killed Paul.
Ade kyee no, Yudafo bi hyia kaa ntam, dii nsew sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kosi sɛ wobekum Paulo.
13 There were more than forty people who had made this conspiracy.
Na saa nnipa no dodow bɛboro aduanan.
14 They came to the chief priests and the elders, and said, “We have bound ourselves under a great curse to taste nothing until we have killed Paul.
Afei wɔkɔɔ asɔfo mpanyin ne mpanyin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛaka ntam adi nsew sɛ hwee renka yɛn ano kosi sɛ yebekum Paulo.
15 Now therefore, you with the council inform the commanding officer that he should bring him down to you tomorrow, as though you were going to judge his case more exactly. We are ready to kill him before he comes near.”
Mo ne agyinatufo no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka se, mopɛ sɛ mubisa nea Paulo ayɛ no mu yiye enti ɔmma wɔmfa no mmra mo anim. Ansa na wɔde no bedu hɔ no na yɛakum no dedaw.”
16 But Paul’s sister’s son heard they were lying in wait, and he came and entered into the barracks and told Paul.
Nanso Paulo wɔfaase bi tee pɔw a wɔabɔ no nti ɔkɔɔ aban mu hɔ kɔbɔɔ Paulo amanneɛ.
17 Paul summoned one of the centurions and said, “Bring this young man to the commanding officer, for he has something to tell him.”
Paulo frɛɛ asraafo mpanyin no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Wo ne aberante yi nkɔ ɔsahene no nkyɛn efisɛ ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.”
18 So he took him and brought him to the commanding officer and said, “Paul, the prisoner, summoned me and asked me to bring this young man to you. He has something to tell you.”
Ɔsraani panyin no ne aberante no kɔɔ ɔsahene no nkyɛn. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsahene no se, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberante yi mmehu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”
19 The commanding officer took him by the hand, and going aside, asked him privately, “What is it that you have to tell me?”
Ɔsahene no soo aberante no nsa de no kogyinaa nkyɛn baabi bisaa no se, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?”
20 He said, “The Jews have agreed to ask you to bring Paul down to the council tomorrow, as though intending to inquire somewhat more accurately concerning him.
Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Yudafo mpanyin no abɔ pɔw sɛ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufo no sɛ wɔrebebisa no ne nsɛm no mu yiye.
21 Therefore don’t yield to them, for more than forty men lie in wait for him, who have bound themselves under a curse to neither eat nor drink until they have killed him. Now they are ready, looking for the promise from you.”
Mma wɔnnaadaa wo. Efisɛ mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam adi nsew sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kosi sɛ wobenya Paulo akum no no bɛtetew no wɔ ɔkwan so. Nea wɔretwɛn ara ne sɛ wobɛma ho kwan.”
22 So the commanding officer let the young man go, charging him, “Tell no one that you have revealed these things to me.”
Ɔsafohene no gyaa aberante no kwan ka kyerɛɛ no se, “Nka nkyerɛ obiara sɛ woabɛka asɛm biara akyerɛ me.”
23 He called to himself two of the centurions, and said, “Prepare two hundred soldiers to go as far as Caesarea, with seventy horsemen and two hundred men armed with spears, at the third hour of the night.”
Ɔsahene no frɛɛ nʼasraafo mpanyimfo baanu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mompɛ asraafo ahannu ne apɔnkɔsotefo ne mpeawkurafo ahannu na mumfi ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea.
24 He asked them to provide mounts, that they might set Paul on one, and bring him safely to Felix the governor.
Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.”
25 He wrote a letter like this:
Afei, ɔsahene no kyerɛw nhoma a emu nsɛm ka se:
26 “Claudius Lysias to the most excellent governor Felix: Greetings.
Me Klaudio Lisia a Merekyerɛw wo Onuonyamfo Amrado Felike saa nhoma yi: Kyia wo!
27 “This man was seized by the Jews, and was about to be killed by them when I came with the soldiers and rescued him, having learned that he was a Roman.
Yudafo kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafo kogyee no fii wɔn nsam.
28 Desiring to know the cause why they accused him, I brought him down to their council.
Mepɛɛ sɛ mihu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufo no.
29 I found him to be accused about questions of their law, but not to be charged with anything worthy of death or of imprisonment.
Mihui sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wogyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho.
30 When I was told that the Jews lay in wait for the man, I sent him to you immediately, charging his accusers also to bring their accusations against him before you. Farewell.”
Ɛno nti bere a metee sɛ Yudafo bi abɔ ne ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no akum no no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mede no bɛbrɛ wo. Maka akyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no sɛ, wɔmmra wʼanim mmɛka.
31 So the soldiers, carrying out their orders, took Paul and brought him by night to Antipatris.
Asraafo no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri.
32 But on the next day they left the horsemen to go with him, and returned to the barracks.
Ade kyee no asraafo a wɔnam fam no san wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea.
33 When they came to Caesarea and delivered the letter to the governor, they also presented Paul to him.
Woduu no wɔde nhoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa.
34 When the governor had read it, he asked what province he was from. When he understood that he was from Cilicia, he said,
Amrado no kenkan nhoma no wiee no obisaa Paulo ɔman ko a ofi mu. Ɔtee sɛ ofi Kilikia no,
35 “I will hear you fully when your accusers also arrive.” He commanded that he be kept in Herod’s palace.
ɔkae se, “Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na metie wʼasɛm.” Afei ɔhyɛe se wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfi na asraafo nwɛn no.

< Acts 23 >